Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 32
  • “Ehia sɛ Mede Me Ho To Onyankopɔn So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ehia sɛ Mede Me Ho To Onyankopɔn So”
  • Nyan!—2000
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 32

“Ehia sɛ Mede Me Ho To Onyankopɔn So”

Wogyaw krataa a edi so yi too Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi so wɔ Edmonton, Alberta, Canada.

“Ɔsomafo Pa:

“Merekyerɛw abɛda onipa a ebia onnim sɛ ɔmaa anwonwade bi sii wɔ m’asetra mu no ase.

“Adapɛn bi a atwam ni no, me ne me kunu nyaa akasakasa bi a emu yɛ den. ‘Mekae sɛ asɛm yi so dodo na mintumi nhu ankasa sɛ metumi agyina ano anaa.’ Amonom hɔ ara na me pon ano dɔn bɔe. Afei Yehowa Adansefo mu biako baa me pon no ano, na na aka akyi dodo sɛ mehintaw.

“Bere a mibuee ɔpon no, na mahaw dodo sɛ mɛte nea ɔreka no. Nsɛm a mekae ne ‘mmofra’ ne ‘abusua.’ Ɔbarima no yii nhoma bi a wɔfrɛ no Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. Bere a mihuu nhoma no mifii ase sui a mantumi annyae. Ɔhwɛɛ me na ɔpaa me kyɛw sɛ wabɛhaw me, ɔde nhoma no maa me na ofii hɔ kɔe.

“Anwonwasɛm bɛn na esii no? Ɔkaee me sɛ bere a minhu nea menyɛ no, memmma ɛnnhaw me efisɛ Onyankopɔn nim. Ehia sɛ mede me ho to Nyankopɔn so. Ɔsoma obi mpo ba me nkyɛn. Meda wo ase.”

Nhoma a ɛne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no betumi aboa abusua biara muni. Emu nsɛmti a ɛde ɔkyerɛkyerɛ ma no bi ne “Bɔ W’abusua Ho Ban Wɔ Nkɛntɛnso Bɔne Ho,” “Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu,” ne “Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So.”

Sɛ wopɛ sɛ wunya bi a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ krataa a ɛka ho no fa mena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata.

□ Momfa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena