Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 1/8 kr. 21
  • Ɔkɔre Aniwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkɔre Aniwa
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Foro a Yɛde Ntaban Bɛforo sɛ Akɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Sua Biribi Fi Wim Nnomaa Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Mmoadoma Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Nyan!—2003
g03 1/8 kr. 21

Ɔkɔre Aniwa

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SPAIN HƆ

SPAINFO ka obi a n’ani hu ade yiye ho asɛm sɛ ɔwɔ ɔkɔre aniwa (vista de águila). Germanfo nso ka asɛm bi a ɛte saa ara (Adlerauge). Wɔ ntease pa mu no, wɔde ɔkɔre aniwa a ehu ade yiye no adi dwuma sɛ kasakoa wɔ mfehaha pii mu. Hiob nhoma a wɔkyerɛwee bɛboro mfe mpem abiɛsa a atwam ni no ka ɔkɔre ho asɛm sɛ: “N’aniwa hwɛ ade kɔ akyirikyiri.”—Hiob 39:27, 29.

Ɔkɔre tumi hwɛ ade kɔ akyirikyiri kodu he? The Guinness Book of Animal Records nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ tebea pa mu no, ɔkoropɔn (Aquila chrysaetos) betumi afi wim ahu atwaboa a ɔnam brɛoo wɔ fam akyirikyiri bɛboro kilomita 2.” Afoforo abu akontaa sɛ ɔkɔre tumi hu ade kɔ akyiri sen saa!

Dɛn na ɛma ɔkɔre tumi hu ade ntɛm saa? Nea edi kan koraa no, ɔkoropɔn wɔ aniwa akɛse abien a egye ne ti no fã kɛse no ara. Book of British Birds nhoma no ka sɛ wɔ ɔkoropɔn fam no, n’aniwa “sõsõ sɛnea ɛsɛ, na ɛda adi sɛ emu nyɛ duru dodo sɛ ɛmma ontumi ntu.”

Afei nso, ɔkɔre aniwa wɔ nkwammoaa ntini a ɛma yehu hann no bɛyɛ mmɔho anum—cones bɛyɛ 1,000,000 wɔ milimita ahinanan biara mu, sɛ yɛde toto yɛn de 200,000 no ho a. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde ntini a ɛma yehu hann yi mu biara aso amemene ntini mu. Ne saa nti, ehon ntini a ɔkɔre wɔ a ɛde nsɛm fi aniwa mu kɔ amemene mu no dodow yɛ ntini a ɛtoatoam wɔ nnipa mu no mmɔho pii. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ saa abɔde yi aniwa tumi hu kɔla yiye saa! Awiei koraa no, te sɛ nnomaa afoforo no, nnomaa a wodi nam wɔ aniwa ahwehwɛ a ano yɛ den paa a etumi ma wɔn ani no dan ntɛm fi biribi a ɛbɛn paa so kɔ nea ɛwɔ akyirikyiri so. Wɔn aniwa no ye sen yɛn de no koraa wɔ eyi fam nso.

Ɔkɔre ani hu ade yiye awia ketee, nanso sɛ edu anadwo a ɔpatu hu ade yiye sen no. Biribi a ɛte sɛ mmaa nketenkete pii wɔ saa nnomaa a wodi nam yi aniwam a ɛma etumi kyere hann na wohu ade yiye anadwo, na saa ara na wɔn aniwa ahwehwɛ a ɛma wohu ade no nso anim trɛw. Ne saa nti, wotumi hu ade yiye anadwo sen yɛn mpɛn 100. Nanso, sɛ esum kabii si a, ɛsɛ sɛ mpatu gyina wɔn aso a ɛte asɛm te sɛ yawa no so de hu mmoa a wɔyɛ wɔn aduan no bi.

Hena na ɔmaa saa nnomaa yi su a ɛte saa? Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “W’anom asɛm so na ɔkɔre ma ne ho so?” Ɛda adi sɛ, onipa biara nni hɔ a obetumi agye adebɔ a ɛyɛ nwonwa yi ho anuonyam ama ne ho. Hiob ankasa fi ahobrɛase mu gye toom sɛ: “Mahu sɛ [wo Yehowa, NW] wutumi ade nyinaa yɛ.” (Hiob 39:27; 42:1, 2) Ɔkɔre aniwa yɛ Ɔbɔadeɛ no nyansa a ɔwɔ no ho adanse no mu biako pɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ɔkoropɔn

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ɔpatu fitaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena