Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 12/8 kr. 29-31
  • Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛyɛ Nea Emu Yɛ Den Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛyɛ Nea Emu Yɛ Den Ankasa?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnaadaa a Emu Yɛ Den
  • Sɛnea Atipɛnfo Nhyɛso Yɛ Adwuma
  • Nea Enti a Atipɛnfo Nhyɛso Betumi Ayɛ Asiane
  • Ɛho Hia Sɛ Yehu Tumi a Atipɛnfo Nhyɛso Wɔ No
  • Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso
    Nyan!—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano?
    Nyan!—2003
  • Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛso Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 12/8 kr. 29-31

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Atipɛnfo Nhyɛso—So Ɛyɛ Nea Emu Yɛ Den Ankasa?

“Minnye nni sɛ mete atipɛnfo nhyɛso nka.”—Pamela, osuani a ɔkɔ ntoaso sukuu.

“Minnye nni sɛ atipɛnfo nhyɛso wɔ me so tumi bio. Nhyɛso a mihyia no fã kɛse no ara fi m’ankasa.”—Robbie, aberante a wadu ne mpanyin afe so.

SO WOATE nka saa pɛn? Nokwarem no, ebia wunim sɛ Bible no ka sɛ: “Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbrapa.” (1 Korintofo 15:33) Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘So wɔagugu tumi a atipɛnfo nhyɛso wɔ no mu dodo—ebia ano nyɛ den te sɛ nea m’awofo ne mpanyimfo afoforo ka no?’

Sɛ bere ne bere mu no w’adwene mu tumi yɛ wo naa wɔ eyi ho a, ɛnyɛ wo nko ne abofra a odi kan a woasusuw saa. Nanso yɛsrɛ sɛ susuw nea ebetumi ama aba saa yi ho hwɛ. So ebia atipɛnfo nhyɛso wɔ nkɛntɛnso kɛse sen sɛnea wususuw no? Tumi a atipɛnfo nhyɛso wɔ no ama mmerante ne mmabaa pii ho adwiriw wɔn. Sɛ nhwɛso no, Angie ka sɛ na ɔyere ne ho sɛ ɔne amanfo bɛyɛ pɛ a na n’ani nni ne ho so. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a nhyɛso a amanfo de ba no ano yɛ den ara ma wuntumi nhu sɛ ɛyɛ atipɛnfo nhyɛso. Wufi ase susuw sɛ ɛyɛ nhyɛso bi a ɛwɔ w’ankasa mu.”

Saa ara na Robbie, a yɛafa n’asɛm aka wɔ atifi hɔ no nso ka sɛ nhyɛso a ɛkyɛn biara a wakɔ mu pɛn no fi n’ankasa. Nanso, ogye tom sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛtra abɛn kurow kɛse. Dɛn ntia? Esiane atipɛnfo nhyɛso a honam fam adedodowpɛ a atwa yɛn ho ahyia de ba no nti. Ɔka sɛ: “Ahonyade yɛ ade a wobu no titiriw wɔ ha.” Ɛda adi pefee sɛ, atipɛnfo nhyɛso yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛnde, dɛn nti na mmabun pii susuw sɛ atipɛnfo nhyɛso nnya wɔn so nkɛntɛnso?

Nnaadaa a Emu Yɛ Den

Atipɛnfo nhyɛso betumi ayɛ nnaadaa—nokwarem no, ebia yɛrenhyɛ no nsow koraa. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a: Sɛ yɛwɔ po so a, mframa a ɛwɔ ahunmu mu duru bɛyɛ kilogram 1 wɔ mita ahinanan biara mu hyɛ yɛn so daa.a Wubetumi atra saa nhyɛso yi ase daa, nanso ɛyɛ den sɛ wubehu. Dɛn ntia? Efisɛ akokwaw wo.

Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ mframa dodow a ɛwɔ ahunmu no sɛe ade. Mmom no sɛ nkurɔfo hyɛ yɛn so wɔ anifere kwan so a, wɔde nkakrankakra bɛma yɛasesa. Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ atipɛnfo nhyɛso wɔ tumi. Ɔde afotu maa Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Mommma wiase a mote mu no nnhyɛ mo so mma monnyɛ nea ɛpɛ.” (Romafo 12:2, The New Testament in Modern English) Nanso, ɔkwan bɛn so na eyi betumi asi?

Sɛnea Atipɛnfo Nhyɛso Yɛ Adwuma

So w’ani gye bere a afoforo pene wo so anaasɛ wogye wo tom no? Yɛn mu pii begye atom sɛ yɛn ani gye. Nanso, ɔpɛ ankasa a yɛwɔ ma saa mpeneso no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so anaa epira. Ɛhe na yɛbɛyɛ yɛn ade akodu de anya mpeneso a yɛn kɔn dɔ no? Sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ yɛremma ennya yɛn so nkɛntɛnso bɔne mpo a, wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nso ɛ? So wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia atipɛnfo nhyɛso, anaasɛ wɔrema kwan ma akyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

Sɛ nhwɛso no, nnipa pii bu Bible gyinapɛn ma abrabɔ pa sɛ biribi a atwam anaa yentumi mfa nni dwuma wɔ wiase yi mu nnɛ. Nnipa pii susuw sɛ ɛho nhia pii sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔhwehwɛ sɛ yɛfa so wɔ N’asɛm mu no. (Yohane 4:24) Dɛn nti na wɔte nka saa? Mmuae no fã bi befi atipɛnfo nhyɛso. Wɔ Efesofo 2:2 no, Paulo ka wiase yi nneɛma nhyehyɛe ho asɛm sɛ ɛwɔ “honhom” bi, anaa nkɛntɛnso su bi. Saa honhom no hyɛ nkurɔfo so ma wodwen te sɛ wiase a ennim Yehowa no. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka yɛn?

Wɔ yɛn da biara da dwumadi a ɛfa sukuu kɔ, adesua, abusua mu asɛyɛde ahorow, ne adwuma ho no, yɛtaa ne nnipa a wonkura yɛn Kristofo gyinapɛn ahorow no nyinaa bi di afra. Sɛ nhwɛso no, wɔ sukuu mu no, ebia nnipa pii wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wogye din ɔkwan biara so, wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu, anaa nnubɔnenom ne asabow mu mpo. Sɛ yɛfa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe a ɛte saa mu anaa wogye tom sɛ asɛm biara nni ho, na mpo ɛfata no bi nnamfo a yɛne wɔn bɔ a, dɛn na ebefi mu aba? Ɛda adi sɛ yebefi ase—ebia mfiase no yɛbɛyɛ no nkakrankakra—de yɛn ho ahyɛ nneyɛe a ɛte saa mu. Wiase no “honhom” anaa “mframa” bɛhyɛ yɛn so, ebemia yɛn ma yɛayɛ nea wiase no pɛ.

Anigyesɛm ne sɛ, nnɛyi asetram nsɛm ho animdefo ayɛ nhwehwɛmu a ɛfoa Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi so. Susuw nhwehwɛmu a Asch yɛe a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow yi ho hwɛ. Wɔtoo nsa frɛɛ obi sɛ ɔmmɛka nnipakuw bi a wɔabom te faako ho. Oduruyɛfo Asch de krataa kɛse bi a wɔasan so fi soro kyerɛe, afei ɔde krataa foforo a ɛsono nsensanee abiɛsa a efi soro ba fam wɔ so no mu biara kyerɛe. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ kuw no mu biara sɛ ɔnkyerɛ nsensanee abiɛsa no mu nea ɛne nea edi kan no sɛ. Mmuae no nyɛ den. Mfiase no de, wɔn nyinaa adwene hyiae. Nanso bere a obisaa ne mprɛnsa so no nsakrae bae.

Sɛnea na ɛte kan no, ɛnyɛ den sɛ wobɛkyerɛ nsensanee no mu nea edi nsɛ. Nanso na onii a wɔresɔ no ahwɛ no nnim sɛ, wɔabɔ ebinom a wɔwɔ kuw no mu paa sɛ wɔnyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔka nhwehwɛmu no ho. Wɔn nyinaa gyee mmuae a na ɛyɛ mfomso no toom. Dɛn na efi mu bae? Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu 25 pɛ na wogyinaa nea wohui sɛ ɛyɛ nokware no so. Anyɛ yiye koraa no, wɔn a aka no nyinaa ne kuw no yɛɛ adwene pɛnkoro—ɛwom mpo sɛ na eyi hwehwɛ sɛ wobu wɔn ani gu nea wohui pɔtee no so de!

Ɛda adi pefee sɛ, nkurɔfo pɛ sɛ wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia yɛ pɛ—ɛkɔ akyiri araa ma dodow no ara bu wɔn ani gu biribi a wonim sɛ ɛyɛ nokware mpo so. Mmabun pii afa saa nhyɛso tebea yi mu pɛn. Daniel a wadi mfe 16 ka sɛ: “Atipɛnfo nhyɛso betumi ama woasesa. Na nhyɛso no yɛ kɛse bere a nnipa pii wɔ hɔ no. Ebia wubefi ase asusuw mpo sɛ nea wɔreyɛ no teɛ.”

Angie, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, de nhyɛso a ɛte saa a ɛkɔ so wɔ sukuu mu no ho mfatoho ma: “Sɛ wowɔ ntoaso sukuu nketewa mu a, atade a wobɛhyɛ ho asɛm hia wo paa. Wopɛ sɛ wunya ntade a aba so foforo. Ɛnyɛ nea wopɛ ne sɛ anka wobɛtew sika dɔla 50 atɔ hyɛɛt biako—dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔyɛ saa?” Sɛnea Angie kyerɛ no, sɛ woba nhyɛso ase a ɛyɛ den sɛ wubehu. Nanso, so atipɛnfo nhyɛso betumi anya yɛn so nkɛntɛnso wɔ nsɛm a anibere wom mu?

Nea Enti a Atipɛnfo Nhyɛso Betumi Ayɛ Asiane

Fa no sɛ woreguare wɔ po mu. Bere a w’ani abere reguare na wo ne asorɔkye rebu fa so no, tumi a ano yɛ den afoforo nso reyɛ adwuma a wunnim. Asorɔkye no bɔ wo ba mpoano, nanso nsu a ɛreworo fa ase no twe wo a wunnim. Ɛtwe wo nkakrankakra kɔ nkyɛn. Awiei koraa a wubeduu mpoano no, na wunhu w’abusuafo ne wo nnamfo. Woanhu sɛnea nsu no atwe wo kɔ nkyɛn afa! Saa pɛpɛɛpɛ na wɔ yɛn da biara da dwumadi mu no, nneɛma kɛntɛn yɛn nsusuwii ne yɛn nkate so bere nyinaa. Saa nkɛntɛnso yi betumi atwe yɛn afi gyinapɛn horow a yɛaka sɛ yebekura mu pintinn no ho koraa, ansa na yɛn ani aba yɛn ho so.

Sɛ nhwɛso no, na ɔsomafo Petro yɛ ɔbarima kokodurufo. Anadwo a na wɔrebɛkyere Yesu no, ofi akokoduru mu twee nkrante wɔ nkurɔfokuw a na wɔn bo afuw no so. (Marko 14:43-47; Yohane 18:10) Nanso, mfe bi akyi no, atipɛnfo nhyɛso maa ɔyɛɛ animhwɛ ma ɛho daa hɔ. Ɔtwee ne ho fii Amanaman mufo Kristofo ho—ɛwom mpo sɛ na wadi kan anya anisoadehu afi Kristo hɔ ma waka akyerɛ no sɛ mma ommmu Amanaman mufo sɛ wɔn ho ntew. (Asomafo no Nnwuma 10:10-15, 28, 29) Ebia ná ɛyɛ den ma Petro sɛ ɔbɛma afoforo abu no animtiaa sen sɛ obegyina nkrante ano! (Galatifo 2:11, 12) Nokwarem no, atipɛnfo nhyɛso betumi ayɛ asiane.

Ɛho Hia Sɛ Yehu Tumi a Atipɛnfo Nhyɛso Wɔ No

Yebetumi anya asuade titiriw bi afi Petro nhwɛso no mu. Den a yɛyɛ wɔ akwan bi so no nkyerɛ sɛ yɛyɛ den wɔ biribiara mu. Ná Petro tɔ sin wɔ nneɛma bi mu, te sɛ yɛn nyinaa ara. Ɛmfa ho nipa ko a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ mmeae horow a yɛyɛ mmerɛw no. Ɛsɛ sɛ yefi nokwaredi mu bisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn mu na meyɛ mmerɛw? So mema me kɔn dɔ akɛsesɛm? So mama ahomaso akɛntɛn me koma so? Mɛyɛ ade akodu he de anya nkamfo, gyinabea, ne din?’

Ebia yɛnhyɛ da mfa yɛn ho nkɔto asiane mu denam wɔn a wɔn bra asɛe a wɔnom nnubɔne anaa wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu a yɛde yɛn ho bɛbɔ wɔn no so de. Nanso, wɔ yɛn mmerɛwyɛ nketenkete ho nso ɛ? Sɛ yɛde yɛn ho bɔ wɔn a wɔbɛkɛntɛn yɛn so wɔ baabi a yɛyɛ mmerɛw a, ɛnde na yɛrema yɛn ho kwan ma atipɛnfo nhyɛso anya yɛn—ebia ebepira yɛn koraa.

Nanso, anigyesɛm ne sɛ, ɛnyɛ atipɛnfo nhyɛso nyinaa na enye. So yebetumi adi atipɛnfo nhyɛso ho dwuma—ma ebia aboa yɛn mpo? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi afa ako atia atipɛnfo nhyɛso a ɛnyɛ papa no? Wobebua saa nsɛmmisa yi wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” a ɛbɛba akyiri yi no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Nhwehwɛmu a asete nyɛ den yi ma yehu ahoɔden ankasa a mframa wɔ. Sɛ wode rɔba toa a hwee nni mu kɔ bepɔw bi atifi a, ma mframa nyɛ toa no ma, na afei kata ano, dɛn na toa no bɛyɛ bere a woresian afi bepɔw no so no? Ɛbɛpae. Mframa dodow a ɛwɔ abɔnten no dɔɔso sen kakraa bi a ɛwɔ toa no mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 30, 31]

Beae a honam fam adedodowpɛ su abu so no betumi de atipɛnfo nhyɛso a emu yɛ den aba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena