So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 28. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Asɛm bɛn na na Yesu taa ka de ma n’atiefo no hu sɛ nsɛm a ɔreka no yɛ nokware? (Mateo 5:18)
2. Henanom na wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ: “Obiako, akumaa betumi ɔha, na ɔkɛse betumi apem” no? (1 Beresosɛm 12:8-14)
3. Sɛ wɔreka Dawid akofo akokodurufo Yoab, Abisai, ne Asahel ho asɛm a, hena din na na wɔtaa bɔ? (2 Samuel 2:18)
4. Ɛwom sɛ Yesu din nti wobetumi atan obi de, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ onii no yɛ na ama wɔagye no? (Marko 13:13)
5. Mma ahe na na Haman wɔ a wɔn nyinaa wuwui esiane sɛ na ɔtan Yudafo no nti? (Ester 9:10)
6. Honhom abɔde bɛn na ɔde nsramma kɔkaa Yesaia ano sɛnea ɛbɛyɛ a Yesaia betumi afi ne nkɔmhyɛ adwuma no ase no? (Yesaia 6:6)
7. Herode “fiepanyin” bɛn na ne yere Yohana som Yesu no? (Luka 8:3)
8. Hokwan a ɛfata bɛn na Paulo hyɛɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu no nkuran sɛ wɔmpere nnuru ho? (1 Timoteo 3:1)
9. Nsuti anan a ɛpaapae fii asu a efi “Eden bɛfɔw” turo no ho no din ne dɛn? (Genesis 2:10-14)
10. Dɛn na Paulo kyerɛe sɛ mmɔkaw ketewa bi betumi ayɛ? (Galatifo 5:9)
11. Noa mma baasa a “wɔn mu na nnipa nyinaa petee asase nyinaa so” no din ne dɛn? (Genesis 9:18, 19)
12. Na hena ne odiyifo Samuel papa? (1 Samuel 1:19, 20)
13. Kurow bɛn na na ɛda Yesreel Bon no atifi a na wodi ako akɛse wɔ hɔ no? (Atemmufo 5:19)
14. Dwumadi bɛn na wɔde hyɛɛ Gibeonfo no nsa bere a wɔansɛe wɔn esiane anifere a wɔyɛe no nti no? (Yosua 9:27)
15. Edin bɛn na na wɔde frɛ asuafo 12 a Yesu ankasa paw wɔn no? (Mateo 10:2)
16. Abodin a na wɔde frɛ Yesu nkutoo bɛn na ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ asuafo no ma wɔde frɛ wɔn? (Mateo 23:8, 10)
17. Kurow bɛn so na Paulo kyerɛw Hebrifo nhoma no? (Hebrifo 13:24)
18. Asɛm bɛn na Hiob kae a na ɛkyerɛ sɛ ɛkaa dɛ na anka owui? (Hiob 19:20)
19. Wɔ tete no, ɛhefa na na wohuw atoko so? (Rut 3:3)
20. Dɛn nti na na Yosef nuanom tan no? (Genesis 37:3-11)
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae
1. “Nokware mise mo sɛ”
2. Gad abusuakuw mu mmarima akokodurufo a na wɔn ho yɛ hare a na wɔka Dawid ho wɔ sare so bere a na Ɔhene Saulo de n’ani asi Dawid so no
3. Wɔn maame, Seruia
4. Ɛsɛ sɛ ogyina kodu awiei
5. Du
6. Serafim
7. Kusa
8. “Hwɛfodwuma”
9. Pison, Gihon, Hidekel, ne Eufrata
10. Ebetumi ama mmɔre no nyinaa akaw
11. Sem, Ham, ne Yafet
12. Elkana
13. Megido
14. Wɔbɛyɛɛ “nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no nyinaa ne [Yehowa] afɔremuka no”
15. Asomafo
16. Rabi ne Ɔkyerɛkyerɛfo
17. Italia
18. “Me se ho were nko na mede mafi mu”
19. Awiporowbea
20. Esiane ɔdɔ kɛse a na ne papa wɔ ma no ne dae a na ɔsoso no nti