Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na M’adamfo no Maa Midii Yaw Saa?
“Na mewɔ nnamfo pii . . . Afei wofii ase faa abeawa foforo bi adamfo, na wohu sɛ mereba wɔn nkyɛn a, wogyae kasa. . . . Afei wɔpoo me koraa. Ɛhaw me ankasa.”—Karen.a
EYI betumi ato nnamfo biara a wɔpɛ wɔn ho asɛm paa. Ɛnnɛ wubehu sɛ mframa mfa wɔn baanu no ntam; ɔkyena wobɛhwɛ na wɔne wɔn ho nkasa mpo. Nora a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ w’adamfo yɛ obi a wubetumi de wo ho ato no so a wugye no di, obi a wubetumi adan akɔ ne nkyɛn wɔ tebea biara mu.” Nanso, ɛtɔ da bi a, w’adamfo paa betumi abɛdan wo tamfo ankasa.
Bere a Nnamfo Ntam Yɛ Basaa
Dɛn na ɛma adamfofa pa sɛe? Wɔ Sandra fam no, ɔhaw no fii ase bere a n’adamfo Megan bɔɔ ne soro ntade a n’ani gye ho paa mu biako mmɔkwaa no. Sandra ka sɛ: “Bere a ɔsan de bae no na ayɛ fĩ, na na ne nsa no ho atew kakra. Wanka mpo, na na ɛte sɛ nea merenhu da.” Sandra tee nka dɛn wɔ ne ho a Megan ansusuw no ho? Ɔka sɛ: “Ɛhyɛɛ me abufuw paa. Na ɛte sɛ nea onsusuw me nneɛma . . . anaa me nkate ho.”
Sɛ w’adamfo paa yɛ biribi anaa ɔka asɛm bi a ɛma w’ani wu a, ɛno nso betumi ahaw wo. Eyi bi too Cindy bere a ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo bi sɛ onnya nkenkanee nhoma bi a ɛsɛ sɛ ɔka mu asɛm no. N’adamfo a wɔfrɛ no Kate fii ase serew no ntɛm ara. Cindy ka sɛ: “Ɔmaa m’ani wui wɔ yɛn nnamfo no anim. Me bo fuw no paa. Yɛn ntam sɛee ankasa wɔ ɛno akyi.”
Ɛtɔ da bi a, mo ntam sɛe bere a w’adamfo fi ase ne nnamfo foforo bɔ no. Bonnie a wadi mfe 13 no ka sɛ: “Ná mewɔ adamfo pa bi a ɔkɔkaa kuw foforo bi ho. Ofii ase buu n’ani guu me so.” Anaasɛ ebia wubefi ase ahu sɛ w’adamfo bi kura adwene a ɛnteɛ bi wɔ mo adamfofa no ho. Joe a wadi mfe 13 no ka sɛ: “Ná m’adamfo paa ne Bobby. Misusuwii sɛ na n’ani gye sɛnea mete ankasa ho, nanso mihui sɛ aguade ho dawurubɔfo a na me papa yɛ ne sɛnea obetumi anya tekiti akɔhwɛ agumadi ne kɔnsɛt ahorow kɛkɛ nti na na ɔpɛ m’asɛm.” Seesei Joe te nka dɛn? Ɔka sɛ: “Mintumi nnye Bobby nni bio!”
Ɛtɔ bere bi a, w’adamfo bi bɛka asɛm bi a wompɛ sɛ obi te akyerɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, Allison kaa ɔne ne yɔnko dwumayɛni bi ntam ɔhaw bi kyerɛɛ n’adamfo Sara. Ade kyee no, Sara bɛkaa asɛm no wɔ odwumayɛni no anim pɛɛ. Allison ka sɛ: “Mansusuw da sɛ ɔbɛyɛ obi a ɔpɛ nsɛnkeka saa!” Allison ka sɛ. “Me bo fuwii.” Rachel a wadi mfe 16 no nyaa osuahu a ɛte saa ara bere a n’adamfo paa kaa biribi a wɔn baanu asusuw ho wɔ kokoam no. Rachel ka sɛ: “M’ani wui na metee nka sɛ wayi me ama. Mibisaa me ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi aka kokoam asɛm akyerɛ no bio?’”
Adamfofa betumi ama w’ani agye, ne titiriw bere a mudwen mo ho mo ho, mugye mo ho di, na mubu mo ho no. Nanso, wɔ nnamfo a wɔpɛ wɔn ho asɛm paa mpo fam no, ɔhaw betumi asɔre. Bible no ka pefee sɛ: “Nnamfo bi wɔ hɔ a, wɔsɛe wɔn ho wɔn ho.” (Mmebusɛm 18:24, NW) Sɛ w’adamfo bi yi wo ma a, ebetumi ahaw wo yiye a nea ɛma ɔyɛɛ saa no mfa ho. Dɛn nti na ɛba saa?
Nea Enti a Adamfofa Sɛe
Nnipa ntam abusuabɔ biara—mmofra anaa mpanyimfo ntam de—nni hɔ a ɔhaw nnim. Ɛte sɛ nea Kristo suani Yakobo kyerɛwee no ara pɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nnareka adi so.” (Yakobo 3:2; 1 Yohane 1:8) Esiane sɛ obiara fom nti, ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ w’adamfo betumi ayɛ biribi anaasɛ ɔbɛka asɛm bi ama ahaw wo bere bi. Ebia wobɛkae bere bi a wo nso woyɛɛ biribi maa ɛhaw no mpo. (Ɔsɛnkafo 7:22) Lisa a wadi mfe 20 no ka sɛ: “Yɛn nyinaa nyɛ pɛ, na obiara bɛfom ne yɔnko wɔ bere ne bere mu.”
Wɔ onipa sintɔ akyi no, nneɛma foforo nso betumi ama aba saa. Kae sɛ bere a worenyin na wo ho rekokwaw no, nea w’ani gye ho—ne nea wo nnamfo nso ani gye ho—taa sakra. Enti, ebetumi aba sɛ nnipa baanu a na bere bi wɔn adwene hyia wɔ nneɛma pii ho no behu sɛ afei de obiara ani afi ase regye biribi foforo koraa ho nkakrankakra. Ababaa bi kaa ɔne n’adamfo paa bi ho asɛm sɛ: “Yɛntaa mfrɛ yɛn ho wɔ telefon so, na sɛ yɛredi nkɔmmɔ a, yɛn adwene nhyia koraa bio.”
Nokwarem no, sɛ obiara ani gye biribi soronko ho a, ɛnsɛe hwee. Nanso, dɛn nti na ebinom ma wɔn nnamfo di yaw? Ɛtaa yɛ ahoɔyaa. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ wo ho yɛ w’adamfo bi ahi esiane wo dom akyɛde anaa nea wutumi yɛ nti. (Fa toto Genesis 37:4; 1 Samuel 18:7-9 ho.) Sɛnea Bible ka no, “ninkuntwe yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30, NW) Ɛde nitan ne akansi ba. Sɛnea ɛte biara no, sɛ w’adamfo bi yɛ biribi ma no haw wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?
Yɛ Nsakrae
Rachel ka sɛ: “Nea edi kan no, mesusuw ho na mabɔ mmɔden ahwɛ sɛ ebia nea onipa no yɛe no yɛ boapayɛ a.” Sɛ wote nka sɛ obi aka asɛm bi anaa wayɛ biribi de agu w’anim ase a, mfiti prɛko pɛ nyɛ no bi. Mmom no, tɔ wo bo ase na susuw asɛm no ho yiye. (Mmebusɛm 14:29) So ahopere a wode bɛyɛ w’ade no bɛma w’animguase no so akata? Bere a woasusuw nsɛm ho awie no, wubetumi adi afotu a ɛwɔ Dwom 4:4 yi so: “Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo dabere, na monyɛ komm.” Afei wubetumi ama ‘ɔdɔ akata bɔne pii so.’—1 Petro 4:8.
Na sɛ wote nka sɛ wuntumi mmu w’ani ngu asɛm a ɛhaw wo no so nso ɛ? Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ onipa no nkyɛn. Frank a wadi mfe 13 no ka sɛ: “Mo baanu no nhyia, na monka nea esii no ho asɛm. Sɛ woanyɛ saa a, wubenya ne ho menasepɔw.” Susan a wadi mfe 16 no te nka saa ara. Ɔka sɛ: “Nea eye paa sɛ woyɛ ne sɛ wobɛka akyerɛ wɔn sɛ na wugye wɔn di, na wɔadi wo huammɔ.” Jacqueline nso pɛ sɛ ɔne nea ɔfom no no ka ho asɛm. Ɔka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛka nea ɛhaw me. Mpɛn pii no, onipa no nso bɛka nea ɛhyɛ ne mu na moatumi asiesie asɛm no ntɛm ara.”
Nanso, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woamfa abufuhyew ankɔ w’adamfo no nkyɛn. Bible ka sɛ: “Ɔbarima a ne bo afuw kanyan ntawntawdi, nanso nea ne bo kyɛ fuw ma ntɔkwaw gyae.” (Mmebusɛm 15:18, NW) Enti twɛn ma wo bo nnwo ansa na woabɔ mmɔden sɛ wubedi tebea no ho dwuma. Lisa gye tom sɛ: “Mfiase no wo bo fuw kɛse, nanso ɛsɛ sɛ woma wo bo dwo. Twɛn kosi sɛ w’abufuw no bɛbrɛ ase. Afei wubetumi akɔ ne nkyɛn na moakasa wɔ asomdwoe mu.”
Asɛm titiriw no ne “asomdwoe.” Kae sɛ ɛnyɛ wo botae ne sɛ worekodidi w’adamfo no atɛm. Nea enti a worekɔ ne sɛ worekosiesie asɛm no asomdwoe mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, moasan abom. (Dwom 34:14) Enti fi wo komam kasa. Lisa ka sɛ: “Wubetumi aka sɛ meyɛ ‘w’adamfo, na woyɛ m’adamfo; nanso mepɛ sɛ mihu nea esii no kɛkɛ.’ Ɛho hia sɛ wuhu nea enti a ɔyɛɛ saa. Sɛ wunya hu pɛ a, ɛntaa nyɛ den sɛ wubegyina ano.”
Ɛbɛyɛ mfomso ankasa sɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ biribi de atua no so ka, ebia denam onipa no ho nseku a wubedi na woabɔ mmɔden anya afoforo aba w’afã no so. Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka!” (Romafo 12:17) Nokwarem no, ɛmfa ho sɛnea ɛyawdi no te no, biribi a wobɛyɛ de atua no so ka no bɛsɛe asɛm no mmom. Nora ka sɛ: “Mfaso nni so sɛ wobɛyɛ biribi de atua no so ka, efisɛ ɛno ntumi mma monyɛ nnamfo bio.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔka ka ho sɛ, nea wubetumi biara a wobɛyɛ de asiesie abusuabɔ no “bɛma woate nka sɛ woyɛ onipa pa.”
Na sɛ w’adamfo no anyɛ mmɔden a wobɔ sɛ wo ne no bɛsan abom no ho hwee nso ɛ? Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, kae sɛ adamfofa gu ahorow. Abusua fotufo Judith McCleese ka sɛ: “Ɛnyɛ adamfo biara na ɛne wo bɛbɔ kosua atafre. Gye tom sɛ wubetumi anya nnamfo a wogu ahorow.” Nanso wubetumi anya awerɛkyekye sɛ woayɛ wo fam de sɛ wobɛma asomdwoe aba mo ntam. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.’—Romafo 12:18.
Ɔhaw betumi aba adamfofa a eye sen biara mpo mu. Sɛ wubetumi agyina ɔhaw no ano a womma ɛnsɛe adwene a wukura wɔ onipa no ho anaa obu a wowɔ ma no a, ɛnde na worenyin abɛyɛ ɔpanyin a ne ho akokwaw. Ɛwom sɛ ebia ebinom ‘bɛpɛ sɛ wɔsɛe wɔn ho wɔn ho’ de, nanso Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ “adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.”—Mmebusɛm 18:24.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛasesa edin no bi wɔ asɛm yi mu.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]
Wubetumi asiesie mo adamfofa no denam nea esii a mobɛka ho asɛm no so