Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 8/8 kr. 32
  • Krataa Bi a Efi Ɔdɔfo Bi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa Bi a Efi Ɔdɔfo Bi Hɔ
  • Nyan!—2003
Nyan!—2003
g03 8/8 kr. 32

Krataa Bi a Efi Ɔdɔfo Bi Hɔ

Ɔkenkanfo bi a ofi New York de Bɛn Yehowa nhoma no totoo krataa bi a efi ɔdɔfo bi hɔ ho na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ti biara kanyan koma no na ɛma Yehowa ho dɔ hyɛ wo ma.” Ɔde kaa ho sɛ: “Seesei a makan nhoma no awie no, me ho pere me sɛ mɛsan akan bio, te sɛ nea wobɛsan akan krataa a wo nsa aka afi wo dɔfo pa bi hɔ no.” Susuw nea afoforo aka ho hwɛ.

Ɔkenkanfo bi a ɔwɔ Kansas kae sɛ: “Mete nka ankasa sɛ merebɛn me soro Agya no paa. Ɔdɔ ahyɛ me koma ma . . . Mehwɛ kwan sɛ anɔpa biara mɛkan pii, na mɛkan no bio mpɛn pii.”

Ɔbea bi a ofi Maine kyerɛwee sɛ: “Aboa me pii ma mate wɔ a Yehowa wɔ hɔ no ase yiye! Hwɛ awerɛkyekye a asɛm a ɛwɔ kratafa 74 no yɛ: ‘Wɔ wɔn a wowuwu no fam no, baabiara nni hɔ a eye sen sɛ wɔn ho asɛm bɛtra Onyankopɔn nkae mu.’” Ɔkyerɛwfo bi a ɔwɔ Alaska gye tom sɛ: “Ɛkaa me koma yiye ma misui.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɔkwan biara so, mɛkan na madan adwene akɔ so mpɛn pii.”

Yɛwɔ ahotoso sɛ, sɛ wokenkan nhoma yi a wobɛte nka saa ara. Wɔ ti abiɛsa a edi anim akyi no, wɔakyekyɛ nhoma no mu afã anan a asɛmti no ne ‘Ɔwɔ Tumi Kɛse,’ ‘Atɛntrenee Dɔfo,’ “Koma Mu Nyansafo,” ne “Onyankopɔn ne Dɔ.” Ɛde ti a ese “Bɛn Onyankopɔn, na Ɔbɛbɛn Wo” na ɛba awiei.

Wubetumi abisa nhoma a ekura nkratafa 320 a wɔde krataa a ɛyɛ den adura ho yi bi denam ɔfã a wɔagyaw wɔ ase hɔ a wobɛhyehyɛ na wode amena address a ɛka ho no anaa address a ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no so.

□ Mɛpɛ sɛ minya Bɛn Yehowa nhoma no bi.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena