Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 32
  • “Akwankyerɛ Nhoma a Edi Mu na Mfaso Wɔ So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Akwankyerɛ Nhoma a Edi Mu na Mfaso Wɔ So”
  • Nyan!—2000
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 32

“Akwankyerɛ Nhoma a Edi Mu na Mfaso Wɔ So”

AHOHURU bere a etwaam no, Arkansas Democrat Gazette yɛɛ nhoma pii a Watch Tower Bible and Tract Society atintim no mu nhwehwɛmu. Ɛkaa emu biako ho asɛm sɛ: “Questions Young People Ask yɛ akwankyerɛ nhoma a edi mũ na mfaso wɔ so ma mmusua, ɛmfa ho ɔsom ko a wɔwom no. . . .

“Nhoma yi de abrabɔ ne nkate fam ho afotu a edi mũ ma n’akenkanfo. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔkyerɛwee no nim sɛ abofra biara pɛ sɛ onya ahofadi fi n’awofo nhyɛso ase, nanso ɛde afotu a edi so yi ma mmofra:

“‘So wopɛ ahofadi ne asɛyɛde pii? Ɛnde da wo ho adi sɛ w’ani ku asɛyɛde ho. Mmu dwumadi biara a w’awofo de ahyɛ wo nsa no adewa.’

“Awofo kakraa bi pɛ na wɔnkyerɛ nhoma a ɛkɔ so ka asɛyɛde a ankorankoro biara wɔ ho asɛm na bere nyinaa etu mmofra fo sɛ wonnya obu mma wɔn ankasa ho ne afoforo no ho anisɔ. Ɛwom sɛ nhoma no de n’afotu gyina Bible so bere nyinaa de, nanso ɛyɛ nea egyina asetra mu suahu so kɛse. . . . Ɔfã a ɛfa obu ho no fata kɛse, efisɛ wɔama mmofra pii ahu sɛ wɔn ho mu ahotoso kɛse a wobenya no ye.”

Bere a ɛkaa nhoma yi mu nsɛm wiei no, ɛtoaa so sɛ: “Afotu pa a ɛne sɛ ahomaso yɛ ahantan na ahobrɛase yɛ Kristofo su titiriw no ne ahofadi adwene a nnamfo ne afotufo a wodi mũ de hyɛ mmofra adwene mu no ano aduru titiriw.”

Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work no mu mfaso a, wo nsa betumi aka nhoma no bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ de amena address a ɛwɔ so no anaasɛ address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena