Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 8/8 kr. 14-16
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—2000
Nyan!—2000
g00 8/8 kr. 14-16

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 16. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Hena na ɔsomafo Yohane huu no “akaneadua no mfinimfini” a ɔde nkra maa no sɛ ɔmfa nkɔma asafo ahorow ason no? (Adiyisɛm 1:13)

2. Sɛ́ anka yɛbɛma ‘bɔne adi yɛn so nim’ no, dɛn na Paulo tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ? (Romafo 12:21)

3. Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: ‘Na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako a, wo ne no nkɔ abien’ no? (Mateo 5:41)

4. Sɛ́ anka Kristofo ɔyerenom bɛma wɔn ahosiesie ayɛ honam ani de te sɛ mmɛsawɔw ne ntade a ne bo yɛ den no, dɛn na Petro tuu wɔn fo sɛ wɔnyɛ? (1 Petro 3:3, 4)

5. Edin bɛn na Yesaia de frɛɛ Abraham, a na ɛkyerɛ sɛ ɔne Israel man no agya? (Yesaia 51:1)

6. Dɛn nti na bere a na Dawid wɔ Adulam bodan mu no, wannom nsu a n’akofofo baasa de fi Betlehem brɛɛ no no? (2 Samuel 23:15-17)

7. Dɛn na na Bat-Seba reyɛ bere a edi kan a Dawid huu no no? (2 Samuel 11:2)

8. Sɛ́ anka wɔde adubiri mmom bɛkyerɛw no, dɛn na Paulo kae sɛ wɔde kyerɛw nsɛm guu Korinto Kristofo no koma so? (2 Korintofo 3:3)

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam yii ɔhaw a ɛto so awotwe a ɛne mmoadabi no fii Misraim koraa? (Exodus 10:19)

10. Dɛn nti na Yehowa kum Saulo? (1 Beresosɛm 10:13)

11. Kurow a po so hyɛn gyina bɛn mu na Paulo sesaa ahyɛmma bere a na wɔde no rekɔ Roma sɛ deduani no? (Asomafo no Nnwuma 27:5)

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa mmɔborohunu adi maa akunafo ne nyisaa wɔ tete Israel? (Exodus 22:22-24; Deuteronomium 24:17-21)

13. Edin bɛn na wɔde frɛɛ asase a asɔfo no de sika a Yuda tow guu asɔrefie hɔ tɔe no? (Mateo 27:3-8; Asomafo no Nnwuma 1:19)

14. Dɛn nti na Petro kaa Simon anim denneennen bere a ɔmaa no sika sɛ ɔmma no tumi a ɛbɛma watumi de honhom kronkron ama afoforo no? (Asomafo no Nnwuma 8:20, 21)

15. Ná Sara adi mfe ahe bere a ɔwoo Isak no? (Genesis 17:17)

16. Asase bɛn na esiane ɔkɔm nti, Elimelek ne ne yere Naomi tu kɔtraa so, a wɔn babarima Malon waree Rut wɔ hɔ no? (Rut 1:1-4)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. Yesu Kristo, a Yohane kaa ne ho asɛm sɛ “obi a ɔte sɛ onipa ba” no

2. Sɛ ‘yɛmfa papa nni bɔne so nim’

3. Ná ɔrekyerɛ sɛ ehia sɛ yɛyɛ osetie ma biribiara a ɛfata a mmara hwehwɛ sɛ yɛyɛ no

4. “Honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu”

5. “Ɔbotan a wɔpaee mo fii mu”

6. Efisɛ na egyina hɔ ma wɔn mogya a wɔde too asiane mu kɔsaw bae no

7. Ná ɔreguare

8. “Nyankopɔn teasefo honhom”

9. Atɔe fam ahum a ano yɛ den bɔɔ wɔn koguu Po Kɔkɔɔ no mu

10. Wanni Yehowa nokware denam n’akwankyerɛ a wanni akyi na okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade no so

11. Mira a ɛwɔ Likia

12. Ɔyɛɛ nsiesiei maa wɔn na ama wɔanya nea ehia wɔn

13. Hakeldamak, anaa “mogya asase”

14. Onyaa koma a ɛnteɛ denam mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛtɔ “Onyankopɔn akyɛde” no so, na na ne koma nso “nteɛ wɔ Onyankopɔn anim”

15. Ná wadi mfe 90

16. Moab

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena