Mmofra a Wɔbɛtete Wɔn Ma Wɔanya Su Pa—Ɔkwan Bɛn So?
The Gazette atesɛm krataa a ɛwɔ Montreal, Canada, no de amanneɛbɔ yi ma sɛ: “Mmofra nya obu ne ahosodi denam awofo dɔ ne nteɛso a wonya no so.” Dɛn na eyi hwehwɛ? Sɛnea adwene ne nneyɛe ho nimdefo Constance Lalinec a ɔwɔ Montreal ayaresabea bi kyerɛ no, ɛho hia sɛ wɔkyerɛ abofra sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne bra.
Lalinec, a ɔyɛ mmofra ne mmusua ho ɔbenfo no kae nso sɛ, “sɛ yɛamma mmofra ansoa wɔn nneyɛe ho adesoa a, na yɛresiw wɔn kwan wɔ nneɛma pii a wobetumi asua no ho.” Gyae a yebegyae abofra bi ma wayɛ nea ɔpɛ no betumi asiw ne nkɔso kwan.
Bible afotu a ɛfata a ɛfa abayɛn ho no boa kɛse. Ɛka sɛ: “Momma mo asɛm nyɛ Yiw, Yiw, Dabi, Dabi.” (Mateo 5:37; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ wunya hyɛ mmara a ɛfata ma wo mma a, hwɛ sɛ wobedi so bere nyinaa. W’ankasa di kan yɛ nea woaka no ho biribi. Eyi ma mmofra te akwankyerɛ a wɔn awofo de ama wɔn no ase yiye na wohu nea ebefi mu aba—sɛ obiara ‘betwa nea ogu.’ (Galatifo 6:7; Romafo 2:6) Nea enti a wofi ɔdɔ mu de nteɛso a etu mpɔn ma mmofra ne sɛ ɛbɛma wɔagye akwankyerɛ atom na ama wɔatumi agyina akomatu ne huammɔdi ano sɛnea ɛbɛyɛ a wobenyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw a wɔn ani ku wɔn adwuma ho.
Sɛnea awofo befi ɔdɔ mu de nteɛso ama wɔn mma no ho afotu a Onyankopɔn de ma no pii wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no mu. Wo nsa betumi aka nhoma a ekura nkratafa 192 yi bi denam krataa a ɛka ho no a wobɛhyehyɛ amena address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.
◻ Momfa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmrɛ me. Kyerɛ kasa ko a wopɛ
◻ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.