Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 46
  • Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Ɔbonsam ho atosɛm afoforo
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ɔbonsam Wɔ a Ɔwɔ Hɔ no Nyɛ Gyidihunu Kɛkɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Munsiw Satan Kwan, Na Obeguan!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Hena ne Ɔbonsam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 46

Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?

Nea Bible ka

Aane, Ɔbonsam wɔ hɔ. Ɔno ne “nea odi wiase so.” Ɔyɛ honhom abɔde a ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo na ɔsɔre tiaa Onyankopɔn. (Yohane 14:30; Efesofo 6:11, 12) Bible nam edin ahorow bi a ɛde frɛ Ɔbonsam ne ne ho nsɛm bi a ɛka so ma yehu sɛnea ɔte:

  • Satan kyerɛ “Ɔsɔretiafo.”—Hiob 1:6.

  • Ɔbonsam kyerɛ “Otwirifo.”—Adiyisɛm 12:9.

  • Ɔwɔ, ɛtɔ da a wɔde di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ “Ɔdaadaafo.”—2 Korintofo 11:3.

  • Ɔsɔhwɛfo.—Mateo 4:3.

  • Ɔtorofo.—Yohane 8:44.

Ɔbonsam nyɛ nipasu anaa subammɔne bi

Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Satan Ɔbonsam yɛ nipasu anaa subammɔne bi a ɛte yɛn mu. Nanso, Bible ka nkɔmmɔ bi a Onyankopɔn ne Ɔbonsam bɔe ho asɛm. Onyankopɔn yɛ pɛ, enti ɔrentumi nkasa nkyerɛ subammɔne bi a ɛte ne mu. (Deuteronomium 32:4; Hiob 2:1-6) Saa ara nso na Satan sɔɔ Yesu hwɛe. Ná anka Yesu betumi ayɛ bɔne. (Mateo 4:8-10; 1 Yohane 3:5) Enti, Bible ma yehu sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ, na ɔnyɛ nipasu bi ara kwa.

Nnipa pii nnye nni sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwonwa anaa? Daabida, efisɛ Bible ka sɛ Satan nam nnaadaa so na onya nkurɔfo. (2 Tesalonikafo 2:9, 10) N’akwan no baako paa ne sɛ obefura nkurɔfo ani ama wɔagye adi sɛ onni hɔ.—2 Korintofo 4:4.

Ɔbonsam ho atosɛm afoforo

Nea nkurɔfo ka: Ɔbonsam din foforo ne Lucifer.

Nokwasɛm: Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ Bible ahorow bi mu sɛ “Lucifer” no kyerɛ “wo a wohyerɛn.” (Yesaia 14:12) Nea na wɔreka ho asɛm no ma yehu sɛ saa asɛm yi fa Babilon ahemfo abusua ho. Esiane sɛ wɔyɛ ahantan nti, na Onyankopɔn bɛma wɔn anim agu ase. (Yesaia 14:4, 13-20) Bere a wotuu Babilon ahenni no gui no na wɔde asɛm a ɛne “wo a wohyerɛn” no dii wɔn ho fɛw.

Nea nkurɔfo ka: Satan na Onyankopɔn nam ne so bu nkurɔfo atɛn.

Nokwasɛm: Ɔbonsam yɛ Onyankopɔn tamfo, ɔnyɛ ne somfo. Satan Ɔbonsam sɔre tia nkurɔfo a wɔsom Onyankopɔn na otwa asɛm to wɔn so.—1 Petro 5:8; Adiyisɛm 12:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena