Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 11/8 kr. 32
  • ‘Nsɛmma Nhoma a Ɛsɛ sɛ Wɔkan no Fekɔfekɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nsɛmma Nhoma a Ɛsɛ sɛ Wɔkan no Fekɔfekɔ’
  • Nyan!—2003
Nyan!—2003
g03 11/8 kr. 32

‘Nsɛmma Nhoma a Ɛsɛ sɛ Wɔkan no Fekɔfekɔ’

DAVID sua mmara wɔ Obafemi Awolowo Sukuupɔn mu wɔ Nigeria. Nnansa yi, ɔkyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ wɔn hɔnom no krataa bi sɛ: “Mede Nyan! kɔma onuonyamfo bi a wadi mfe 70 a ɔyɛ mmarakyerɛfo wɔ sukuupɔn no mu daa. Da koro anɔpa bi a na ne nsa aka nea aba foforo no bi no, ɔka kyerɛɛ ɔhɔho bi a na ɔwɔ n’adwumayɛdan mu sɛ: ‘Nhoma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka hwɛ, afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛmene, na emu kakra bi nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛwesaw no fekɔfekɔ. Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛsɛ sɛ yɛwesaw no fekɔfekɔ.’”

David kae sɛ da foforo bi nso bere a na ɔrefi ɔbenfo no adwumayɛdan mu no, ɔtee sɛ ɔrekamfo Nyan! akyerɛ ɔhɔho foforo bi nso. “Ɔkamfoo nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔyɛ ansa na wɔakyerɛw Nyan! no ne sɛnea wɔde akokoduru ka nneɛma ho nsɛm nanso wɔkari pɛ no. Metee sɛ ɔreka sɛ: ‘Mekenkan nsɛmma nhoma no yiye. Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma akyerɛwfo no nyansa ma wɔde kyerɛw nsɛm nwonwaso saa no.’”

Nyan! yɛ nhoma a ɛde ntetee ma na ɛka nneɛma pii ho nsɛm. Nea ɛsen biara no, nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛyɛ wiase nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne ahobammɔ wom a ɛreba abesi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne a amumɔyɛ wom no ananmu no mu awerɛhyem. Nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛne Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? no twe adwene si Onyankopɔn atirimpɔw so, na ɛde Bible mu nsɛm a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ n’ani ma yɛn. Wubetumi akra saa nhomawa yi bi denam kratasin a ɛka ho a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔde ama no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

□ Mepɛ sɛ me nsa ka Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena