Ɔpepem Pii Rekɔ Bi—So Wobɛkɔ Bi?
Wɔrekɔ he? Wɔrekɔ Yesu Kristo wu afe afe afahyɛ no ase. Wɔ afe 2000 mu no, nnipa a wɔn dodow yɛ 14, 872,086 na wɔkɔe.
Dɛn nti na nkurɔfo kɔ? Esiane nea Kristo wu no kyerɛ ma adesamma nti. Ɛkyerɛ sɛ wobenya ahotɔ afi ɔyare, amanehunu ne owu mu. Yɛn adɔfo a wɔawuwu mpo benyan aba nkwa mu wɔ paradise asase so.
Ɔkwan bɛn so na Yesu wu no betumi de nhyira a ɛte saa aba? Yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛhwehwɛ mu. Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho wɔ adeyɛ titiriw yi ase.
Kɔ wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo fie so. Afe yi, da no yɛ Kwasida, April 8, bere a owia akɔtɔ. Hu mo mpɔtam hɔ Adansefo no ma wɔnkyerɛ bere pɔtee no.