‘Ɛboaa Me Ma Mehwehwɛɛ M’asetram’
SAA na abeawa bi a wadi mfe 18 a wɔfrɛ no Maria a ɔte Cherepovets kaa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no ho asɛm. Ɔkyerɛw asɛm a edi so yi kɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛbɛn St. Petersburg, Russia, a ɛne Cherepovets ntam kwan bɛyɛ kilomita 400 no.
“Nhoma yi aboa me ma mayɛ me mu, me botae, ne nkurɔfo a wɔatwa me ho ahyia ho nhwehwɛmu. Manya nsɛmmisa a ɛho hia me paa ho mmuae. Bere a na merekenkan nhoma no, anigye ma misui.”
Maria ka kaa ho sɛ: “Metee nka sɛ wɔayi abon bi afi m’aniwa a anigye ama mabue no kɛse no so. Nhoma yi sen nhoma biara a makenkan wɔ m’asetra nyinaa mu. Nhoma biara ne no nsɛ, efisɛ egyina Bible so, na Yehowa Nyankopɔn afotu ye sen biara.”
Sɛ wo nso wopɛ sɛ wunya Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no mu nsɛm so mfaso a, wubetumi ahyehyɛ krataa a ɛka ho no de amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata.
□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no biako mmena me. Kyerɛ kasa ko a wopɛ.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.