Atirimɔdensɛm A Onipa Redi So Ɛbɛba Awiei Da Bi?
Wɔde March 8, 2000, Nyan! a ɛka amanehunu a nkoayɛ, a ɛkɔ so wɔ wiase mmeae bi de aba ma ɛyɛ awerɛhow, no bi maa Livia Turco a ɔyɛ Nnipa Ntam Biakoyɛ Ho Soafo wɔ Italy no. Ɔkyerɛwee wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Italy no mu sɛ:
“Ɛnnɛyi nkoayɛ, a ɛma mmea ne mmofra ho kyere wɔn kɛse no, yɛ atirimmɔdenne kɛse a wɔde di nnipa ɔpepem pii nnɛ.” Ɔde baa awiei sɛ: “Asɛm biara a wɔka tia adeyɛ a ɛmfata yi som bo ankasa, ɛnkanka bere a wɔka ma nnipa pii te sɛ nea [Nyan!] yɛ no.”
Esiane sɛ wɔkyekyɛ Nyan! biara a ɛba no bɛboro ɔpepem 20 wɔ kasa ahorow 82 mu nti, ɛnyɛ sɛnea nnɛyi haw ahorow no te nko na akenkanfo ɔpepem pii no te ho asɛm, na mmom, ɛkyerɛ ano aduru a Bible no de ma nso.
Nanso, asɛmmisa no da so wɔ hɔ sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, dɛn nti na ɔma nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane pii saa? Ebinom bisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na metumi adɔ Ɔbɔadeɛ a ne nyansa da adi wɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wabɔ mu nanso ɛte sɛ nea ne yam nhyehye no mma nnipa nnɛ no?’ Wobua nsɛmmisa a ɛtete saa no wɔ ɔkwan a ɛma abotɔyam so wɔ nhomawa So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? no mu. Wo nsa betumi aka nhomawa yi bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata so.
□ Momfa So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.