So ano Aduru Wɔ Hɔ?
DƐN na ɛsɛ sɛ wode nneɛma a wunhia no yɛ? Nea obiara bɛka ne sɛ “tow gu.” Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtow nneɛma a wonhia no agu. Ɛhe na wɔbɛtow agu? Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia fekuw a ɛwɔ Italy no bu akontaa sɛ toa a wɔtow gu po mu no di mfe 1,000 ansa na aporɔw. Nea ɛne no bɔ abira no, krataa di asram abiɛsa pɛ ansa na aporɔw. Sigaret a wɔanom aka tumi sɛe po no kosi mfe 5; rɔba bag, sɛe no fi mfe 10 kosi 20; nylon nneɛma sɛe no fi mfe 30 kosi 40; nkankyee sɛe no mfe 500; na anyinam ahoɔden ho nneɛma sɛe no mfe 1,000.
Nwura a ɛte saa no redɔɔso kɛse. Nnansa yi wɔtontɔn nneɛma pii wɔ aguadibea, na wɔn a wɔbɔ nneɛma ho dawuru no nso pɛ sɛ yegye di sɛ yehia saa nneɛma no nyinaa. Britaniafo atesɛm krataa The Guardian no ka no pefee sɛ: “Nneɛma ho adawurubɔfo boa yɛn ma yedi yɛn ahiade ahorow a na yennim sɛ yɛwɔ no ho dwuma.” Nokwasɛm ni, wɔsɔ yɛn hwɛ ma yɛtɔ nneɛma a aba so no, anyɛ saa a yɛbɛhwere hokwan a yɛde benya biribi foforo a aba no. Na nokwarem no, wɔ wɔn a wɔbɔ nneɛma ho dawuru no fam no, “foforo” kyerɛ “adepa a ɛkyɛn so” bere a “dedaw” kyerɛ “adebɔne a atwam.”
Enti wɔtaa hyɛ yɛn ma yɛtɔ biribi foforo sen sɛ yebesiesie ade adedaw no. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ wode nneɛma foforo bɛhyɛ dedaw ananmu no ye na mfaso wɔ so sen sɛ wubesiesie dedaw no. Ɛtɔ mmere bi a ɛno yɛ nokware. Nanso mpɛn pii no, sɛ wobɛtow ade dedaw no akyene na wode foforo ahyɛ ananmu no gye sika pii na ɛho nhia nso.
Wɔyɛ nneɛma pii a wɔyɛ nnɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsan atow akyene. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubesiesie—biribi a ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem bere a woretɔ nneɛma no. Germanfo adetɔ ho nsɛmma nhoma bi kae sɛ: “Bere dodow a ɛsɛ sɛ nneɛma a ankorankoro yɛ di no so kɔ so tew. Nea ‘ɛbaa so’ nnɛra no ‘twam’ nnɛ na ɛtaa kowie sumina so. Enti, nneɛma a wɔyɛ a mfaso wɔ so no dan nwura a mfaso nni so daa!”
So adetɔfo nya nneɛma a wɔtɔ no pii yi nyinaa so mfaso? Nokwarem no, wɔn a wonya so mfaso ne nnwumakuw ahorow no a wɔn botae ne sɛ wobenya sika no. Swiss Die Weltwoche a ɛba nnawɔtwe biara no ka sɛ: “Sɛ obi de ne dan mu nkongua ne ne kar di dwuma ne nkwa nna nyinaa anaasɛ ɔde di dwuma mpɛn abien sɛnea ɛte seesei no a, ɔman no sikasɛm bɛsɛe.” Ɛnyɛ nea ebefi mu aba ankasa ne ɔman no sikasɛm a ɛbɛsɛe, esiane sɛ eyi mma adetɔfo nnyɛ adwuma nso. Ɛnde, dɛn ne nwura a ano aboa ayɛ bebree no ano aduru?
So Ɛsɛ sɛ Wɔtow Gu, Wɔde Yɛ Biribi Foforo, Anaasɛ Wɔtew So?
Aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu binom fa ɔkwan tiaa so kɔtow wɔn nneɛma a wɔmpɛ gu aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ, “wɔ Nigeria beae bi a agye dimmɔne no, wohuu nnuru bi a edi awu tɔn 3,500 wɔ ankora 8,000 bi a awe nkanare mu, a ɛresɛe asase ne nsu a wɔnom nyinaa.” Ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so tow nwura gu no ntumi nni tebea no ho dwuma na ɛnyɛ ɔkwan pa a wɔfa so ne afoforo di.
Na sɛ wɔde nneɛma a wɔmpɛ no yɛ biribi foforo sen sɛ wɔbɛtow agu kɛkɛ nso ɛ? Nokwarem no, saa nhyehyɛe no behia sɛ wɔn a wɔtɔ nneɛma no kyekyɛ wɔn nwura no mu akuwakuw, biribi a wɔahyɛ ho mmara wɔ mmeae ahorow bi. Atumfoɔ betumi aka sɛ wɔnkyekyɛ nwura no mu akuwakuw, te sɛ krataa, adaka, nnade, nhwehwɛ, ne nwura a ɛde mmoawammoawa ba a wɔde emu biara begu faako. Wobetumi ayiyi ahwehwɛ no mu aboaboa ano agu faako sɛnea ebiara kɔla te.
Ade a asɛe a wɔsan de yɛ biribi foforo so tumi ba mfaso pii. Nhoma 5000 Days to Save the Planet no ka sɛ, alumina a wɔsan de yɛ ade foforo no ma wotumi “kora anyinam ahoɔden pii so” na ebetumi “atew nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a fagude a wotu wɔ asase ani sɛe no no so.” Nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nkrataa a wɔyɛ no, sɛ ɛsɛe na wɔsan de yɛ biribi foforo a, egye anyinam ahoɔden ne nsu a wɔde yɛ no fã pɛ. . . . Wobetumi asiesie nneɛma a asɛe no pii, asan de ayɛ biribi foforo, na wɔasan de adi dwuma . . . Ɛtɔ mmere bi mpo a, mmeae a mfiridwuma bi ntumi mfa wɔn ankasa nneɛma a asɛe nyɛ hwee bio no, wobetumi asan de ayɛ biribi ama afoforo de adi dwuma . . . Wɔ Holland no, nneɛma a asɛe a wɔsan de yɛ biribi foforo ho nhyehyɛe akɔ so fi 1970 mfiase.”
Sɛ anka atumfoɔ binom bɛhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atow nwura agu no, wɔrebɔ mmɔden asi nwura dodow a wɔbɛtew so no so dua. Nhoma a yɛadi kan abɔ din no bɔ kɔkɔ sɛ, “ɛho hia sɛ wofi ase di ho dwuma ntɛm,” sɛ adesamma pɛ sɛ “wɔtwe wɔn ho fi asetra a wɔtow nneɛma gu mu . . . kɔ asetra a wɔtew nwura dodow ne nneɛma dodow a wɔyɛ so mu a.”
Nanso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ “wɔtwe wɔn ho fi asetra a wɔtow nneɛma gu mu no” nya ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma a wɔyɛ no bedi dwuma akosi bere tenten bi, na wɔtow gu bere a wohu sɛ sɛ wosiesie a ɛrenyɛ yiye koraa no. Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a wonhia nanso wobetumi de adi dwuma no ma wɔn a ɛho behia wɔn. Darmstadt Adwumayɛban a ɛwɔ Germany Öko-Institut (Abɔde Ntam Abusuabɔ Adesuabea) no bu akontaa sɛ, sɛ ofie bi de nnyinasosɛm no di dwuma yiye, na wɔde “nneɛma di dwuma sen sɛ wɔbɛsɛe no” a, wɔbɛtew nwura a wɔyɛ no so ɔha mu 75 sen ofie a wɔmfa saa nnyinasosɛm no nni dwuma no.
Na so afie pii bedi nnyinasosɛm a ɛte saa so? Ɛte sɛ nea ɛrenyɛ yiye saa. Nwura a adesamma yɛ ho nsɛnnennen no yɛ nsɛmpɔw akɛse ho agyirae. Wɔ nnɛ wiase a wɔtow nneɛma gu mu no, nnipa pii anya su a ebia yɛbɛfrɛ no sɛ nneɛma a wɔtow gu adwene. Momma yɛnhwehwɛ saa su no—ne nneɛma a anibere wom a ebetumi de aba no mu kakra mu nhwɛ.
Asiane a Ɛwɔ Nneɛma a Wɔtow Gu Ho Adwene a Wokura
Nneɛma a wɔtow gu ho adwene betumi akɔ akyiri asen nwura nketenkete a wɔtow gu. Ebetumi ama nnipa ayɛ boniayɛfo ne wɔn a wonnwen nneɛma ho, na ama wɔasɛe nnuan ne nneɛma foforo a wɔmfaa nsa nkae. Wɔn a wɔyɛ ahopɛfo na wɔma nneɛma a aba so ne nneɛma hunu a wɔpɛ ne nea wɔmpɛ hyɛ wɔn so no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma foforo hyɛ nea ɛwɔ hɔ, te sɛ ntama pa, nkongua, ne nneɛma a aka ananmu.
Nanso, nneɛma a wɔtow gu ho adwene betumi akɔ akyiri asen nneɛma kɛkɛ. Germanfo dwumadi bi a wɔhwɛ ma wɔde fie nneɛma a wɔmpɛ di dwuma bio no kaa nnansa yi sɛ: “Sɛnea yesiesie yɛn asa so no yɛ fɛ, na afei mfe anum akyi no, ɛnyɛ yɛn fɛ bio na yɛsesa de foforo hyɛ anan mu no, reda adi wɔ sɛnea yɛne nnipa di nsɛm no mu. Asɛmmisa no ne sɛ ɛnkosi da bɛn na yɛn man no bɛkɔ so adi eyi akyi.” Amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɛba sɛ obi antumi anyɛ n’adwuma yiye ammoro so a, woyi no fi hɔ de ɔfoforo hyɛ n’anan. Efisɛ, adwumayɛfo pii wɔ hɔ!”
Kan U.S. Mampanyin Abadiakyiri Al Gore bisaa nsɛntitiriw yi wɔ ne nhoma Earth in the Balance mu sɛ: “Sɛ yesusuw nneɛma a yɛde di dwuma ho te sɛ nneɛma a ɛho renhia bio ho a, so ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛne afoforo di no ho? . . . So yɛnnam saayɛ so nkyerɛ sɛnea yɛn mu biara da nsow no ho anisɔ bio?”
Ebia ɛrenyɛ den mma nnipa a wɔnkyerɛ anisɔ ne obu mma afoforo—na wɔbɔ afoforo sobo—sɛ wobetwa adamfofa mu anaasɛ wobegyae wɔn aware mu ahokafo. Bere a Germanfo atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung reka ɔkwan a wɔfa so susuw nsɛm yi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Yɛtɔ ntama mpɛn abien afe biara, mfe anan biara yɛtɔ kar foforo, na mfe du biara yɛtɔ dan mu nneɛma foforo; afe biara yɛhwehwɛ baabi a yɛbɛkɔ akogye yɛn ani wɔ akwamma bere mu; yɛsesa yɛn afie, yɛn nnwuma—ɛnde dɛn nti na yɛnsesa yɛn aware mu ahokafo?”
Ɛnnɛ ɛte sɛ nea nnipa pii pɛ sɛ wɔtow biribiara a ayɛ adesoa ama wɔn no gu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Europa man bi mu no, akontaabu bi kyerɛ sɛ nnyinamoa 100,000 ne akraman 96,000 na wɔn wuranom gyaw wɔn guu baabi wɔ 1999 mu. Obi a n’ani gye mmoa ho kae sɛ ne man mufo “mpɛ” mmoa a wɔyɛn wɔn kyɛ. Sɛ wɔtɔ ɔkraman ba wɔ September mu a, wogyae no [wɔ afe akyi bere a wɔkɔ akwamma no] August mu.” Nea enye koraa no, nneɛma a wɔtow gu ho adwene atrɛw kɔ adesamma asetra mu ankasa.
Nkwa a Wommu
Ɛnnɛ ɛte sɛ nea nnipa pii susuw sɛ wɔn ankasa nkwa nsom bo ahe biara. Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Sɛ nhwɛso no, Europafo nsɛmma nhoma bi kae nnansa yi sɛ yɛ a mmofra ayɛ krado sɛ wɔde wɔn ho bɛto asiane mu no renya nkɔanim nnansa yi. Yebetumi ahu eyi wɔ ɔpɛ a wɔanya sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ agodi a ɛyɛ hu mu no mu. Bere tiaa mu anigye nti, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu ankasa! Adwumawuranom a wɔn ani abere hwehwɛ mfaso no anigye ho sɛ wɔnam saa su yi so benya mfaso. German ɔmanyɛfo bi kae sɛ wɔn a wɔhyɛ agumadi a ɛyɛ hu ho nkuran no “taa susuw ho sɛ sika a wobenya no som bo sen nnipa akwahosan ne wɔn nkwa.”
Na nnipa a wonnya nwoo wɔn na wɔtow wɔn gu no nso ɛ? Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ “wiase nyinaa no mmofra bɛyɛ ɔpepem 75 a wonyinsɛn wɔn afe biara no yɛ mmofra a wɔmpɛ wɔn. Wɔ mmea pii fam no nyinsɛn a wotu gu nkutoo ne ano aduru.” Sɛ wɔwo nkokoaa no mpo a, wɔn nkwa da asiane mu. Sɛnea Brazilfo atesɛm krataa O Estado de S. Paulo kyerɛ no, “mmofra a wɔtow wɔn gu mmɔnten ho nsɛm redɔɔso.” So eyi nso rekɔso wɔ faako a wote no?
Wiase yi mu baabiara a yɛte nnɛ no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ wobu nnipa nkwa sɛ ɛnsom bo, mfaso nni so, biribi a ɛsɛ sɛ wɔtow kyene bere biara a wɔpɛ. Yehu su yi wɔ anigyede a agye din a nsɛmmɔnedi kɔ so wom, a “nnɔmmarima” kunkum “nnipa bɔnefo” wɔ sini biako anaa TV so dwumadi mu no mu. Yehu wɔ nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ asase so baabiara, a awifo kunkum nkurɔfo esiane wɔn sika kakra a wɔrepɛ agye nti no mu—anaasɛ wokum wɔn a ntease biara nni mu. Na yɛte ho asɛm wɔ radio so amanneɛbɔ a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa amumɔyɛfo dwumadi, mmusua a wɔtɔre wɔn ase, ne awudi ho mu, a nnipa a wɔn koma yɛ den kunkum nnipa a wɔn dodow nni ano no—nkwa a ɛsom bo a wɔtow gu te sɛ nwura.
Ebia yɛrentumi nkwati sɛ yɛbɛtra aman a wɔtow nneɛma gu mu, nanso yebetumi apo nneɛma a wɔtow gu ho adwene a enye no. Asɛm a edi hɔ no besusuw nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina asetra a wɔtow nneɛma gu ano ne su horow a enye a ɛde ba no.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Wɔ mmeae pii no, ɛyɛ mmara sɛ wɔde nneɛma a wɔmpɛ no bedi dwuma foforo
[Mfonini wɔ kratafa 7]
So nneɛma a aba so no ka wo ma wotow ntade pa gu tɔ foforo?
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Ɛsɛ sɛ wobu mmofra a wɔnnwoo wɔn sɛ wɔsom bo, na ɛnsɛ sɛ wɔtow wɔn gu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
Index Stock Photography Inc./BSIP Agency
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Nkwa som bo dodo sɛ wɔde bɛto asiane mu esiane agodi nti