Bible no Adwene
Fam a Wotutu Hwehwɛ Tetefo Nneɛma Mu—So Ɛho Hia na Yɛanya Gyidi?
Wɔ 1873 mu no, Engiresi sɔfo Samuel Manning kyerɛw faa Yerusalem ho sɛ: “Esiane sɛ nneɛma a etumi twe nkurɔfo adwene kɛse wɔ hɔ nti, akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma fi wiase afanan nyinaa sen yuu kɔ hɔ. Adesamma ɔpepem pii kyerɛ afasu a ɛredwiriw agu, akwan a efĩ ayɛ so ma, ne amamfõ a eyi ntuw no ho anigye kɛse sen asase so beae foforo biara.”
ESIANE sɛ wobu no sɛ Asase Kronkron nti, atwetwe nkurɔfo adwene fi anyɛ yiye koraa no, Roma Hempɔn Constantine bere so so.a Akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma de bɛyɛ mfirihyia 1,500 dii Asase Kronkron no so akɔneaba hwehwɛe sɛ wɔne ankorankoro benya ɔsom mu nkitahodi. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, afeha a ɛtɔ so 19 mu ansa na animdefo fii ase dii akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma yi akyi, na ɛno buee kwan sɛ wobetutu fam ahwehwɛ Bible ho nneɛma—tete Asase Kronkron no so adwinni, nnipa, mmeae, ne kasa ahorow ho nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ.
Nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu hui no ama wɔanya Bible mmere ho nneɛma pii ho ntease kɛse. Afei nso, nneɛma a wɔatutu fam ahu ho kyerɛwtohɔ ne Bible ho abakɔsɛm ahyia mpɛn pii. Nanso, so nimdeɛ a ɛte saa ho hia ma Kristofo gyidi? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua no, momma yɛmfa yɛn adwene nsi mmeae pii a wɔatutu fam ahwehwɛ tetefo nneɛma mu—Yerusalem kurow no ne n’asɔrefie—no so.
“Wɔrennyaw Ɔbo Ɔbo So”
Wɔ Nisan 11 wɔ Yudafo kalenda so, wɔ afe 33 Y.B. fefɛw bere mu no, Yesu Kristo, a na n’asuafo no bi ka ne ho, fii Yerusalem asɔrefie hɔ bere a etwa to koraa. Bere a wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ngo Bepɔw so no, asuafo no biako kae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!”—Marko 13:1.
Ná saa Yudafo anokwafo yi wɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma Onyankopɔn ne n’asɔrefie. Ná wɔhoahoa wɔn ho wɔ ɔdan nwonwaso a ɛyɛ fɛ ne mfeha 15 amammerɛ a egyina hɔ ma no no ho. Ná mmuae a Yesu de maa n’asuafo no yɛ ahodwiriw: “Woahu aban kɛse yi? Wɔrennyaw ɔbo ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam.”—Marko 13:2.
Afei a na Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no aba no, na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ama kwan ma wɔasɛe n’ankasa asɔrefie? Ná ɛdenam honhom kronkron no mmoa so nkutoo na Yesu asuafo no de nkakrankakra bɛte nea na ɔrepɛ akyerɛ no ase koraa. Nanso, dɛn na Yesu nsɛm ne Bible ho nneɛma a wɔatutu fam ahu no wɔ yɛ?
“Kurow” Foforo
Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, Yuda man no hweree wɔn gyinabea pa a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no. (Mateo 21:43) Eyi maa biribi a ɛso kyɛn so—ɔsoro nniso a ɛde nhyira bɛbrɛ adesamma nyinaa—besii ananmu. (Mateo 10:7) Nea ɛne Yesu nkɔmhyɛ no hyia no, wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no wɔ afe 70 Y.B. mu. Fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu no foa Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa saa asɛm no ho so. Nanso wɔ Kristofo fam no, wɔn gyidi nnyina saa tete asɔrefie no amamfõ a ebia wɔahu so. Wɔn gyidi gyina Yerusalem foforo so, nanso saa kurow yi yɛ kurow soronko.
Wɔ afe 96 Y.B. mu no, ɔsomafo Yohane, a ɔtee Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem ne n’asɔrefie sɛe ho na ɔde n’ani huu ne mmamu no, nyaa anisoadehu a edi so yi: “Mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.” Ɛnne bi fi ahengua no mu kae sɛ: “Ɔbɛtra mu wɔ [adesamma] mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:2-4.
Kristofo anokwafo a wɔne Kristo bɛbom asom sɛ ahene wɔ soro no na wɔbom yɛ saa “kurow” yi. Wɔbom yɛ ɔsoro nniso—Onyankopɔn Ahenni—a ebedi asase so na ɛde adesamma abusua akɔ pɛyɛ mu wɔ Mfirihyia Apem no mu no. (Mateo 6:10; 2 Petro 3:13) Afeha a edi kan mu Yudafo Kristofo foforo a na wɔbɛyɛ saa kuw no mufo no hui sɛ wontumi mfa biribiara a na wɔwɔ wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe mu no ntoto hokwan a ɛne sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no ho.
Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw dibea a ɛkorɔn a na okura wɔ Yudasom mu ho asɛm no, ɔkaa ne nyinaa ho asɛm sɛ: “Nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere. Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no nti.”—Filipifo 3:7, 8.
Esiane sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ obu a ɛsen biara ma Onyankopɔn Mmara ne asɔrefie nhyehyɛe no nti, ɛda adi sɛ ne nsɛm no nkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wobu ani gu Onyankopɔn nhyehyɛe yi so.b (Asomafo no Nnwuma 21:20-24) Ná Paulo repɛ akyerɛ kɛkɛ sɛ Kristofo nhyehyɛe no korɔn sen Yudafo nhyehyɛe no.
Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo ne afeha a edi kan mu Yudafo Kristofo foforo wɔ nimdeɛ pɔtee bi fa Yudafo nneɛma nhyehyɛe no ho nsɛm a ɛyɛ anigye no pii ho. Na esiane sɛ fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu ma yehu nea asi atwam nti, Kristofo betumi akyerɛ saa nsɛm no bi ho anigye. Nanso, hyɛ nneɛma a Paulo ka kyerɛɛ aberantewaa Timoteo sɛ ɔmfa n’adwene nsi so ankasa no nsow: “Eyinom [nneɛma a ɛfa Kristofo asafo no ho] ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.”—1 Timoteo 4:15.
Nea ɛfata nkamfo no, Bible ho nneɛma a wɔatutu fam ahu no ama yɛn ntease a ɛfa beae a wɔkyerɛw Bible no ho mu ayɛ kɛse. Nanso, Kristofo nim sɛ ɛnyɛ adanse a nnipa ahu so na wɔn gyidi gyina, na mmom Onyankopɔn Asɛm, Bible, no so.—1 Tesalonikafo 2:13; 2 Timoteo 3:16, 17.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ná Constantine ne ne maame, Helena, nyinaa ani gye ho sɛ wobehu Yerusalem mmeae a ɛyɛ kronkron no. Maame no ankasa kɔsraa Yerusalem. Afoforo pii dii n’anammɔn akyi mfehaha pii a ɛbaa akyiri yi.
b Afeha a edi kan mu Yudafo Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no dii Mose Mmara no afã ahorow so bere tenten bi, a ɛda adi sɛ ntease a edi so yi nti na wɔyɛɛ saa. Ná Mmara no fi Yehowa hɔ. (Romafo 7:12, 14) Ná wɔde adua Yudafo no mu sɛ amammerɛ. (Asomafo no Nnwuma 21:20) Ná ɛyɛ asase no so mmara, na na ɛso a wonni no betumi ama ɔsɔretia a ɛho nhia aba Kristofo nkrasɛm no so.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]
Atifi: Yerusalem wɔ 1920 mu; Romafo sika a na Yudafo de di dwuma, 43 Y.B.; asonse atẽa aba a afefɛw, a ɛbɛyɛ sɛ efi Salomo asɔrefie hɔ, afeha a ɛtɔ so awotwe A.Y.B. mu
[Nsɛm Fibea]
Pages 2 and 18: Coin: Photograph © Israel Museum, Jerusalem; courtesy of Israel Antiquities Authority; pomegranate: Courtesy of Israel Museum, Jerusalem