Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 5/8 kr. 32
  • ‘Hwɛ Asase Pa No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Hwɛ Asase Pa No’
  • Nyan!—2004
Nyan!—2004
g04 5/8 kr. 32

‘Hwɛ Asase Pa No’

Bere a ɔbea bi hwɛɛ Bible asase mfonini nhomawa ‘Hwɛ Asase Pa No’ a wotintim no nnansa yi ara mu wiei no, Ɔkyerɛwee sɛ: “Adwinnade a eye kyɛn so sɛɛ na na mihia. Afei na mahu sɛnea mmeae, nkurɔfo ne tebea horow a wɔka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no te ankasa.”

Nhomawa a ekura nkratafa 36 a emu mfonini yɛ fɛ yi boa wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm ma wotumi twa Bible mu nsɛm ho mfonini wɔ wɔn adwenem. Ɔbea no toa so sɛ: “Nsonsonoe a ɛda asɔredan no tenten ne asase a ɛda ho no ntam no ma mete kyerɛwsɛm a ɛka sɛnea Yehowa som ‘korɔn’ no ase. Ɛboa paa ma wuhu faako a guankɔbea nkurow no wɔ yiye, ne mmeae afoforo a ɛwɔ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no mu no. M’afi ase de nhomawa a ɛyɛ fɛ yi resua Asomafo no Nnwuma a ɛwɔ Bible mu no.”

Ɔbea yi de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Mede akyɛde a ɛyɛ fɛ yi bedi dwuma bere biara a mɛkenkan Onyankopɔn asɛm no.”

Wubetumi akra nhomawa yi a wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No’ bi denam kratasin a ɛka ho a wobɛhyehyɛ de amena address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no so.

□ Momfa “Hwɛ Asase Pa No” nhomawa no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena