Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 20-27
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—2000
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 20-27

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 27. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ dɛn mu? (Yohane 4:24)

2. Dɛn na Onyankopɔn de ma n’asomfo anokwafo na ama wɔatumi agyina nhyɛso ne ɔtaa ano? (2 Korintofo 4:7-10)

3. Na wɔfrɛ Ɔtemmufo Gideon mma 70 no mu akumaa, a ne nkutoo na oguanee a Abimelek antumi ankum no no dɛn? (Atemmufo 9:5)

4. Bere a Israelfo no koduu Bɔhyɛ Asase no so no, edin bɛn na wɔde frɛɛ afe a ɛto so 50 a na ɛsɛ sɛ wɔpae ahofadi wɔ asase no so no? (Leviticus 25:10)

5. Ahemman ketewa bɛn mu na Amon mma kɔbɔɔ wɔn mu akofo 12,000 paa sɛ wɔde rekɔko atia Dawid no? (2 Samuel 10:6)

6. Dɛn na Babilon hene Nebukadnesar soo ho dae wɔ n’ahenni afe a ɛto so abien mu a ɛmaa ne ho yeraw no paa no? (Daniel 2:1, 31)

7. Aboa bɛn na Simson de ne nsa tetew ne mu bere a edi kan a Onyankopɔn maa no nyaa ahoɔden no? (Atemmufo 14:5, 6)

8. Aboa bɛn na Abraham hui sɛ ɔhyɛ ɔdɔtɔ mu a ɔkɔfaa no de no sii Isak ananmu bɔɔ afɔre no? (Genesis 22:13)

9. Dɛn na Ɔhene Saul yɛ de buu Yehowa mmara so bere a ɔne Amalekfo kodii ako no? (1 Samuel 15:3-9)

10. Wɔ Babilon nnommum akyi no, edin bɛn na wɔde maa Etanim a ɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo kalenda so no?

11. Ɛhe na Yesu awofo kohuu wɔn ba a na wadi mfe 12 no bere a na wɔde nnansa ahwehwɛ no no? (Luka 2:46)

12. Hena na wɔka kyerɛɛ no nkɔmhyɛ kwan so sɛ onni tra a Yesu bɛtra afurum so ahyɛn Yerusalem nkonimdi mu no ho ahurusi? (Sakaria 9:9)

13. Adɛn nti na Yesu tuu yɛn fo sɛ ‘yɛnhyehyɛ yɛn ademude wɔ ɔsoro’? (Mateo 6:20)

14. Dɛn na Yehowa yɛ de daa n’abufuw adi tiaa Salomo bere a ɔbɔɔ afɔre maa anyame afoforo wɔ ne nkwakoraa bere mu no? (1 Ahene 11:14, 23-26)

15. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yɛnkora so nsen biribi foforo biara? (Mmebusɛm 4:23)

16. Dɛn na Ɔhene Yehoiakim yɛe bere a wɔkenkanee asɛm a Yehowa ma wɔka de tiaa Israel wɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ no no? (Yeremia 36:23)

17. Dɛn na Yakob susuwii sɛ akum ne ba Yosef? (Genesis 37:33)

18. Kurow bɛn na na wɔfrɛ no “nkyeresia kurow” wɔ tete mmere no mu? (Deuteronomium 34:3)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. “Honhom ne nokw are mu”

2. “Tumi a ɛboro so”

3. Yotam

4. Ahosɛpɛw

5. Tob

6. Ohoni kɛse bi a ɔte sɛ nipa, a wɔde fagude ayɛ n’afa ahorow

7. Gyataforo

8. Odwennini

9. Wankum wɔn hene Agag, na ɔkyɛee nguan ne anantwi a na woye na wɔadɔ no so

10. Tishri

11. Wɔ asɔrefi

12. “Sion babea”

13. Honam fam ademude tumi sɛe na ɛmma obi nnya Onyankopɔn anim dom

14. Oyii ne nhyira fii Salomo so na ɔmaa kwan maa atamfo sɔre tiaa no

15. Sɛnkyerɛnne kwan so koma no

16. Ɔtetew mu de guu ogya mu hyew no

17. “Aboa bɔne bi”

18. Yeriko

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena