Sɛnea Wɔbɛboa Wɔn a Wɔwɔ Nkate Mu Yare
“Me koma taa bɔ paripari ma awosow tew si me so, na ɛba saa a, ɛma ɛyɛ den sɛ megu ahome. Ehu ne dadwen bunkam me so, na m’adwene nyinaa tu fra.”—Isabella, a ɔwɔ ne mfe aduanan mu a ɔtaa bɔ birim birim.
YEBETUMI akyerɛkyerɛ dadwen mu sɛ “ehu a ɛka obi anaa ne ho a ɛyeraw no.” Sɛ nhwɛso no, so woahyia ɔkraman bi a ne bo afuw pɛn? Wotee nka dɛn bere a ɔkraman no san n’akyi no? So ehu ne ahoyeraw no nso antu anyera? Ɛnde, na dɛn ne nkate mu yare?
Sɛ dadwen bɛyɛ koankorɔ, ɛhyɛ obi so kyɛ bere mpo a hwee nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma ne ho yeraw no a, yebetumi aka sɛ ɛyɛ nkate mu yare. Sɛnea U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm So (NIMH) kyerɛ no, “wɔ afe biako mu no . . . nkate mu yare haw Amerika mmabun a wɔadi mfe 18 ne nea ɛboro saa no mu bɛyɛ ɔpepem 40.” Susuw Isabella a yɛafa n’asɛm aka no ho hwɛ. Dadwen a ayɛ koankorɔ te sɛ nea ɔrefa mu no betumi ama ɔyarefo no ahu amane kɛse.
Ɛnyɛ ɔyarefo no nko, na mmom ebetumi ahaw abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ no nso yiye. Nanso, asɛmpa bi wɔ hɔ. NIMH nhoma bi ka sɛ: “Ayaresa a etu mpɔn wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no, na nhwehwɛmu a wogu so reyɛ no ama woahu akwan foforo a wobetumi afa so asa nnipa a wɔwɔ nkate mu yare no dodow no ara yare ma wɔanya asetena a abotɔyam wom.”
Abusuafo ne nnamfo nso betumi aboa nea ɔwɔ nkate mu yare no. Ɔkwan bɛn so?
Ɔkwan a Wɔbɛfa so Aboa
Yɛ ɔboafo: Monica a ɔwɔ nkate mu yare ne amanehunu akyi adwennwen ho haw no kyerɛkyerɛ nsɛnnennen bi a ohyia mu sɛ: “Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte me nkate mu haw no ase.”
Eyi ma wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no taa suro sɛ afoforo rente wɔn ase, enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma wonhu wɔn haw no. Eyi betumi ama wɔabu wɔn ho fɔ na ɛno bɛma wɔn nkate mu yare no asɛe koraa. Esiane eyi nti, ɛho hia paa sɛ abusuafo ne nnamfo boa wɔn.
Sua ɔyare no ho ade pii: Nyansahyɛ yi betumi aboa wɔn a wɔbɛn nnipa a wɔwɔ nkate mu yare yi bi no paa. Saafo no betumi ayɛ obusuani anaa adamfo a ɔbɛn no paa.
Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ: Ɔsɛmpatrɛwfo Paulo a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan mu no hyɛɛ ne nnamfo a wɔwɔ Hela kurow Tesalonika no nkuran sɛ, “monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den.” (1 Tesalonikafo 5:11) Yɛnam nsɛm a yɛka ne sɛnea yɛkasa so betumi ayɛ eyi. Ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yedwen yɛn nnamfo ho paa, na yɛhwɛ yiye sɛ yɛrenka nsɛm a ɛyɛ yaw nkyerɛ wɔn.
Susuw nnipa baasa a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob, ɔbarima a wɔde ne din too Bible nhoma biako so no nnamfo no ho hwɛ. Ebia wobɛkae a, saa mmarima no dii mfomso susuwii sɛ ɔkwan bi so no, na Hiob rekata bɔne bi a wayɛ so, na ɛno nti na na ɔrehu amane no.
Enti, te ɔyarefo tebea no ase. Sɛ ɔrekasa a, tie no yiye. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma sɛnea ohu no no. Mpere wo ho nka sɛ wote no ase. Wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo no yɛɛ saa ma enti wɔfrɛɛ wɔn “gyamserefo.” Wɔmaa ne tebea no sɛee koraa!—Hiob 16:2.
Kae sɛ wobɛtɔ wo bo ase atie wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no yiye. Ma wɔnka sɛnea wɔte nka no nyinaa nkyerɛ wo. Eyi betumi aboa wo ma woate tebea a wɔrefa mu no ase yiye. Susuw mfaso a ebetumi afi mu aba no ho hwɛ! Wubetumi aboa wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no ma wɔanya asetena a abotɔyam wom ankasa.—g12-E 03.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]
Sɛnea Yebehu Wɔn a Wɔwɔ Nkate Mu Yare
Ɛho hia paa sɛ yebehu sɛnea nkate mu yare te, titiriw bere a onipa a ɔwɔ saa yare no yɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo a ɔbɛn yɛn paa no. Susuw nkate mu yare ahorow anum yi ho hwɛ.
Ɔyare a Ɛma Obi Bɔ Birim Birim Kae Isabella a yɛkaa ne ho asɛm wɔ mfitiase no. Ɛnyɛ ɔyare no nkutoo na ɛma ɔyɛ basaa. Ɔka sɛ, “Ansa na yare no bɛsan akyere me bio no, ehu ka me na mifi ase susuw sɛ ɔyare no reba bio.” Ɛno nti, wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no ntaa nkɔ mmeae a yare no akyere wɔn wɔ hɔ pɛn no. Ehu ka ebinom araa ma wɔka wɔn ho hyɛ fie anaa sɛ wohyia tebea bi a ɛyɛ hu a, gye sɛ obi a wogye no di ka wɔn ho ansa na woatumi agyina ano. Isabella kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo wɔ baabi a, ɛno mpo tumi kɔfa ɔhaw no ba. Sɛ me maame bɛn me a, minsuro; sɛ ɔmmɛn a, mintumi koraa.”
Adwene ne Nneyɛe Ho Haw Obi a mmoawammoawa anaa efĩ ho asɛm haw no paa betumi ate nka sɛ ɔnhohoro ne nsa bere nyinaa. Ɛdefa nkate a ɛte saa ho no, Renan ka sɛ: “Sɛ mekɔ so ara dwinnwen mfomso a mayɛ atwam no ho, na mefa akwan horow so susuw ho mpɛn pii a, ɛma m’adwene tu fra bere nyinaa.” Nea efi mu ba ne sɛ mete nka denneennen sɛ menka mfomso a mayɛ atwam no nkyerɛ afoforo. Enti, Renan hia awerɛhyem bere nyinaa. Nanso watumi de nnuru asa ne haw no.a
Amanehunu Akyi Adwennwen Nnansa yi, wɔde nsɛmfua yi kyerɛkyerɛ adwenemhaw ahorow a nnipa pii fa mu bere a wɔahyia tebea bi a ɛyɛ ahometew boro so a edii wɔn dɛm anaa anka ɛredi wɔn dɛm no mu. Wɔn a yare yi aka wɔn no tumi bɔ birim birim, wɔn bo fuw ntɛmntɛm, wɔnte nka biara, wɔn ani nye nneɛma a kan na wɔwɔ ho anigye no ho bio, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya atenka ama afoforo—titiriw nnipa a na anka bere bi wɔbɛn wɔn no. Ɛma ebinom ani so yɛ krakra na mpo wɔyɛ basabasa, na wɔkwati tebea horow a ɛma wɔkaakae tebea a ɛyɛ ahometew a wɔfaa mu no.
Nnipa Ho Suro, anaa Nnipa Mu Adeyɛ Ho Adwennwen Ɛyɛ asɛmfua a wɔde ka nnipa a sɛ wɔwɔ nnipa mu a wɔn ho yeraw wɔn na wɔfɛre ade nso ma ɛboro so no ho asɛm. Wɔn mu binom suro sɛ biribiara a wɔyɛ no, afoforo rehwɛ wɔn, na worebu wɔn nneyɛe no ho atɛn. Ansa na wɔbɛkɔ dwumadi bi ase no, wɔde nna anaa adapɛn pii dwennwen ho ansa na wɔakɔ. Ehu a wɔwɔ no mu betumi ayɛ den araa ma atwitware wɔn adwumayɛ, sukuukɔ, anaa nneɛma afoforo a wɔyɛ no da biara da no mu, na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔne afoforo bɛfa nnamfo bere tenten.
Wɔn a Biribiara Haw Wɔn Monica a yɛaka ne ho asɛm no wɔ saa haw yi bi. Da mũ nyinaa, “odwennwen nea ebetumi asisi” ho, a emu pii nyɛ asɛm biara anaa ɛho nhia mpo. Wɔn a wɔwɔ ɔhaw yi taa hwɛ kwan sɛ atoyerɛnkyɛm bi besi. Ɔyare, sikasɛm, abusua mu nsɛnnennen, anaa ɔhaw a wohyia wɔ adwumam ho nsɛm nso haw wɔn mmoroso. Sɛnea ɛda no mu nsɛm bɛkɔ akowie ho a wosusuw mpo tumi ma wonya adwenemhaw.b
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! nkamfo aduruyɛ pɔtẽẽ bi nkyerɛ.
b Yenyaa nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no fii U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm So no nhoma bi mu.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
“Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ”