Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 9/8 kr. 9-11
  • Sɛnea Wubegyina Asetra a Wɔtow Nneɛma Gu Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubegyina Asetra a Wɔtow Nneɛma Gu Ano
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwati Adesɛe
  • Kwati Adifudepɛ
  • Sua sɛ Wobɛkyɛ Ade
  • Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ
  • So ano Aduru Wɔ Hɔ?
    Nyan!—2002
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2002
  • Ɔman a Wɔtow Emu Nneɛma Gu Mu Asetra
    Nyan!—2002
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Sika Ho Adwene a Ɛkari Pɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 9/8 kr. 9-11

Sɛnea Wubegyina Asetra a Wɔtow Nneɛma Gu Ano

“WƆ ADEBƆ mu no . . . biribiara nni hɔ a ɛho nhia.” Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, ɛno ne adwene a onimdefo bi a wobu no kura wɔ biribi a wɔsan de yɛ ade foforo ho. Na ɔretwe adwene asi ɔkwan a ɛda nsow a wɔde biribi a nkwa nnim anaa adebɔ mu nneɛma bi a wɔatow agu a wɔsan de yɛ biribi foforo bere nyinaa ma ɛso ba mfaso no so. Wɔka sɛ onimdefo koro no ara te nka sɛ “adesamma betumi asua adebɔ mu nneɛma a wɔtow gu kwa ho ade, nanso ebegye mfiridwuma ho nimdeɛ foforo ne nsakrae kɛse a wɔbɛyɛ wɔ abrabɔ mu.”

Ebetumi aba sɛ yɛn mu pii ntumi nnya mfiridwuma ho nimdeɛ foforo yi. Nanso yɛn abrabɔ yɛ biribi a yebetumi adi so! Su pa a yɛbɛda no adi wɔ abrabɔ pa ho nnyinasosɛm atitiriw mu bɛboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow a yehyia wɔ asetra a wɔtow nneɛma gu mu no so.

Kwati Adesɛe

Nnipa baanum biara mu biako da kɔm anadwo. Ɛsɛ sɛ nim a yenim eyi no ka yɛn ma yehu hia a ehia sɛ yɛbɛkyerɛ aduan ho anisɔ na yɛakwati sɛ yɛbɛsɛe no. Awarefo bi a wɔsan kɔɔ Europa mfe 28 akyi a wɔde yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Afrika no kae sɛ ade biako a na ɛhaw wɔn kɛse ne sɛnea wobegyina “ɔkwan a nkurɔfo tow aduan gu no ano” wɔ wɔn mu no.

Awofo a wonim nyansa kyerɛ wɔn mma sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa aduan a wobetumi adi nkutoo gu wɔn kankyee mu bere a wodidi. Saa a wɔyɛ no tew nwura ne aduansɛe so. Ɛyɛ papa sɛ wobedi kan afa kakraa bi ansa na wɔafa bi aka ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awofo yɛ nhwɛso. Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn nyinaa denam nokware anisɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn honhom fam ne honam fam nsiesie ahorow no so. Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Yesu kwatii sɛ ɔbɛsɛe aduan—ɛmfa ho mpo sɛ na wɔnam anwonwa kwan so anya pii no!—Yohane 6:11-13.

Ebia wobetumi de nnyinasosɛm a ɛne sɛ wɔbɛkwati adesɛe no adi dwuma wɔ ntade, dan mu nneɛma, ne mfiri nso ho. Nneɛma a yɛbɛhwɛ asiesie no yiye na yɛde adi dwuma bere tenten a ɛfata sɛ yɛyɛ saa no kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Ɛnsɛ sɛ yɛma mmɔden a dawurubɔ nnwuma bɔ sɛ yɛn ani nnye nea yɛwɔ ho denam biribi kɛse, ye a eye, kɔ a ɛkɔ ntɛm, ne ahoɔden a ɛwɔ a wɔde bɛma yɛn so no daadaa yɛn. Ɛwom, ebia yɛwɔ hokwan biara sɛ yɛbɛsesa agyapade ahorow a yɛda so ara de di dwuma. Nanso ansa na yɛbɛyɛ saa no, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn abrabɔ ne yɛn nsusuwii mu hwɛ.

Kwati Adifudepɛ

Bere a na Israelfo no nam sare so rekɔ Bɔhyɛ Asase so no, wɔmaa wɔn mana sɛ aduan. Sɛnea Bible amanneɛbɔ kyerɛ no, na wɔma wɔn mana pii. Nanso wɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adifudepɛfo; na ɛsɛ sɛ wɔfa nea wobedi nkutoo. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no hui sɛ adifudepɛ so nni mfaso, efisɛ mana a wogyawee no dɔɔ mmoawa na ɛbɔnee. (Exodus 16:16-20) Mpɛn pii na Bible no ka no denneennen sɛ adifudepɛ nye koraa.—Efesofo 5:3.

Ɛnyɛ Bible no nko na ɛka saa. Sɛ nhwɛso no, Seneca, afeha a edi kan mu Roma nyansapɛfo ne agorukyerɛwfo bi hui sɛ biribiara nsɔ obi a ɔyɛ odifudepɛfo ani da. Ɔkae sɛ: “Odifudepɛfo de, wiase nneɛma nyinaa nsɔ n’ani.” Erich Fromm a ɔyɛ nyansapɛfo wɔ afeha a ɛto so 20 mu no kaa biribi a ɛte saa ara sɛ: “Adifudepɛ te sɛ obi a ɔrekɔ nsu agu ankora a tokuru da to mu, wobrɛ wo ho sɛ dɛn ara a, ɛnyɛ ma da.” Nea ɛsen kwati a yɛbɛkwati adifudepɛ ne adesɛe no, akwan horow wɔ hɔ a nnipa pii afa so.

Sua sɛ Wobɛkyɛ Ade

Ansa na wobɛtow nneɛma a ɛda so ara ye agu no, susuw ho hwɛ sɛ hena na n’ani begye ho sɛ obenya. Sɛ nhwɛso no, bere a mmofra nyin gya wɔn ntade no, so mmofra afoforo betumi ahyɛ? So wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa ara wɔ agyapade ahorow a ɛda so ara som bo a womfa nni dwuma bio sɛnea na ɛte bere bi no ho? Ma obi foforo nnya anigye a ade koro no ma wunyae denam ma a wode bɛma no so. Amerika nhoma kyerɛwfo ne obi a oyi aseresɛm Mark Twain kyerɛwee bere bi sɛ: “Sɛ wubenya anigye a edi mũ ankasa a ɛsɛ sɛ wokyɛ obi ade.” Ebia woate nka pɛn sɛ, sɛ wone obi kyɛ anigye a wowɔ a w’anigye yɛ kɛse. Eyi da nkyɛn a, anigye a wɔne afoforo nya wɔ saa kwan yi so no boa ma nkɛntɛnso bɔne a ɛma wonya adwene sɛ wobɛtow biribi agu no fi hɔ.

Afoforo a yɛne wɔn bɛkyɛ nea yɛwɔ yɛ suban a Bible no hyɛ ho nyansa kɛse. (Luka 3:11; Romafo 12:13; 2 Korintofo 8:14, 15; 1 Timoteo 6:18) Nokwarem no, hwɛ sɛnea anka wiase bɛyɛ anigye bere a emu nnipa nyinaa nya ɔpɛ sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ nea wɔwɔ no!

Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ

Onipa a n’ani sɔ nea ɔwɔ no ani gye. Eyi yɛ nokware turodoo. Hela abebusɛm bi ka sɛ: “Nea n’ani nsɔ ade ketewa no, n’ani nsɔ hwee.” Na Japanfo ka sɛ: “Ohiani ne obi a n’ani nsɔ nea ɔwɔ.” Bible no nso ka sɛ yɛmma yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ. Yɛkenkan sɛ: “Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:6-8; Filipifo 4:11.

Ɛwom, ebetumi aba sɛ nea yɛwɔ a yɛbɛma yɛn ani asɔ no bɛhwehwɛ “nsakrae kɛse a yɛbɛyɛ wɔ abrabɔ mu.” Nnansa yi ara ababaa bi a ne din de Susanne hui sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ m’adwene sɛ esiane sɛ mintumi nnya biribiara a mepɛ nti, ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛma m’ani asɔ nea mewɔ. Seesei m’ani gye na m’ani sɔ nea mewɔ.”

Yɛn ani a yɛbɛma asɔ nea yɛwɔ no de anigye ba ankasa. Ɔbenfo Argir Hadjihristev, a ɔyɛ mpanyinyɛ ho nimdefo wɔ Bulgaria no ka sɛ: “Nea edi kan a enye titiriw koraa ne sɛ obi mma n’ani nsɔ nea ɔwɔ.” Bere a ɔretwe adwene asi apɔwmuden a nea yɛwɔ a yɛbɛma yɛn ani asɔ de ba so no, ɔde ka ho sɛ: “Obi a ɔmmɔ mmɔden sɛ obedi yiye asen ne mfɛfo, na ɔmmɔ mmɔden sɛ bere nyinaa obenya nneɛma pii no, ne obiara nsi akan wɔ asetra mu na n’asom dwo no. Na ɛno so wɔ mfaso ma nipadua no.”

Yiw, asetra a wɔtow nneɛma gu ntumi mfa nokware anigye mma. Na menne sɛ yebenya adwene sɛ yɛbɛtow nneɛma agu! Ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii afi ase rete eyi ase. Na wo nso ɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ehia sɛ mmofra sua sɛnea wɔbɛkwati aduansɛe

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yesu yɛɛ nhwɛso pa wɔ sɛnea yɛbɛkwati adesɛe ho

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dɛn nti na womfa nneɛma a womfa nni dwuma bio no mma afoforo sen sɛ wobɛtow agu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena