Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 9-11
  • So Wiase no Bɛyɛ Biako?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wiase no Bɛyɛ Biako?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ—Biakoyɛ Tumi
  • Ɔkwan a Wiase Nyinaa Biakoyɛ Bɛfa So Aba
  • Nokware Biakoyɛ—Bere Bɛn?
  • Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
    Nyan!—1984
  • Munkura Biakoyɛ Mu Wɔ Nna A Edi Akyiri Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Abusua Wɔ Biakoyɛ A Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Biakoyɛ Ma Yehu Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 9-11

So Wiase no Bɛyɛ Biako?

WƆ MFE kakra a abɛsen kɔ mu no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Europa Apuei fam ne mmeae foforo ahu amane wɔ akodi ahorow a ɛde mpaapaemu ba mu. Nanso, bere a na saa atirimɔden akodi a ɛte saa rekɔ so mpo no, nnipa ɔpepem pii a wɔtete aman a wɔredi ako yi mu no tumi daa nokware biakoyɛ adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho. Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.

Wɔ 1991 mu no nnipa bɛyɛ 15,000 a wofi amanaman nyinaa mu, hyiae wɔ Zagreb, Croatia. Polisini bi a na ɔwɔ faako a wɔahyia no kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma nsɛm ho amanneɛbɔfo ahu nea ɛrekɔ so wɔ saa agoprama yi so, ɛha yi ara, faako a Serbiafo, Croatiafo, Sloveniafo, Montenegrofo, ne nnipa afoforo bom tra wɔ asomdwoe mu” no. Dɛn na ɛma saa biakoyɛ a wɔntaa nhu yi ba?

Wɔ 1993 mu no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam a ɛso sen nea yɛaka ho asɛm yi mpo a na n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ,” wɔ Kiev, Ukraine ahenkurow no mu. Nnipa a wɔkɔe no dodow bɛyɛ 65,000. Evening Kiev bɔɔ amanneɛ wɔ kratafa a edi kan no sɛ: “Ɛnyɛ baagye bruu a ɛbobɔ Yehowa Adansefo bo a wɔakyerɛw so ‘Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ’ no na ɛma wɔyɛ biako, na mmom ɛyɛ nokware gyidi na ɛka wɔn bom.”

Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ—Biakoyɛ Tumi

So wunim nea enti a biakoyɛ wɔ Yehowa Adansefo ntam bere a mpaapaemu wɔ nnipa a atwa wɔn ho ahyia no mu no? Ɔbenfo Wojciech Modzelewski a ofi Poland nam nea ohu fii Adansefo no ho so ka nea enti a ɛte saa no ho asɛm sɛ: “Ade titiriw a ɛma wɔwɔ asomdwoe ne Bible mu nnyinasosɛm a wɔayɛ krado sɛ wobedi akyi wɔ saa mmere yi mu no.” Nokwarem no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ a Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, de ma no na ɛka Adansefo no bom wɔ wiase nyinaa. Dɛn ne saa nkyerɛkyerɛ no?

Yesu Kristo twee adwene sii nnyinasosɛm titiriw a ɛde biakoyɛ ba so bere a ɔkae wɔ n’asuafo no ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Yiw, afa biara a Yehowa Adansefo nni wɔ baabiara no ka wɔn bom. Eyi ne Yesu asɛm a ɔkae bere a na ɔrebɔ mpae no hyia: “Mesrɛ sɛ . . . wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.”—Yohane 17:16-21.

Saa afa biara a wonni yi yɛ tumi a ɛde biakoyɛ ba, efisɛ ɛma Adansefo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa tra ase ma ɛne nea odiyifo Yesaia ka faa wɔn a Onyankopɔn ‘bɛkyerɛ wɔn n’akwan’ ho no hyia. Yesaia kaa sɛ saafo no ‘de wɔn nkrate bɛbobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ Odiyifo no toaa so sɛ: “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.

Biakoyɛ ne asomdwoe a wohui wɔ ɔmantam nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛe ase wɔ Europa Apuei fam wɔ mfe a atwam mu no di adanse sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no renya ne mmamu dedaw. Wɔ Europa ne mmeae foforo no, Adansefo no de wɔn nkrate abobɔ nsɔw de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ne saa nti, asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wɔn ntam nnɛ wɔ wiase a emu apaapae yi mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ atesɛm krataa mu nsɛm bi kae bere bi sɛ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa de [Bible] mu mmara a [Yehowa] Adansefo de yɛ adwuma no tra ase a, anka mogyahwiegu ne ɔtan to betwa, na ɔdɔ adi hene”! So ebetumi aba saa da bi?

Ɔkwan a Wiase Nyinaa Biakoyɛ Bɛfa So Aba

Sɛ nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛyɛ biako a, pii ho hia sen sɛ nnipakuw ketewa bi a wɔwɔ adwempa bɛyɛ biako. Nniso a ebetumi abrɛ wɔn a wɔyɛ nneɛma de ko tia biakoyɛ ne asomdwoe ase no nso ho hia. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ nniso a ɛte saa ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Yiw, Yesu kyerɛe sɛ nniso a efi Onyankopɔn nkutoo, “ɔsoro ahenni” no, na ebetumi adi wiase haw ahorow ho dwuma—a ɔhaw a mpaapaemu de ba nso ka ho.—Mateo 4:17.

Yesu Kristo ne saa ɔsoro Ahenni yi so Hene. Wɔ ne tumidi ase no, nnipa a wɔte asase so no bɛtra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ bere bi a wonhuu bi da mu. Ɛnyɛ sikasɛm mu nsakrae a nnipa yɛ na ɛde wiase nyinaa biakoyɛ yi bɛba. Ɛyɛ wiase nyinaa nniso bi a “Asomdwoe Hene” no di so nkutoo na ebetumi ayɛ ade a ɛte saa.—Yesaia 9:6, 7.

Asomdwoe Hene no remma ntɛnkyea a ɛrekɔ so nnɛ a mpɛn pii no ohia ne tumi a wɔde di dwuma kwammɔne so na ɛde ba no ho kwan. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no. Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. . . Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu. . . Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:11, 12, 14, 16.

Wɔ Kristo tumidi ase no, adwuma a wonnya nyɛ bɛyɛ biribi a atwam. Odiyifo Yesaia ka sɛ: “Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:22) Susuw ho hwɛ, obiara a ɔte asase so betumi ayɛ adwuma a mfaso wɔ so na ɛma akomatɔyam!

Nokware Biakoyɛ—Bere Bɛn?

Nanso bere bɛn na Kristo tumidi wɔ asase so no befi ase? Bere a na Yesu Kristo rebua saa asɛm no, ɔtwee adwene sii bere bi a ɔko ne akosɛm, ɔyaredɔm, asasewosow, ne nneɛma foforo bɛhyɛ no agyirae so. Nanso, ɔtwee adwene sii biribi tititiw so—Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa no. (Mateo 24:3-14; Luka 21:11) Yesu kae sɛ, saa nneɛma yi bɛkɔ akowie “ahohiahia kɛse” a ɛde nsakrae kɛse bɛba asase yi so tumidi mu mu. (Mateo 24:21) Kenkan ne nsɛm a ɔkae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 24 ne Luka ti 21no. Fa tebea horow a ɔkaa ho asɛm no toto nea wuhu wɔ wiase nnɛ no ho. Nea wuhu nyinaa da no adi pefee sɛ yɛte mmere bi a aka dɛ ma Onyankopɔn de ne ho agye nnipa tumidi mu mu. N’ahenni, a Yesu Kristo di so Hene no besi wiase nniso no ananmu. Wiase a biakoyɛ wom da yɛn anim!

Nanso asɛmmisa no ba sɛ, Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woahu bɔhyɛ ahorow yi mmamu? Esiane sɛ Bible no di dwuma titiriw wɔ nneɛma a adesamma hwɛ kwan daakye mu no nti, nyansa wom sɛ wobɛbɔ mmɔden asua Bible no yiye. Enti Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛba wo fie ne wo abesua Bible no a wuntua hwee.a Sɛ wugye hokwan yi tom a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ wiase a biakoyɛ wom da yɛn anim pɛɛ a wo nso wubetumi anya mu kyɛfa!

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya saa Bible adesua nhyehyɛe yi ho nsɛm pii a, hu wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi anaasɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Wɔ wiase yi mu baabiara no, Yehowa Adansefo wɔ biakoyɛ a ɛda nsow

Kiev, Ukraine

Zagreb, Croatia

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma ne sɛ wɔbɛyɛ wiase nyinaa abusua biako a koroyɛ wom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena