Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 12/8 kr. 17-18
  • Aduan a Efi W’ankasa Mfikyifuw Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aduan a Efi W’ankasa Mfikyifuw Mu
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Bi Yɛɛ Bi
  • Sɛnea Wofii Ase
  • Yɛ W’ankasa Mfikyifuw!
  • Turo Ho Anigye a Yɛwɔ
    Nyan!—1997
  • Nturo a Agye Din Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—1997
  • Turo Fɛfɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Akwan Anum a Wobɛfa So Ama W’asetra Atu Mpɔn
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 12/8 kr. 17-18

Aduan a Efi W’ankasa Mfikyifuw Mu

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CENTRAL AFRICAN REPUBLIC HƆ

WƆ AMAN pii so no, ɔkwan a nkurɔfo bɛfa so anya aduan ama wɔn mmusua da biara da no abɛyɛ dadwen ama wɔn. Atosode a ne bo reyɛ den no ama tebea no asɛe koraa. Nanso, ebinom afa akwan tiawa bi so anya ano aduru—wodua wɔn ankasa nnuan no bi!

Ebia wo nso wobɛpɛ sɛ wobɛsɔ sɛnea wɔyɛ mfikyifuw korokorowa bi ahwɛ. Ebetumi aba sɛ ebia wunni asase biara da w’afikyiri, nanso sɛ asase bi bɛn wo a, ebia wubetumi ayɛ ho nhyehyɛe akɔdɔw. Wo de susuw sika dodow a wubetumi akora so bere a w’ankasa woadua wo nnuan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom no ho hwɛ! Mfikyifuw a wobɛyɛ betumi ayɛ ɔkwan a wobɛfa so ateɛteɛ w’apɔw mu mpo. Mfikyifuw nso betumi ayɛ abusua dwumadi a wo mma ani begye ho. Nokwarem no, atosode a wodua wɔ mfikyiri no yɛ adesua ankasa. Ɛboa ma wonya su te sɛ boasetɔ. (Yakobo 5:7) Afei nso, nneɛma a ɛrenyin no a wobɛhwɛ no bɛma woabɛn nneɛma nyinaa Bɔfo no yiye.—Dwom 104:14.

Nanso, bere a woredua w’ankasa nnɔbae no nsusuw sɛ wunhyia ɔhaw biara anaasɛ ɛbɛyɛ yiye ntɛm. Nanso, mmɔdenbɔ ne ɛho nimdeɛ kakra a wubenya no bɛma woatumi ayɛ!

Abusua Bi Yɛɛ Bi

Wo de fa Timothée ne Lucie—Kristofo awarefo bi a wɔwɔ mmofra baanu a wɔte Central African Republic ahenkurow Bangui mu no—sɛ nhwɛso. Wobehui sɛ mfikyifuw a wɔbɛyɛ no yɛ ade a mfaso wɔ so na anigye wom a wɔnam so betumi anya biribi de aka wɔn sika kakra a wonya no ho.

Bere a Lucie dii mfe 13 no, ɔyɛɛ mfikyifuw ketewaa bi a na ɛbɛn wɔn fie, na na ɔyɛ mu adwuma bere a wapɔn sukuu ne adapɛn awiei. N’ani gyee hwɛ a ɔhwɛ ma enyinii no ho. Nanso, nnansa yi ara na mfikyifuw a ɔne n’abusua bɛyɛ no ho adwene besii ne tirim. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ no wɔ asase bi a na wɔtow nwura gu so so. Lucie behui sɛ ɛso betumi aba mfaso. Sɛ́ anka nwura a wɔde mfirihyia pii ato agu asase no so ma aporɔw no bɛsɛe no no, ɛmaa ɛbɛyɛɛ asasebere a wodua so nnɔbae ma ɛyɛ yiye mmom. Enti, Lucie ne Timothée bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔde saa asase no bɛyɛ mfikyifuw.

Sɛnea Wofii Ase

Nanso, na ɛho hia sɛ wodi kan yɛ nhwehwɛmu kakra. Wɔne afoforo a wonim sɛnea wodua atosode bɔɔ ho nkɔmmɔ na wɔyɛɛ aso tiee wɔn yiye. Esiane sɛ na ebehia sɛ wɔde nsu gugu nneɛma no so nti, wosuaa abura tu. Mfikyifuw ho nhoma ahorow a wɔkenkanee no nso boaa wɔn yiye.

Wɔkenkanee sɛnea wodua afifide ahorow bi bom a, enyin fa ho ade, na wobehui sɛ sɛ wodua ebinom wɔ faako a, ɛyɛ yiye paa. Nanso, afifide bi wɔ hɔ a ɛma afoforo tɔ ape ankasa. Ebinom kyerɛ sɛ sɛ wodua karɔt ne tomantosi wɔ mfikyifuw mu a, ɛyɛ yiye paa. Saa ara na sɛ wodua celery ne kɔliflawa wɔ faako a, ɛte. Na onunum yɛ adua, ɛfere, ɛfan ne gyeene “adamfo.” Nanso, sɛ wodua ɛfan ne parsley wɔ faako a, ɛnyɛ yiye. Sɛ wodua gyeene, adua ne asedua nso wɔ faako a, ɛnyɛ yiye. Sɛ wodua afifide a wɔne wɔn ho wɔn ho nhyia wɔ faako a, ɛma ɛtɔ ape na yare ne nkoekoemmoa ba so ntɛmntɛm.

Timothée ne Lucie behui nso sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobedua afifide biako pɛ wɔ asase no so. Sɛ nkoekoemmoa anaa yare bi si so a, ɛbɛma wɔahwere biribiara. Afifide ahorow a wɔde ahwɛyiye paw duae no maa ɔhaw a ɛte saa no so tewee. Nhabamma ne nhwiren a woduaduae wɔ wɔn mfikyifuw no mu no maa emu yɛɛ ahomeka na ɛmaa nwowa ne nkoekoemmoa bi a wɔboa ma mfikyifuw yɛ yiye baa mu.

Awarefo yi huu akwan a wɔbɛfa so akwati nnuru a awuduru wom a wɔde bɛpetepete wɔn nnɔbae no so nso. Wobehui sɛ aanwo kɛkɛ a wobedua no betumi apam mmoawammoawa bi a wɔsɛe nnɔbae no.a

Egyee adwumaden ne abotare nanso nnɛ Timothée ne Lucie wɔ mfikyifuw a ɛyɛ fɛ. Wonya kabegye, parsley, tomantosi, karɔt, ɛfere ne nturopo—ɛtɔ mmere bi mpo a ɛboro nea abusua no hia so—fi mu!

Yɛ W’ankasa Mfikyifuw!

Nanso, ɛnyɛ Afrika nkutoo na nkurɔfo ahu mfaso a ɛwɔ mfikyifuw so. Sɛ nhwɛso no, wɔayeyɛ mfikyifuw bɛboro ɔpepem biako wɔ Germany nkurow akɛse mu. Saa mfikyifuw yi a wɔtaa frɛ no Schrebergaerten (wɔde too Germanni oduruyɛfo Daniel Schreber) yi taa yɛ mfikyifuw a wɔakyekyɛ mu nketenkete (efi mita ahinanan 200 kosi 400) a wɔde amoma wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu ma wotua ho ka. Sɛnea nhwehwɛmufo bi kyerɛ no, saa mfikyifuw nketenkete yi “boa yiye ma wonya nnuaba foforo ne atosode.” Mfikyifuw nso betumi ayɛ “paradise” ketewa bi ama wɔn a wɔyɛ mfikyifuw no—adwumayɛbea ne ahomegyebea.

Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, asase mũ no nyinaa bɛdan turo—paradise ankasa. (Luka 23:43) Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, wubetumi anya anigye a ɛne sɛ w’ankasa wubetumi anya asase de ayɛ mfikyifuw ketewa bi a ɛbɛma woanya aduan afi mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ worepɛ ɔkwan a wɔfa so ko tia yare a ɛba nnɔbae so a wɔmfa nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa nni dwuma a, hwɛ March 22, 2002 Engiresi Nyan! no asɛmti a ɛne “Gardening the Organic Way” (Mfikyifuw a Wɔde Tiafi ne Nwura a Aporɔw Gugu Ase) no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Timothée ne Lucie a wɔresaw nsu akɔ wɔn mfikyifuw no mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mfikyifuw bi a ɛwɔ Munich, Germany

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena