Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 24-27
  • Asawfo a Wɔn Ntakra Te sɛ Ogyaframa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asawfo a Wɔn Ntakra Te sɛ Ogyaframa
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anomaa a Ne Ho Yɛ Fɛ a Ne Nan Yɛ Atenten
  • Anomaa a Ne Ho Nyɛ Den, Nanso Ɔte Beae a Ɛhɔ Tra Yɛ Den
  • Guasodeyɛ a Wɔbom Yɛ Ma no Yɛ Fɛ
  • Wofi Mumɔ Mu Ma Wɔn Ho Bɛyɛ Fɛ
  • ‘Monhwɛ Nnomaa’
    Nyan!—2014
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 24-27

Asawfo a Wɔn Ntakra Te sɛ Ogyaframa

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

ƐNNE nnyigyei pii rekɔ so. Ɛnne gyegyeegye kɔ so gyigye anigye so wɔ ɔtare a atew ne ho so. Nnomaa a wɔn ho su yɛ kɔkɔɔ mpempem pii nenam nsu a ani te sɛ ahabammono a ɛte yerɛyerɛw no mu. Sɛ woma w’ani so hwɛ soro a, wuhu sɛ wɔatu nam wim fɛfɛɛfɛ. Bere a wɔdannan wɔn ho na wotwa nsu no ho hyia no, wɔbɔ wɔn ntaban atenten, nteaanteaa no mu, na ɛma wɔn ntakra a ɛhyerɛn kɔɔ no da adi yiye. Sɛ wohwɛ nnomaa a wɔbom yuu, a wɔde kɔla a ɛyɛ fɛ saa asiesie wɔn no a na ɛyɛ anika kɛkɛ! Ebetumi aba sɛ wɔyɛ nnomaa a wɔn ho yɛ anika sen biara wɔ asase so—nsukɔnkɔn a wɔwɔ Afrika Obon Kɛse no mu.

Anomaa a Ne Ho Yɛ Fɛ a Ne Nan Yɛ Atenten

Nkurɔfo akyerɛ asukɔnkɔn yɛbea a ɛyɛ nwonwa ne ne ho fɛ no ho anisɔ fi teteete. Wɔadi sɛnea ne kɔn tenten te no ho adwini wɔ abo so na wubetumi ahu eyi wɔ Misrifo nkyerɛwde mu. Sɛnea anomaa yi te no yɛɛ Misrifo nwonwa na wɔn ani gyee ne ho araa ma wodii no ni te sɛ onyamewa Ra. Wɔyɛɛ asukɔnkɔn kɔn tenten a akɔntɔn ne n’anan nteaanteaa, a ɛho yɛ anika no ho mfonini wɔ tetefo mfonini mu.

Nsukɔnkɔn ahorow anan na yehu wɔn nnɛ wɔ Afrika, Caribbean, Eurasia, ne Amerika Anafo nsase so. Asukɔnkɔn a ɔyɛ tia paa no ne asukɔnkɔn ahorow yi mu nea osua koraa. Ne kɔla yɛ fɛ, ɔwɔ ntakra kɔkɔɔ a ani dum na ne nan ho ne ne nantabon yɛ kɔkɔɔ. Asukɔnkɔn a ɔso no kɛse bɛyɛ sɛ nea osua no abien na ne tenten bɛyɛ sɛntimita 140. Nsukɔnkɔn ahorow no nyinaa wɔ su koro—ano a akɔntɔn kakra wɔ mfinimfini na akom si fam, a ne hwɛ yɛ anika.

Sɛ anomaa yi rebetu a, ɔbɔ ne ntaban mu brɛoo na ɔde ne nan mfeamfeaa a ase yɛ hare no tu mmirika fa nsu ani sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahoɔden a ohia de atu akɔ wim. Afei bere a wateɛ ne kɔn tenten no mu ma ne ti hwɛ tee na ne nan hwɛ n’akyi no, ɔbae ne ntaban fɛfɛ no mu wɔ soro. Wobu akontaa sɛ nsukɔnkɔn bɛyɛ ɔpepem anan na wɔwɔ Afrika Obon Kɛse no mu.

Anomaa a Ne Ho Nyɛ Den, Nanso Ɔte Beae a Ɛhɔ Tra Yɛ Den

Nea ɛyɛ nwonwa no, nsukɔnkɔn dodow a wɔwɔ Obon Kɛse no mu no di yiye wɔ atare soronko a nkyene wom so. Nkyene wɔ nsu no mu araa ma sɛ wode wo nsa ka a, ɛte sɛ nea fango wɔ nsu no ani, na ɛwewe honam. Wim tumi yɛ hyew wɔ atare a nkyene wom no so ma ne nkamu kɔ soro bɛyɛ digrii Celsius 65. Sufre ne nkyene a ano yɛ den no pampan fi atare no mu fra mframa a emu yɛ hyew no mu. Nneɛma a ɛwɔ gyakisi mu ne nkyene a ɛwɔ nsu no mu no ano tumi yɛ den araa ma ɛdan biribi fitaa wɔ nsu no ano.

Abɔde kakraa bi na wobetumi atra nsu a etumi wewe ade sɛe no saa mu. Nanso, abɔde nketenkete bi tumi tra nkwa mu wɔ hɔ—apopobibiri a wontumi mfa aniwa nhu a ne hwɛbea ayɛ sɛ bruu ne ahabammono no. Owia a ano yɛ den a ɛbɔ wɔ beae a osu tɔ kɛse no bɔ nsu a gyakisi wom no so ma no yɛ hyew, na ɛma nsu no mu tebea bɛyɛ nea eye ma apopobibiri ase tumi trɛw kɛse. Apopobibiri tumi trɛw fa nsu no ani nyinaa ma atare no mu nsu kɔla dan ahabammono. Te sɛ aboɔden abo a ne kɔla yɛ ahabammono a wɔde ayɛ kɔnmuade no, atare a nkyene wom a ɛtoatoa so yi ani ma abon ne mmepɔw a ɛwɔ Obon Kɛse no mu no yɛ fɛfɛɛfɛ.

Ɛyɛ nwonwa sɛ abɔde a ne ho nyɛ den pii te sɛ asukɔnkɔn tumi tra baabi a ɛhɔ asetra nye na ɛyɛ hu saa. Nanso, asukɔnkɔn tumi di yiye wɔ hɔ. Nsu a etumi wewe ade sɛe no yi ntumi n’anan atenten mfeamfeaa a ɛte sɛ nea ahoɔden nnim no, na ne nantabon a ɛte sɛ dabodabo de no mma ɔmmem atɛkyɛ mu. Wɔabɔ asukɔnkɔn a osua koraa no wɔ ɔkwan soronko so ma otumi tra beae a ɛhɔ asetra nye yi. Dorobɛn mfeamfeaa bi wɔ n’anom a otumi de twetwe mmoawammoawa ne afifide a aniwa ntumi nhu a ɛwɔ nsu no ani bɛyɛ sɛntimita 5 kosi 7 fi nsu no mu. Sɛ asukɔnkɔn redidi a, ɔdan n’ano ma ɛhwɛ n’akyi, ma ɛbɛn fam pɛɛ. Ɔde ne tɛkrɛma twe nsu fa dorobɛn nketenkete a ɛwɔ n’anom no mu ma ɛsɔn nsu no so yiyi mmoawammoawa no fi mu.

Guasodeyɛ a Wɔbom Yɛ Ma no Yɛ Fɛ

Sɛ anɔpa awia no tɔ ɔtare no mu nsu a ani te sɛ aboɔden abo a ne hwɛbea yɛ ahabammono no so a, ɛte sɛ nea wɔatrɛw ntama kɛse bi mu. Owia hann no ma wuhu nsukɔnkɔn a wɔabom no sɛ wɔrehyerɛn te sɛ ogya a ɛredɛw wɔ ɔtare no ani. Wuhu sɛ nnomaa no afofɔre so. Bere a wɔateɛteɛ wɔn kɔn mu hwɛ tee no, nnomaa a wɔreda wɔn ahoɔfɛ adi yi bom sɛ kuw, na wɔdannan wɔn ano kɔ nkyɛn ne nkyɛn.

Bere a nnomaa a wɔnam akuwakuw yi bɔ nsra a ɛsono nea kuw biara ani kyerɛ na wɔbɔ nsianho no, owia no tɔ wɔn ntakra fɛfɛ no so, ma ne hwɛbea yɛ te sɛ dammaramma ne kɔkɔɔ a adi afra. Nnomaa yi huruhuruw na wɔsaw, wɔtrɛw wɔn ntaban mu ma wɔn ntakra no mu kɔkɔɔ paa no da adi. Bere a wɔde wɔn kɔla a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ wɔn ho rekyerɛ no, wotu mmirika fa nsu no ani na wɔyɛ sɛ wɔretu a na wɔasan abesi, wɔyɛ saa toatoa so. Nsukɔnkɔn tumi kyere so araa ma wontumi ntu mmiako mmiako sɛnea obiara pɛ gye sɛ wɔtwɛn ma wɔn a wɔwɔ anoano no di kan tutu ma wɔn mu henhan ansa. Sɛ wɔde anigye resu na wɔyɛ dede a, wɔn ano den no tuatua aso.

Afei bere a ade resa no, prɛko pɛ nnomaa yi tu kɔ wim sɛ kuw na wɔkɔ. Bere a wɔsesa so wɔ wim tenteenten no, wotwa kilomita ɔhaha pii kosi sɛ wobedu baabi a wɔrekɔ—ɔtare bi a nkyene wom ho a ɛhɔ ye ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ berebuw na wɔatete nketewa no. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, nnomaa yi, nsukɔnkɔn a wɔwɔ ɔtare a nkyene wom, Obon Kɛse no so no ne wɔn a wɔwɔ ɔfã foforo no nyinaa bom tu kɔ bere koro mu.

Wofi Mumɔ Mu Ma Wɔn Ho Bɛyɛ Fɛ

Nsukɔnkɔn yɛ wɔn berebuw wɔ atare a atew ne ho wɔ mmeae a ahintaw na obiara ntumi nkɔ hɔ ho. Beae a atew ne ho no ho hia, efisɛ nsukɔnkɔn a wɔreyɛ wɔn berebuw ne wɔn a wobutuw nkesua so no mpɛ sɛ wɔbɛte dede koraa. Sɛ biribi gyigye nsukɔnkɔn bere a wobutuw nkesua so a, wobegyaw wɔn nkesua no hɔ a wɔmma ho bio koraa.

Nsukɔnkɔn a wɔreyɛ berebuw atow agu mu no bom yɛ adwuma. Nnomaa maame yi de anigye na efi wɔn berebuw no yɛ ase. Wɔkom wɔn kɔn atenten no tu atɛkyɛ, nnomaa bin, ne ntakra kakra de yɛ dɔte berebuw a ne sorokɔ bɛyɛ sɛntimita 40. Wotu tokuru bi wɔ berebuw no atifi na wɔato kesua biako atom abɔ ho ban afi ɔtare a gyakisi wom na emu nnɔ no ho. Ɛnkyɛ wofi ase bobɔ nnomaa mma ɔpehaha pii. Nnomaa maame no bom yuu tu di akɔneaba wɔ baabi a berebuw no wɔ no yɛ adwumaden de ma wɔn mma a ɔkɔm de wɔn no aduan.

Afei sɛ nnomaa mma no du sɛ wɔnantew a, ɛnanom no gyaw wɔn mma no wɔ hɔ na wotu kɔ ɔtare no fã foforo, baabi a apopobibiri a ahoɔden pii wom wɔ no. Wɔ baabi a wɔatew wɔn ho afi wɔn mma ho a wɔnhaw wɔn yi no, wobetumi adidi na wɔasan anya ahoɔden a wɔhweree no. Afei nnomaa kakra a wɔanyinyin a aka no boaboa nnomaa mma pii no ano gu baabi a wɔbɛhwɛ wɔn. Bere a nnomaa kakra a wɔanyinyin yi rehwɛ nkumaa no so no, nnomaa mma nketewa a wɔyɛ dede no bom nantew wɔ mmeae a nkyene akyenkyene hɔ no kosi sɛ wɔne wɔn awofo behyia bio. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔ tebea hwanyann yi nyinaa mu no, nnomaa maame yi mu biara tumi hu ne ba na wɔkɔ so hwɛ wɔn.

Sɛ nnomaa mma no susua a, wɔn ho nyɛ fɛ na wɔnsɛ wɔn awofo a wɔn ho yɛ fɛ no. Wɔn anan nketenkete no ne wɔn kɔn yɛ ntiantiaa, wɔn ano tene, na wɔn ntakra yɛ fitaa a biribiara nsisi mu. Bere bi akyi no wɔn anan ntiantiaa no fi ase yɛ atenten, wɔn kɔn fi ase yɛ tenten na emu koa, na wɔn ano fi ase dan, emu koa yɛ sɛ asukɔnkɔn ankasa. Egye mfe abien kosi abiɛsa ansa na asukɔnkɔn ba a ne ho nyɛ fɛ yi asesa abɛyɛ asukɔnkɔn ankasa a ne ntakra yɛ fɛfɛɛfɛ no. Afei ɔde ne ho bɔ ne yɔnko ho na wɔbɛka asukɔnkɔn abusua a ɛma atare a nkyene wom wɔ Obon Kɛse no ho yɛ fɛ no ho.

Nsukɔnkɔn anuonyam ne wɔn ahoɔfɛ yɛ adwini a ɛda nyansa soronko adi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa. Sɛ yehu saa abɔde fɛfɛ yi a, yɛn ahome ka yɛn ho wɔ nea yehu na yɛte no ho. Nanso nea ɛsen saa no, ɛma yenya anisɔ kɛse ne ɔdɔ ma Ɔbɔadeɛ nwonwafo no, Yehowa Nyankopɔn.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nsukɔnkɔn akɛse

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nsukɔnkɔn nketewa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Asukɔnkɔn mma nketewa nsɛ wɔn awofo a wɔn ho yɛ fɛ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena