April 19, 2000
Ɛda a Ɛsɛ sɛ Yɛkae
ANADWO ansa na Yesu rebewu no, ɔde ne wu ho nkaedi sii hɔ. Wɔhyɛɛ fa yi wɔ ɔkwan tiaa so. Bere a na wɔrehyɛ fa yi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe yi yɛbɛhyɛ saa ade yi ho fa Wukuda, April 19, bere a owia akɔtɔ no.
Ne saa nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam anadwo soronko yi adi Nkae no wɔ ɔkwan a Yesu kyerɛe no so. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔka wɔn ho na kɔhwɛ sɛnea wɔyɛ no. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ ma wɔnkyerɛ wo bere pɔtee ne beae a wɔbɛyɛ no.