Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 1/8 kr. 23-25
  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Wɔyɛ Wɔn Ayayade No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Wɔyɛ Wɔn Ayayade No
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Efi Mu Ba
  • Sɛnea Wɔde Mmoa Ma
  • Wɔn a Wɔde Wɔn Agu Nneduaban Mu Pɛn
  • Hellgya—So Ɛka Onyankopɔn Atɛntrenee Ho?
    Hellgya—So Ɛka Onyankopɔn Atɛntrenee Ho?
  • Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nni Nnipa Dodow Adwene Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 1/8 kr. 23-25

Mmoa a Wɔde Ma Wɔn a Wɔyɛ Wɔn Ayayade No

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ DENMARK HƆ

“ƐYƐ MMERƐW SƐ WOBƐTOA NNOMPE A ABUBU SEN SƐ WOBƐKYEKYE OBI A NE WERƐ AHOW WERƐ.”—Oduruyɛfo Inge Genefke.

ABERANTE bi retu mpase wɔ ɔkwan bi a basabasayɛ biara nni so so wɔ Europa kurow bi so, na ogyina hwɛ sotɔɔ bi mfɛnsere mu hu sɛ wɔahyehyɛ nneɛma a wɔretɔn wɔ mu. Mpofirim ara ne ho fi ase wosow. Ne yam hye no ma ɛyɛ te sɛ nea ontumi nhome bio. Wahu nnipa baanu bi a wɔasiesie wɔn ho te sɛ polisifo wɔ mfɛnsere no mu. Na aberante no ntoo mmara biara ma enti na ɛnsɛ sɛ osuro. Nanso, ntade a ɛte sɛ polisifo de kɛkɛ a ohui no ma no kae amanehunu bi a ɛtoo no mfe pii a abɛsen kɔ wɔ akyirikyiri baabi no.

Eyi betumi ato nnipa mpempem a wɔwɔ mmaa nyinaa no mu biara, mmarima, mmea, ne mmofra mpo. Ebetumi ato obi a wunim no mpo. Obi a ɔrehu amane kɛse yi betumi ayɛ oguanfo bi anaa onipa bi a watu abɛtra wo mpɔtam hɔ. Ebetumi aba sɛ ne mma ne wo mma na ɛkɔ sukuu. Ebia wunim no sɛ ɔmpɛ kasa, ɔmpere ne ho, ofipamfo a obu ade a ɔmpɛ ne ho asɛm. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nea etua aniwa; ɛmma yentumi nhu yaw a nipa no redi, bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so wɔ amanehunu a ɔkɔɔ mu ho no. Biribiara a n’ani bɛbɔ so—anaa nne biara a ɔbɛte—betumi ama no akae amanehunu a ato no pɛn no. Obi a wahu amane pɛn no kae sɛ: “Sɛ mete sɛ abofra bi resu a, ɛma mekae nkurɔfo a na wosu wɔ afiase no. Sɛ mete dede a mframa a ɛrebɔ yɛ no a, mekae nnyigyei a mpire a na wɔde hwe me no yɛ—sɛ wɔde rebɔ me a nnyigyei a na mete no.”

Ɛnyɛ amammui mu anuɔdenfo ne amumɔyɛfo nko na wɔyɛ nkurɔfo ayayade. Asraafo ne polisifo a wɔwɔ aman pii so nso yɛ saa ara. Dɛn ntia? Ayayade a wɔde yɛ obi no betumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so te asɛm bi, ma obi ka n’anom asɛm, nya asɛm bi ho adanse, anaa wɔfa so di werɛ. Sɛnea Oduruyɛfo Inge Genefke a ofi Denmark, a wasua ayayade a wɔde yɛ nkurɔfo ho nsɛm pii kyerɛ no, mpɛn pii no nniso ahorow “yɛ nkurɔfo ayayade ansa na wɔatumi abedi tumi.” Obi a wɔayɛ no ayayade pɛn kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na wɔpɛ sɛ wɔhaw me kɛse na ama afoforo ahu nea ɛbɛto wɔn sɛ wɔkasa tia aban no a.”

Wɔ nnipa pii fam no, wobu ayayade a wɔde yɛ mfɛfo nnipa no sɛ Tete Adeyɛ bi. Anyɛ yiye koraa no, Amanaman Nkabom no de Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho no too gua wɔ 1948 mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ obiara ayayade anaa atirimɔdenne, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ obiara basabasa anaasɛ wɔyɛ no aninyanne biara.” (Mmara a ɛto so 5) Nanso animdefo gye tom sɛ, wɔyɛ wiase nyinaa aguanfo bɛyɛ sɛ ɔha mu 35 ayayade. Dɛn nti na wɔyɛ nkurɔfo pii ayayade? Nkɛntɛnso bɛn na ayayade a wɔde yɛ nkurɔfo no nya wɔ wɔn so, na dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

Nea Efi Mu Ba

Ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade no mu pii guan fi wɔn kurom kɔhyɛ ɔbra ase wɔ baabi foforo. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔatu akɔtra baabi foforo no, wohu amane—wɔ nipaduam ne adwenem—daa. Sɛ nhwɛso no, ebia nea wɔayɛ no ayayade pɛn no bɛhaw sɛ wantumi annye ne nnamfo anaa abusuafo amfi ayayade a wɔde yɛɛ wɔn no mu. Ahotoso a ɔwɔ wɔ afoforo mu nso betumi afi hɔ koraa, na ɔbɛte nka sɛ obiara a obehyia no no betumi aka ne ho asɛmmɔne. Nhoma kyerɛwfo Carsten Jensen ka sɛ: “Nea wɔayɛ no ayayade no ba bɛyɛ ɔhɔho bere nyinaa. Wiase nyɛ no dɛ bio.”

Nea efi mu ba ne ɔhaw ne adwennwen a ɛbɛtɔ nea wɔayɛ no ayayade no ne obiara a ɔpɛ sɛ ɔboa no no so no. Ɛtaa yɛ mmerɛw sɛ wobedi nipaduam haw no ho dwuma, nanso ɛnte saa wɔ adwennwen a abɛtɔ ne so no ho. Oduruyɛfo Genefke ka sɛ: “Mfiase no na yesusuw sɛ ‘Yebetumi ama wɔn werɛ afi wɔn haw no—na afei wɔatumi asi wɔn dada mu.’ Nanso yebehui sɛ komam awerɛhow a wodi no ne wɔn haw ankasa.” Nanso, Oduruyɛfo Genefke ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ yɛabehu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade pɛn no werɛ betumi afi wɔn haw no, sɛ wɔakɔ ɔhaw a ɛte saa mu bere tenteenten mpo a.”

Wɔ 1982 mu no, Oduruyɛfo Genefke ne nnuruyɛfo afoforo a wɔyɛ Denmarkfo tew kuw wɔ Copenhagen Ɔman Ayaresabea a na wɔhwɛ aguanfo a wɔayɛ wɔn ayayade pɛn wɔ hɔ. Kuw ketewa no bɛyɛɛ kɛse trɛw kɔɔ aman pii so na wɔbɛfrɛɛ no Amanaman Ntam Ayaresabea Bagua Ma Wɔn a Wɔayɛ Wɔn Ayayade (IRCT). Ɛdenam kuw yi adwumayɛbea ti a ɛwɔ Copenhagen so no, asoɛe bɛboro 100 a ɛwɔ wiase nyinaa no de mmoa ma nkurɔfo a wɔayɛ wɔn ayayade no. Bagua yi de mfe pii a abɛsen kɔ no asua nneɛma pii afa ɔkwan a wɔfa so boa wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade pɛn no ho.

Sɛnea Wɔde Mmoa Ma

Mpɛn pii no mfaso wɔ so sɛ wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade no bɛka wɔn suahu akyerɛ. IRCT nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔ mfe 20 a abɛsen kɔ mu no, nneɛma abien bi na na ɛma wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade no haw. Nea edi kan ne sɛnea na wɔhaw wɔ nipadua ne adwene mu no, na nea ɛto so abien ne ka a na wontumi nka wɔn haw ho asɛm nkyerɛ obiara no.”

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛka ayayade a wɔde ayɛ no ho asɛm. Nanso sɛ nea ɔrehu amane no pɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ n’adamfo bi na sɛ wantie a, ebetumi ama nea ɔrehu amane no abam abu. Enti, ɛho hia sɛ obehu sɛ obi dwene ne ho. Ɛwom, ɛnsɛ sɛ obi tutu mmirika de ne ho kɔhyɛ obi kokoam nsɛm mu. Ne nyinaa mu no, ɛyɛ nea ɔrehu amane no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔbɛka ho asɛm, na ɔkyerɛ bere a ɔpɛ sɛ ɔka, ne nea ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ no.—Mmebusɛm 17:17; 1 Tesalonikafo 5:14.

Animdefo dodow no ara hyɛ nyansa sɛ ɛyɛ papa sɛ nea wɔayɛ no ayayade no bɛka sɛnea ɛhaw no wɔ nipadua ne adwene mu nyinaa ho asɛm. Wɔ wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade binom fam no, ehia sɛ wonya mmoa fi ayaresafo titiriw bi hɔ. Akwan a wɔfa so sa wɔn yare yi bi ne sɛ wɔbɛma wɔasua sɛnea yɛhome yiye ne sɛnea yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ.a Mpɛn pii no, aniwu ka nneɛma a edi kan a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma no ho. Ɔyarehwɛfo bi ka kyerɛɛ ɔbea bi a na wɔato no mmonnaa na wɔboro no mpɛn pii no sɛ: “W’ani a ewu no fata na ntease wom. Nanso kae sɛ ɛnsɛ sɛ woma w’ani wu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtoo wo mmonnaa no na wɔn ani wu.”

Wɔn a Wɔde Wɔn Agu Nneduaban Mu Pɛn

Wɔ Wiase Ko II mu no, wɔde nnipa ɔpepem pii koguu Hitler nneduaban ahorow mu ma wohuu animguasede pii. Ná eyinom mu ɔpepem pii yɛ Yehowa Adansefo a wɔtaa wɔn esiane sɛ wɔannyae wɔn nyamesom gyidi ahorow mu nti. Wɔn gyidi boaa wɔn kɛse ma wotumi gyinaa tebea horow a na ɛsɔ gyidi hwɛ no mu. Ɔkwan bɛn so?

Bere tenten ansa na wɔde Kristofo yi rekogu afiase no, na wɔasua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Enti anyɛ wɔn nwonwa sɛ wohyiaa ɔsɔretia, na saa ara nso na wɔamfa wɔn amanehunu a ɛkɔɔ so bere tenten no ho asodi anto Onyankopɔn so. Ná Adansefo no nam Bible a wɔasua no so abehu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma abɔnefosɛm kɔ so ne sɛnea ɔbɛma aba awiei wɔ nankasa bere a ɛsɛ mu no. Ná Bible no akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabehu sɛ Yehowa “dɔ trenee” ma enti ne bo tumi fuw kɛse bere a nnipa yɛ wɔn mfɛfo ayayade no.—Dwom 37:28; Sakaria 2:8, 9.

Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ nneduaban mu no tumi gyina tebea a ɛyɛ ahometew a nneduadan mu nna de baa wɔn so akyiri yi no ano. Wɔ eyi yɛ mu no, wɔanya denhyɛ kɛse denam ɔsomafo Paulo afotu a wɔde yɛɛ adwuma no so. Bere a na Paulo da afiase wɔ Roma, wɔ tebea a na ebetumi ama wadwennwen kɛse mu no, ɔkyerɛw ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 1:13; 4:6, 7.

Ɛdenam Bible no sua so no, saa mudi mu kurafo yi behui sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase adan paradise, faako a ɛyaw a animguasede te sɛ ayayade de ba no befi hɔ koraa.

Yehowa Adansefo reka anidaso a egyina Bible so yi ho asɛm akyerɛ wɔn afipamfo wɔ nsase bɛboro 230 so. Tebea bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase mu no ma wotumi hyia nnipa pii a wɔahu amane esiane atirimɔdenne a onipa de di ne yɔnko nipa no nti. Sɛ Adansefo no hyia wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade pɛn a, wɔbɔ mmɔden ka Bible mu bɔhyɛ a ɛfa daakye a ɛyɛ anigye ho no ho asɛm kyerɛ wɔn. Hwɛ anigye ara a wonya sɛ wɔka asɛmpa a ɛfa daakye bi a ayayade a wɔde yɛ nkurɔfo no befi hɔ ho no ho asɛm no!—Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4.

[Ase hɔ asɛm]

a Nyan! nsɛmma nhoma no nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔbɛpaw no ne Bible nnyinasosɛm hyia.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“ƐNSƐ SƐ WƆYƐ OBIARA AYAYADE ANAA ATIRIMƆDENNE, NA ƐNSƐ SƐ WƆYƐ OBIARA BASABASA ANAASƐ WƆYƐ NO ANINYANNE BIARA.”—Mmara a ɛto so 5, Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho

[Adaka wɔ kratafa 25]

SƐNEA WUBETUMI ABOA

SƐ WUNIM OBI A WAHU AMANE PƐN A, WUBETUMI ABOA NO DENAM NYANSAHYƐ A EDIDI SO YI SO:

● Da tema adi. Wubetumi aka sɛ: “Minim sɛ ɔhaw pii wɔ ɔman a wufi mu no mu. Woyɛ w’ade dɛn wɔ ho?”​—Mateo 7:​12; Romafo 15:1.

● Nhyɛ no mma no mmfa mmoa a wode rema no. Mmom no, da ɔdɔ ne obu adi. Ma nea ɔrehu amane no nhu sɛ wopɛ sɛ wutie no.​—Yakobo 1:19.

● Kwati sɛ wode mmoa a ɛho nhia bɛma. Kyerɛ obu ma nea ɔrehu amane no na mfa wo ho nhyehyɛ ne kokoam nsɛm mu. Adwene no ne sɛ woreboa no ma n’amanehunu no so atew, na ɛnyɛ sɛ worekogye n’adesoa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena