Mframa na Ɛbɔɔ No Bae
Na ɔbarima bi nam abɔnten wɔ Mumbai, India, ɛnna mframa a ano yɛ den bɔɔ kratawa bi bɛtɔɔ ne nan ase. Na ɛyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36, a ne ti asɛm ne “Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?” Asɛmti no twee n’adwene. Ntɛm ara, ɔfae na ɔkenkan kratawa no nyinaa. Ɛkanyan n’anigye, na ɔpɛ sɛ ohu pii nti, ɔsrɛe sɛ wɔmma no Bible ne nhoma afoforo.
Kratawa no a Yehowa Adansefo na wotintimii no, kura nsɛm a ɛhyɛ gyidi den. Ɛkyerɛkyerɛ mu pefee sɛ ɔhaw ahorow a yehyia, a ɔyare, ohia, ne akodi ka ho no yɛ nneɛma a “adifudepɛ, afoforo a wonnye wɔn nni, ne pɛsɛmenkominya—suban a nyansahu nhwehwɛmu, mfiridwuma ho nimdeɛ, anaa amammuisɛm ntumi nyi mfi hɔ no—na ɛde ba.” Kratawa no da no adi nso sɛ Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm nyinaa afi asase so nnansa yi ara.
So wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Bible no bɔhyɛ ahorow fa daakye ho no ho? Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ Bible no wɔ nnipa ɔpepem pii afie mu, a wɔde Bible ho nhoma ahorow a Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa ka ho. Saa nhomawa yi bua nsɛmmisa te sɛ: Hena ne Onyankopɔn? Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no? Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni no? Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi ama w’abusua asetra atu mpɔn?
Sɛ wopɛ sɛ Yehowa Adansefo ba wo fie bɛboa wo ma wote nea Onyankopɔn bɛyɛ nnansa yi ara a, ɛbɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛyɛ saa na wɔama woanya Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm pii. Yɛsrɛ wo hyehyɛ krataa a ɛwɔ ase hɔ no na ama wɔatumi aboa wo.
□ Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmena me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.