Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 10/8 kr. 32
  • Yebetumi Anya Abusua Asetra a Anigye Wom!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebetumi Anya Abusua Asetra a Anigye Wom!
  • Nyan!—2002
Nyan!—2002
g02 10/8 kr. 32

Yebetumi Anya Abusua Asetra a Anigye Wom!

ƆBEA bi a wadi mfe 23 a ofi Maladzyechna kurow mu wɔ Belarus no kyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Russia no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔwɔ kunu ne mma baanu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me ne me kunu dɔ yɛn ho. Nanso, mihui sɛ dodow a yɛkɔɔ so trae no, dodow no ara na yɛkɔɔ so hawee na yegyee akyinnye, a ɛte sɛ nea ntease nnim koraa. Ɔsram kakra a atwam yi, obi a minnim no gyinaa me wɔ ɔkwan mu na ɔmaa me kratawa a n’asɛmti ne Nya Abusua Asetra Mu Anigye. Mfiase no, m’adwene kɔɔ abusua a anigye wom ho mfonini fɛfɛ no so. Akyiri yi, mekenkan emu nsɛm no na mede maa me kunu kenkanee.

“Anwonwasɛm ne sɛ, sɛ mɛka a, ɛnyɛ yɛn abusua asetra nko na atu mpɔn, na mmom asesa koraa. Yɛabehu seesei sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya anigye. Nea ehia nyinaa ne komam a wubefi ada ɔdɔ kakra adi na woayɛ ɔdemafo. Nea ehia ne sɛ wobɛma w’asetra ne Onyankopɔn mmara nsɛm ahyia, adɔ Onyankopɔn ne nnipa, a w’abusua ne ahɔho ka ho.”

Ɔde baa awiei sɛ: “Asetra abɛyɛ nea ɛyɛ mmerɛw na anigye wom. Yɛpɛ sɛ yɛkɔ so sua Bible no na yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma no.”

Yegye di sɛ wo nso wubetumi anya mfaso afi Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa no mu. Yɛn ani begye ho nso sɛ yɛde nhoma a ekura nkratafa 192 a n’asɛmti ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba bɛka ho. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka kratawa ne nhoma no nyinaa bi a, yɛsrɛ wo hyehyɛ krataa a wɔde kra no na fa mena address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.

□ Momfa Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena