Nea Enti A Abrabɔ Pa Ho Aba Asɛm
WƆ October a etwaam no, nhoma kyerɛwfo bi a ɔwɔ Loja, Ecuador, kyerɛe sɛ n’ani sɔ Yehowa Adansefo som adwuma no. Nsɛm a ɔkae no bi ne sɛ:
“Ade biako a ɛhaw adesamma paa ne nnipa bra a asɛe no . . . Ɛte sɛ nea nkurɔfo werɛ afi sɛ wobedi Mmara Nsɛm Du no so, na wontie wɔn ahonim, na ama nnipa nte wɔn ho wɔn ho ase. Yɛte nitan, basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, nnubɔnetɔn, amumɔyɛsɛm, ne obu a enni hɔ ho asɛm wɔ mmaa nyinaa da biara da. . . .
“Ɛda adi sɛ Yehowa Adansefo yɛ wɔn nnwuma wɔ asomdwoe ne odwo mu, wɔsrasra wɔn mfɛfo wɔ afie afie, de wɔn nsɛmma nhoma abien a ɛyɛ fɛ, Ɔwɛn-Aban ne Nyan!, a wɔatintim nsɛm a ɛyɛ anigye pii wom mema a wɔnkyerɛ wɔn ho. Nyan! titiriw ka nokware nyansahu ne amammerɛ ho nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye. Wɔkyerɛw eyi nyinaa pɛpɛɛpɛ na emu da hɔ fann.”
Wohu nnipa bra a asɛe nnɛ no pefee, nanso sɛnea wɔka wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 4 wɔ ne fã a ɛne “Nea Enti a Wotintim Nyan!” no, Nyan! ‘hwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri na ɛda nea nsɛm a asisi no kyerɛ ankasa adi.’ So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no ka amanehunu a adesamma ahyia ho asɛm, nanso ɛka pii sen saa. Ɛkyerɛ nea enti a nnipa abrabɔ asɛe ne ɔhaw a afi mu aba. Nea ɛho hia kɛse no, ɛkyerɛ sɛnea yebenya ahotɔ nnansa yi ara.
Wo nsa betumi aka nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛma yenya awerɛkyekye yi bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔde ama wɔ so anaa nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.
□ Momfa So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.