Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 8/15 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Aware Pa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 8/15 kr. 30-31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo bu aware nhyehyɛe aniberesɛm?

Aware nhyehyɛe yɛ anigyesɛm, na ɛsan yɛ aniberesɛm nso. Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara a ne ho akokwaw bu aware nhyehyɛe adewa, susuw sɛ obetumi agu no bere biara a ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa no. Nhyehyɛe bere no nso yɛ bere a ɔbarima ne ɔbea no de hu wɔn ho yiye ansa na wɔaware.

Bere a yɛresusuw asɛm yi ho no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ, aware ho amanne, ne sɛnea wɔyɛ no no gu ahorow wɔ mmeae ne mmere ahorow mu. Bible kyerɛkyerɛ eyi mu.

Ɔkwan bi so no, na wɔde Lot mmabea baanu a ‘wonhuu ɔbarima da’ no ama mmarima baanu a wofi kurow no mu aware. Na Lot ‘nsenom no rebɛware ne mmabea baanu no,’ nanso Bible no nka nea enti ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ aware nhyehyɛe no ho asɛm nkyerɛ yɛn. So na ne mmabea no anyinyin? So na wɔn ankasa betumi aware obiara biara a wɔpɛ? So wɔnam baguam adeyɛ bi so na ɛyɛɛ aware nhyehyɛe no? Yennim. (Genesis 19:8-14) Yenim sɛ Yakob ankasa na ɔne Rahel papa yɛɛ nhyehyɛe sɛ, sɛ ɔde mfe nson yɛ adwuma ma no a, ɔde Rahel bɛma no aware. Ɛwom sɛ na Yakob frɛ Rahel “me yere” de, nanso wɔannya nna mu kyɛfa biara wɔ saa mfe no mu. (Genesis 29:18-21) Nhwɛso foforo mu no, na ɛsɛ sɛ Dawid di Filistifo so nkonim ansa na watumi aware Saulo babea no. Bere a Dawid tumi yɛɛ nea Saulo hwehwɛ wiei no, na obetumi aware ababaa, Mikal. (1 Samuel 18:20-28) Ɛsono saa “aware nhyehyɛe ahorow” yi mu biara, na ɛyɛ soronko wɔ nea ɛkɔ so wɔ nsase pii so nnɛ no ho.

Na aware ne aware nhyehyɛe ho akwankyerɛ pii wɔ Mose Mmara no mu. Sɛ nhwɛso no na ɔbarima bi betumi aware nea ɛboro biako; na na obetumi agyina nneɛma ahorow bi so agyae aware, nanso na ɔyere no nni hokwan saa. (Exodus 22:16, 17; Deuteronomium 24:1-4) Na ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔbrɛ ɔbaabun a wɔmfaa no mmaa aware ase no ware no sɛnea n’agya ma kwan, na ɛnsɛ sɛ ogyae no da. (Deuteronomium 22:28, 29) Na aware ho mmara afoforo wɔ hɔ, te sɛ bere a ɛnsɛ sɛ obi de ne ho ka ɔbea. (Leviticus 12:2, 5; 15:24; 18:19) Akwankyerɛ ahorow bɛn na na ɛwɔ aware nhyehyeɛ ho?

Na Israelni bea a wɔde no ama aware no wɔ mmara kwan so gyinabea soronko bi a nea wɔmfaa no mmaa aware no nni; wɔ ɔkwan bi so no, na wobu no sɛ ɔwarefo. (Deuteronomium 22:23-29; Mateo 1:18, 19) Na Israelfo nni hokwan sɛ wɔne abusuafo bi yɛ aware nhyehyɛe anaasɛ wɔware. Mpɛn pii no na eyinom yɛ nnipa a wofi wɔn ankasa mogya mu, nanso esiane adedi ho mmara nti, na wɔmma aware nhyehyɛe ne aware ahorow bi ho kwan. (Leviticus 18:6-20; hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa March 15, 1978 mu, nkratafa 25-8.) Ɛda adi sɛ, na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo bu aware nhyehyɛe adewa.

Na Israelfo no wɔ mmara mu ahwehwɛde ahorow a ɛte saa no ase, nanso Kristofo nni saa Mmara, ne emu ahwehwɛde ahorow a ɛfa aware nhyehyɛe anaa aware ho no ase. (Romafo 7:4, 6; Efesofo 2:15; Hebrifo 8:6, 13) Nokwarem no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Kristofo wɔ aware mu ahwehwɛde a ɛyɛ soronko wɔ Mmara no de no ho. (Mateo 19:3-9) Nanso, wammu aniberesɛm a ɛwɔ aware anaa aware nhyehyɛe ho no adewa. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo bu aware nhyehyɛe ho asɛm a yɛresusuw ho yi aniberesɛm?

Wɔ nsase pii so no, ɛyɛ ankorankoro asɛyɛde sɛ wɔpaw obi a wɔbɛware no. Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi hyɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔbɛware a, wobu no sɛ wɔayɛ aware nhyehyɛe. Mpɛn pii no, ɛho nhia sɛ wɔyɛ biribi foforo biara na ama aware ho nhyehyɛe no adi mũ. Nanso, wɔ mmeae bi no ɔbarima no taa ma nea ɔbɛyɛ ne yere daakye no kawa, de hyɛ aware nhyehyɛe no mu den. Anaasɛ amanne hwehwɛ sɛ wɔka nhyehyɛe no ho asɛm kyerɛ abusuafo ne nnamfo, wɔ ebia abusua adidi anaa apontow ketewa bi ase. Eyinom yɛ ankorankoro gyinaesi ahorow, ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde. Nea ɛyɛ aware nhyehyɛe no ne pene a wɔn baanu no pene so no.a

Ɛnsɛ sɛ Kristoni bi pere ne ho de ne ho kɔhyɛ nantew a edi aware anim, aware nhyehyɛe, anaasɛ aware mu. Yetintim Bible ho nhoma a ɛboa asigyafo ma wohu sɛ ebia nyansa wom sɛ wobefi nantew a edi aware anim ase anaa wɔbɛyɛ aware nhyehyɛe anaasɛ wɔbɛware.b Afotu no mu nsɛntitiriw ne sɛ, Kristofo aware yɛ ade a ɛtra hɔ daa.—Genesis 2:24; Marko 10:6-9.

Ɛsɛ sɛ Kristofo baanu no hu wɔn ho yiye ansa na wɔafi ase asusuw aware nhyehyɛe ho. Wɔn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘So minim onipa no honhom mu gyinapɛn ne ahofama a ɔwɔ ma Nyankopɔn no yiye? So mihu sɛ metumi ne saa nipa no asom Nyankopɔn wɔ me nkwa nna nyinaa mu? So yɛn mu biara ahu ne yɔnko nipasu ahorow yiye? So mewɔ ahotoso sɛ yɛn adwene behyia bere nyinaa? So yenim yɛn mu biara kan nneyɛe ne ne mprempren tebea ahorow ho nsɛm pii?’

Sɛ Kristofo baanu yɛ nhyehyɛe a, ɛfata sɛ wɔne afoforo nyinaa hwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ akowie aware mu. Yesu tuu fo sɛ: ‘Momma mo asɛm nyɛ Yiw, Yiw, Dabi, Dabi.’ (Mateo 5:37) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ aware nhyehyɛe no bu no aniberesɛm. Nanso, wɔ tebea ahorow bi mu no, Kristoni a wayɛ aware nhyehyɛe no behu sɛ aniberesɛm bi anna adi ansa na wɔreyɛ nhyehyɛe no. Ebetumi ayɛ ɔfoforo no kan abrabɔ ho nokwasɛm bi, ebi mpo a nsɛmmɔnedi anaa abrabɔ bɔne bi. Ɛsɛ sɛ Kristoni a wahu eyi no si gyinae wɔ nea ɔbɛyɛ ho. Ebia wɔn baanu besusuw asɛm no ho yiye na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛtoa wɔn nhyehyɛe no so. Anaasɛ ebia wobefi ntease mu asi gyinae sɛ wɔde nhyehyɛe no besi hɔ ara. Nanso saa a wɔyɛ no yɛ wɔn ankasa asɛm—ɛnsɛ sɛ afoforo de wɔn ho gyigye mu, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene wɔ ho anaasɛ wɔbɛkyerɛ nea wɔnyɛ—ɛyɛ gyinaesi a emu yɛ duru. Ɔkwan foforo so no, ebia nea wate asɛm bi a anibere wom no bɛpɛ sɛ wɔde nhyehyɛe no ba awiei, sɛ ɔfoforo no pɛ sɛ wɔtoa so mpo a.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa June 15, 1975 no mu.

Nyansa wom sɛ musiesie nsɛm a ɛtete saa no ansa na moaware. Yesu kae sɛ, Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biako pɛ a obi betumi agyina so agyae aware na wasan aware bio no ne por·neiʹa, nna mu ɔbrasɛe a anibere wom a aware mu ɔhokafo biako de ne ho hyem. (Mateo 5:32; 19:9) Wanka sɛ sɛ obi hu aniberesɛm anaa bɔne bi a ne hokafo no yɛe ansa na wɔreware a, obetumi agu mmara kwan so aware no.

Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu bere so no, na ɛnyɛ den sɛ kwata betumi asan obi. Sɛ Yudani barima bi hu sɛ ne hokafo (sɛ onim anaa onnim) no yare kwata bere a waware no no a, so na ɛbɛma wanya biribi agyina so agyae aware? Enti na Yudani a ɔwɔ Mmara no ase betumi agyae aware, nanso Yesu anka sɛ ɛfata sɛ n’asuafo no yɛ saa. Susuw nnɛyi tebea ahorow bi ho. Ɔbarima bi a ɔyare kekae, babaso, HIV, anaa nsanyare foforo biara no betumi aware a ɔnka nokware nkyerɛ ne hokafo no. Ebia na onyaa ne yare no fii nna mu ɔbrasɛe mu ansa na wɔreyɛ aware nhyehyɛe no anaa bere a nhyehyɛe no rekɔ so no mu. Akyiri yi, sɛ ɔbea no behu ne yare no anaa ne kan abrabɔ bɔne no (sɛ mpo sɛ ɔnwo anaa ne ho nni hɔ) a, ɛnsakra nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔyɛ awarefo saa bere no. Abrabɔ a ɛmfata a obi de ne ho hyem ansa na waware no nyɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wotumi gyina so gu aware wɔ ɔkwan biara so, mpo sɛ wanya yare bi anaa ɔne ɔbarima bi anyinsɛn bere a wɔrebɛware no a. Mprempren wɔyɛ awarefo, na wɔaka wɔn ho ntam.

Nokwarem no, tebea horow a ɛte saa no ntaa nsi, nanso ɛyɛ nhwɛso ahorow a esi asɛntitiriw no so dua: Ɛnsɛ sɛ wobu aware nhyehyɛe adewa. Ansa na wɔbɛyɛ nhyehyɛe no ne bere a wogu so reyɛ no, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobehu wɔn ho yiye. Ɛsɛ sɛ wofi nokwaredi mu ka biribiara a ɔhokafo biako no pɛ sɛ ohu anaasɛ ɔwɔ hokwan sɛ ohu no. (Wɔ nsase bi so no, mmara hwehwɛ sɛ awarefo no kɔyɛ nhwehwɛmu wɔ ayaresabea ansa na wɔaware. Ebinom behia saa nhwehwɛmu no de adi wɔn ankasa nsɛm bi ho dwuma.) Afei anigye ne anibere a ɛwɔ aware nhyehyɛe mu no bedi atirimpɔw a nidi wom ho dwuma bere a wɔn baanu no rebɛn aware mu anigye ne aniberesɛm ankasa ho no.—Mmebusɛm 5:18, 19; Efesofo 5:33.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nanso, wɔ aman bi mu no awofo da so yɛ aware ho nhyehyɛe ma wɔn mma. Wotumi yɛ eyi bere tenten mpo ansa na wɔn baanu aso aware. Saa bere no wobu wɔn sɛ wɔayɛ aware nhyehyɛe, anaa wɔahyɛ wɔn ho bɔ, na mmom wɔnwaree.

b Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, ti 28-32, ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, ti 2, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena