“Ná Ɛsɛ Sɛ Mihu Pii”
AFE a etwaam no, ɔbea bi kyerɛwee sɛ: “Nnɛra me nsa kaa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a mibisae no wɔ amanae.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na wadi kan anya dawurubɔ abien afa nhomawa no ho dedaw. Ɔkae sɛ: “Mede ahopere twɛnee sɛ ɛbɛba efisɛ bere a mekenkanee dawurubɔ no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mihu pii. Bere a me nsa kaa nhomawa no, mekenkanee no ntɛm ara sɛnea metumi. Aba wɔ biribiara a ɛwɔ mo nhomawa no mu na efi Bible no mu.”
Ɔde baa awiei sɛ: “Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nea makenkan no ho biribi ntɛm.”
Yegye di sɛ wo nso wubenya nhomawa a ekura nkratafa 32, Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? no akenkan so mfaso. Sɛ adesua a ɛkanyan anigye, “Hena Ne Yesu Kristo?” no da nkyɛn a, wubehu adesua afoforo, a ebi ne “Hena Ne Nyankopɔn?,” “Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?,” ne “Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?” Sɛ wopɛ sɛ wunya nhomawa yi bi a, hyehyɛ krataa a ɛka ho no fa mena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.
□ Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmena me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.