Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 2/8 kr. 3-5
  • Nkurɔfo a Wɔrehwehwɛ Ahobammɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo a Wɔrehwehwɛ Ahobammɔ
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Bere Yi Mu Haw
  • Nnipa a Wotu Kwan Kɔhwehwɛ Ahode a Wɔredɔɔso
  • Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie
    Nyan!—2002
  • Aguanfo a Wɔredɔɔso
    Nyan!—1996
  • Wiase a Wobegye Obiara Atom
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 2/8 kr. 3-5

Nkurɔfo a Wɔrehwehwɛ Ahobammɔ

“Mogyahwiegu ne ɔtaa a ɛma nkurɔfo guan pere wɔn nkwa no amma awiei wɔ afeha 20 no awiei. Nnipa ɔpepem pii afi mfirihyia apem foforo no ase wɔ aguanfo atrae anaa mmeae bi a wɔhwɛ wɔn so, a wosuro sɛ sɛ wɔsan kɔ wɔn kurom a, wobekum wɔn.”​—Bill Frelick, U. S. Boayikuw a Ɛhwɛ Aguanfo Ho Nsɛm So.

NA BOTAE bi si Jacob ani so. Na ɔrepɛ baabi a nkurɔfo betumi atra hɔ asomdwoe mu, na atopae nkunkum n’abusua mmirekyi, na obetumi akɔ sukuu.

Ne kuromfo no ka kyerɛɛ no sɛ tebea a ɛte saa wɔ hɔ, nanso ɛwɔ akyirikyiri. Ne papa kae sɛ akwantu no yɛ hu dodo esiane sɛ sukɔm ne ɔkɔm akunkum ebinom wɔ kwan mu nti. Nanso, bere a ne kuromni bi a wɔakum ne kunu ne ne mma baanu tuu kwan no, Jacob sii gyinae sɛ obegyaw n’abusuafo hɔ atu kwan no.

Jacob amfa aduan ne ntade, na da a edi kan no, otuu mmirika nkutoo. Na nkurɔfo afunu deda ɔkwan a ɔnam so reguan no so. Ade kyee no, ɔbea bi a ofi ne kurom a ohyiaa no no ka kyerɛɛ no sɛ obetumi ne nkurɔfo a wɔka ne ho no akɔ. Wotwaa kwan nna pii twaam wɔ nkuraase a na obiara nte mu. Bere bi wɔkɔfaa beae bi a atopae hyehyɛ ma enti wɔn mu biako wui. Nhabamma nkutoo na na wɔwe.

Dadu akyi no, ɔkɔm ne ɔbrɛ maa nkurɔfo wuwui. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wim akohyɛn fii ase totoo atuo baa wɔn so. Awiei koraa no, Jacob traa ɔhye a ɛkɔ aguanfo atrae hɔ no. Seesei ɔkɔ sukuu na wimhyɛn su nyi no hu bio. Wimhyɛn a ohu nnɛ no nyinaa fa aduan, ɛnyɛ atopae. Nanso, n’ani agyina n’abusuafo, na ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ ne kurom.

Nnipa pii a “wɔte sɛ Jacob” wɔ wiase nyinaa. Ɔko ama pii ahaw kɛse na ɔkɔm ne sukɔm ade wɔn. Wɔn mu kakraa bi na wɔne wɔn mmusua atra pɛn, na wɔn mu pii ntumi nkɔ wɔn kurom bio. Ahia wɔn sen biara wɔ wiase.

Amanaman Nkabom Soafo a Ɔhwɛ Aguanfo Ho Nsɛm So no kyɛ aguanfo a ahia wɔn yi mu akuw abien. Wɔka aguanfo ho asɛm sɛ nkurɔfo a ɔtaa ne basabasayɛ ho hu ama wɔaguan afi wɔn man mu. Saa ara nso na ɔko anaa ahude bi ma obi tumi tu kɔtra baabi foforo wɔ n’ankasa ne man mu.a

Obiara ntumi nhu aguanfo dodow a wɔtete aguanfo atrae anaa nnipa dodow a wonni anidaso biara a wɔnam rehwehwɛ ahobammɔ no. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, aguanfo a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow bɛyɛ ɔpepem 40, na wɔn mu fã yɛ mmofra. Ɛhe na wɔn nyinaa fi?

Yɛn Bere Yi Mu Haw

Aguanfo ho asɛm no bɛdanee koraa wɔ wiase ko a edi kan no awiei. Wɔ ɔko no akyi no, ahemman ahorow sɛee na wɔtaa mmusuakuw a wɔnnɔɔso. Ne saa nti, Europafo ɔpepem pii kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ aman foforo mu. Wiase ko a ɛtɔ so abien​—a ɛsɛee ade kɛse sen nea edi kan​—no maa nnipa ɔpepem pii guan fii wɔn afie mu. Efi 1945 reba no, amanko na wɔtaa hu no kɛse, nanso atuo a wɔde di dwuma wom no ma amanfo no hu amane kɛse.

Gil Loescher kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Beyond Charity​—International Cooperation and the Global Refugee Crisis a ɔkyerɛw no 1993 mu no mu sɛ: “Ɛwom sɛ akodi ma nnipa bi guan bere nyinaa de, nanso afeha aduonu no nkutoo mu na akodi maa ɔman mu nyinaa ho kyeree wɔn. Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔko no mu ne wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyem a wonhu wɔn mu nsonsonoe no maa nnipadɔm pii guanee basabasayɛ a ano yɛ den.”

Afei nso, akodi a ɛkɔ so nnɛ no pii yɛ amanko a ɛnyɛ mmarima a wɔaso sɛ wɔkɔ sraadi nko na ekunkum wɔn na mmom mmea ne mmofra nso. Esiane sɛ mmusua ne ɔsom mu mpaapaemu na ɛkɔfa akodi yi ba nti, ɛte sɛ nea ɛto ntwa da. Wɔ Afrika man bi mu a “ɔmanko akɔ so” mfe 18 no, nnipa ɔpepem anan na wɔabɔ ahwete wɔ ɔman no mu, na nnipa mpempem pii aguan kɔ amannɔne.

Nokwarem no, ɔkwan biako pɛ a ɔmamfo a akodi ama wɔahaw no bɛfa so anya ahobammɔ ne sɛ wobeguan afi wɔn man mu. The State of the World’s Refugees 1997-​98 nhoma no ka sɛ: “Aguanfo fi wɔn man mu kɔ ɔman foforo mu a ɛnyɛ sɛ wɔpɛ anaasɛ wɔahyɛ da, na mmom twa ara na etwa sɛ wɔkɔ nti.” Nanso, ɛnyɛ mmerɛw nnɛ sɛ obi betumi ahyɛn ɔman foforo mu.

Wɔ 1990 mfe no mu no, aguanfo ɔpepem 17 a na wɔwɔ wiase nyinaa no so tew baa ɔpepem 14. Nanso, aguanfo dodow a wɔn so atew yi mma wonhu nokwasɛm no yiye. Wobu akontaa sɛ saa mfirihyia du no ara mu no, nnipa a na wɔabɔ ahwete wɔ wɔn man mu no dodow duu bɛyɛ ɔpepem 25 kosi ɔpepem 30. Dɛn na ɛrekɔ so?

Esiane nneɛma pii nti, ayɛ den kɛse sɛ wobegye obi atom sɛ oguanfo. Ebetumi aba sɛ aman no mpɛ sɛ wobegye aguanfo pii esiane sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔne wɔn bɛtra anaasɛ ebia wosuro sɛ nnipadɔm a wɔte saa no de sikasɛm ne amammui mu ahokyere bɛba nti. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, na ɔmanfo a wɔabɔ hu no nni ahoɔden, aduan, anaa sika mpo a ebetumi ama wɔatwa kwan tenten akodu ɔman foforo hye so. Nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wobeguan akɔ beae a ahobammɔ wɔ wɔ wɔn ankasa man mu.

Nnipa a Wotu Kwan Kɔhwehwɛ Ahode a Wɔredɔɔso

Sɛ aguanfo ankasa no da nkyɛn a, nnipa ɔpepem pii a ahia wɔn nso wɔ hɔ a nea wɔhwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛma wɔn asetra atu mpɔn​—denam tu a wobetu kwan akɔ ɔman a edi yiye so.

Wɔ February 17, 2001 no, po so hyɛn dedaw bi kogyinaa Franse mpoano. Na mmarima, mmea, ne mmofra, bɛyɛ apem na wɔwom a na wɔadi bɛyɛ nnawɔtwe wɔ po so a wonnidii. Obiara tuaa dɔla 2,000 wɔ akwantu a na ɛyɛ hu yi ho, a na wonnim ɔman ko a wɔrekɔ so. Bere a hyɛn no gyinae no, wɔanhu baabi a ɔpanyin a ɔwom ne adwumayɛfo no fae. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, wɔmaa akwantufo a na wɔabɔ hu no fii hyɛn no mu na Franse aban no hyɛɛ bɔ sɛ wobesusuw guankɔbea a wɔrepɛ no ho. Afe biara, nnipa ɔpepem pii tu kwan a ɛte saa ara bi.

Nnipa a wotu kwan kɔpɛ ahode yi mu pii paw sɛ wobegyina ahokyere ne amanehunu ano. Wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobenya sika atu kwan efisɛ ohia, basabasayɛ, nyiyim, anaa nniso a ɛyɛ katee​—ne ɛtɔ mmere bi a nneɛma anan no nyinaa​—a ɛhaw wɔn wɔ wɔn man mu ma asetra yɛ mfonoe.

Wɔn mu pii wuwu bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya asetra pa no. Mfe du a atwam no, akwantufo bɛyɛ 3,500 na nsu faa wɔn anaa wɔyerae bere a na wɔrebɔ mmɔden atwa Strait of Gibraltar afi Afrika akɔ Spain no. Wɔ 2000 afe no mu no, Chinafo aduonum awotwe a na wɔahintaw kar bi a efi Belgium rekɔ England mu no wuwui esiane sɛ na wonnya mframa nhome nti. Sukɔm kunkum akwantufo pii wɔ Sahara bere a wɔn kar a enni ahoɔden no sɛe wɔ anhweatam no mfinimfini no.

Ɛmfa ho asiane yi nyinaa no, nnipa a wotu kwan kɔhwehwɛ ahode no dodow rekɔ anim kɛse. Wɔde nnipa bɛyɛ mpem ahanum fa sum ase kɔ Europa afe biara na bɛyɛ 300,000 nso kɔ United States. Wɔ 1993 mu no, Amanaman Nkabom no Ɔmanfo Dodow Ho Foto no buu akontaa sɛ nnipa a wɔatu kwan no dodow yɛ ɔpepem 100, na wɔn mu nkyekyɛm abiɛsa mu biako te Europa ne United States. Akyinnye biara nni ho sɛ efi saa bere no, dodow no anya nkɔanim kɛse.

Akwantufo yi mu pii nsa anka ahobammɔ a wɔhwehwɛ no. Na aguanfo no mu kakraa bi pɛ na wonya baabi pa tra. Mpɛn pii no, nnipa a wotutu akwan yi fi ɔhaw biako mu kɔ foforo mu. Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ ɔhaw yi bi ne nneɛma a ɛde ba ankasa ho asɛm mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ nsɛm a ebedidi so yi mu no, sɛ yɛka nkurɔfo a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn ankasa man mu ho asɛm a, na yɛnkyerɛ nnipa ɔpepem 90 kosi ɔpepem 100 a esiane nkɔsodwuma te sɛ nsu mu ban a wogye, fagude a wotu, nnua a woduadua, anaa kuayɛ, nti wɔatu akɔtra baabi no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena