Bible no Adwene
So Bɔne Bi Wɔ Hɔ a Wɔmfa Mfiri?
SO ASOTWE bi wɔ hɔ a ɛsen owu? Yiw, owu a enni owusɔre ho anidaso esiane sɛ onii no yɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri nti. Yesu kae sɛ bɔne bi wɔ hɔ a “wɔremfa mfiri nnipa.”—Mateo 12:31.
Nanso, Bible no ka fa Onyankopɔn ho sɛ ɔyɛ fafiri Nyankopɔn. Ɛwom sɛ nnipa taa nya menasepɔw na wɔmfa mfiri de, nanso Onyankopɔn ‘firi a ɔde firi dɔɔso.’ (Yesaia 55:7-9) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn hweree ade kɛse denam ne Ba no a ɔsomaa no baa asase so bɛbɔɔ mpata ho afɔre, a ɛsom bo araa ma ebetumi apopa yɛn bɔne no so.—Yohane 3:16, 17; Asomafo no Nnwuma 3:19; 1 Yohane 2:1, 2.
Wɔ bere a ɛsɛ mu no Onyankopɔn benyan nnipa pii a wɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru nanso wɔremfa wɔn bɔne a wɔyɛe mmere a atwam ho asodi nto wɔn so no. (Asomafo no Nnwuma 24:15; Romafo 6:23) Nokwarem no, Yesu kae sɛ, sɛ woyi bɔne a wɔmfa mfiri fi mu a, “wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa befiri nnipa.” (Mateo 12:31) Enti, ebia wubesusuw sɛ, ‘Bɔne bɛn na emu betumi ayɛ duru araa ma enti Onyankopɔn remfa mfiri?’
Wɔrentumi Nnya Adwensakra Bio
Yesu kɔkɔbɔ no fa wɔn a wɔboapa ka “honhom ho abususɛm” no ho. Bɔne fafiri nni hɔ ma saa bɔne yi. Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔremfa mfiri no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.” (Mateo 12:31, 32) Wɔn a wobedi saa bɔne yi ho fɔ no rennya owusɔre.
Dɛn ne abususɛm a etia honhom no? Efi koma mu, na ɛda nneyɛe bɔne ne adwemmɔne adi. Adwene a obi hyɛ da nya sɛ ɔbɛsɔre atia Onyankopɔn honhom kronkron no ma bɔne no yɛ nea anibere wom. Mfatoho bi ni: Wɔ wiase afa bi no, mmara no ka awudi ho asɛm wɔ akwan ahorow abien so, awudi a wɔammɔ ho pɔw ne nea wɔbɔɔ ho pɔw ne ɔkwan a wɔfaa so dii awu no a ɛho asotwe ne owu.
Kan no na ɔsomafo Paulo yɛ mmusubɔfo nanso ɔkae sɛ: “Wahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe.” (1 Timoteo 1:13) Sɛ wobɛyɛ bɔne atia honhom kronkron no kyerɛ sɛ woboapa sɔre tia no. Nea ɛka ho ne koma a bɔne aduru no araa ma entumi nsan n’akyi bio.
Ɛda adi sɛ na Paulo reka saa bɔne yi ho asɛm bere a ɔkyerɛw sɛ: “Na entumi mma sɛ wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi, na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden horow ahwɛ, na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu.” (Hebrifo 6:4-6) Ɔsomafo no kae nso sɛ: ‘Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.’—Hebrifo 10:26.
Ɛyɛ nyamesom akannifo bi nneyɛe wɔ Yesu nna no mu na ɛkaa no maa ɔde kɔkɔbɔ a ɛfa bɔne a wɔremfa mfiri no ho mae. Nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, wɔma wokum no. Akyiri yi, wɔtee adanse a wontumi nnye ho kyim sɛ honhom kronkron no ayɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu! Na emu da hɔ pefee sɛ Yesu ne Kristo no! Nanso, wɔyɛɛ bɔne tiaa honhom kronkron no denam Roma asraafo a wɔmaa wɔn sika sɛ wonni Yesu owusɔre no ho atoro no so.—Mateo 28:11-15.
Kɔkɔbɔ Ma Nokware Kristofo
Dɛn nti na Kristofo tie kɔkɔbɔ a ɛfa bɔne a wɔmfa mfiri ho no yiye? Efisɛ ɛwom sɛ yɛwɔ Onyankopɔn ne ne honhom no dwumadi ho nokware nimdeɛ de, nanso yebetumi anya koma bɔne. (Hebrifo 3:12) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛansusuw sɛ eyi rentumi nto yɛn. Susuw Yuda Iskariot ho hwɛ. Na ɔyɛ Yesu nokware kyidifo bere bi. Wɔpaw no sɛ asomafo 12 no mu biako, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ suban pa. Nanso eduu bere bi no, ɔmaa nsusuwii bɔne ne akɔnnɔ bɔne nyinii wɔ ne mu, na awiei koraa no edii no so. Wɔ bere a na ɔde n’ani hu anwonwade ahorow a Yesu reyɛ no, na owiawia sika. Afei, sika nti, ɔboapa yii Onyankopɔn Ba no mae.
Nnipa binom a na kan no wɔyɛ nokware Kristofo ahyɛ da atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho, ebia esiane menasepɔw, ahomaso, anaa adifudepɛ nti, na seesei wɔyɛ awaefo a wɔko tia Onyankopɔn honhom no. Wɔboapa sɔre tia nea honhom no reyɛ no pefee no. So saa ankorankoro yi ayɛ bɔne a wɔmfa mfiri? Yehowa ne Ɔtemmufo a ɔsen biara.—Romafo 14:12.
Sɛ yebebu afoforo atɛn mmom no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛn ankasa bɛyɛ ahwɛyiye na yɛanyɛ sum ase bɔne a ɛde nkakrankakra betumi apirim yɛn koma. (Efesofo 4:30) Na yenya awerɛkyekye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa firi a ɔde firi yɛn dɔɔso, wɔ bɔne a anibere wom mpo a yɛayɛ ho, no mu, sɛ yenu yɛn ho a.—Yesaia 1:18, 19.
[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]
Farisifo binom yɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri