Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 32
  • Awerɛkyekye A Obi Nya Bere A Ne Dɔfo Bi Awu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye A Obi Nya Bere A Ne Dɔfo Bi Awu
  • Nyan!—2001
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 32

Awerɛkyekye A Obi Nya Bere A Ne Dɔfo Bi Awu

Mfe bi a atwam no, Yehowa Adansefo tintim nhomawa a esusuw akwan a yɛbɛfa so agyina yaw ano bere a yɛn dɔfo bi awu no ho. Nnansa yi, yɛn nsa kaa krataa fii ɔkenkanfo bi hɔ a ɔde rekyerɛ anisɔ wɔ Federal Republic of Yugoslavia, na ɔkyerɛwee sɛ: “Mifi koma nyinaa mu da mo ase sɛ mutintimii Bere a Obi a Wodɔ no Awu nhomawa no. Nokwarem no, ɛka awerɛhow ankasa a obi di bere a ɔhwere ne dɔfo no ho nsɛm nyinaa.”

Nea ɔkyerɛw krataa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a mehweree me nuabarima wɔ kar akwanhyia mu no, nhomawa no maa minyaa ‘mmoa a mihia ankasa.’ Ɔfã a wɔato din ‘Nyansahyɛ Ahorow Bi a Mfaso Wɔ So,’ a ɛwɔ kratafa 18 no, maa minyaa awerɛkyekye kɛse.” Nanso, asram anan akyi no, anigyina maa mesan dii yaw kɛse. Ná misuro mpo sɛ menya adwenemhaw.

“Ɛha nso, mekenkanee nhomawa yi, na wɔ adaka a wɔato din ‘Sɛnea Awerɛhodi Kɔ So’ mu, wɔ kratafa 9 no, mihui sɛ medi awerɛhow na m’ani agyina no kakra ansa na biribiara abrɛ ase. Minyaa awerɛkyekye ankasa. Meda mo ase wɔ mmɔborohunu kɛse a moda no adi denam saa nhomawa yi so no ho.”

Ebia wo anaa obi a wunim no nso betumi anya awerɛkyekye afi nhomawa a ekura nkratafa 32 yi a ɔbɛkenkan mu. Wubetumi abisa nhomawa yi bi denam ɔfa a wɔde ama wɔ nsɛmma nhoma yi akyi a wobɛbɔ w’address agu de amena address a wɔde ama anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

□ Momfa Bere a Obi a Wodɔ no Awu nhomawa no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena