Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/12 kr. 7-9
  • Nokwaredi Bɛma Woadi Yiye Ankasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi Bɛma Woadi Yiye Ankasa
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Dɛn Na W’adwuma Bɛma Woahwere?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Dɛn Na Ɔnokwafo A Wobɛyɛ No Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 4/12 kr. 7-9

Nokwaredi Bɛma Woadi Yiye Ankasa

“Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”—Luka 12:15.

ADWUMA a yɛbɛyɛ de anya akatua nso ho hia wɔ asetena mu. Yɛwɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua.—1 Timoteo 5:8.

Nanso sɛ wopɛ sika boro nea wode bɛtotɔ nea wuhia wɔ asetenam nso ɛ? Na sɛ woma ɛbɛyɛ w’asetena mu ade titiriw nso ɛ? Ɛnyɛ den sɛ wɔn a wɔn botae titiriw ne sɛ wobenya wɔn ho no bɛfa kwammɔne so ahwehwɛ bi. Ansa na wobehu sɛ nokware a wɔanni no amma ansi wɔn yiye no, na aka akyi dodo. Bio nso, sɛnea Bible ka no, sikanibere de yaw pii na ɛba.—1 Timoteo 6:9, 10.

Susuw nnipa baanan a wodidi so yi a wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea yiyedi kyerɛ ara ne sɛ obi benya ahonyade pii no nhwɛso ho hwɛ.

Bu Wo Ho

“Mfe pii a atwam ni no, mibisabisaa obi a na ɔne yɛn rebedi gua a ɔde sika dɔla ɔpepem biako rebɛhyɛ nsiakyibaa mu no nsɛm. Na anka menya sika no so mfaso dɔla mpempem pii. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ ɔde ne sika no bɛba a, gye sɛ me ne no kyɛ mfaso a menya no mu abien. Ná nea ɔrebisa no nnye, na na ɛto mmara nso, enti meka kyerɛɛ no.

“Mebɔɔ mmɔden sɛ me ne no besusuw nsɛm ho, na mibisaa no sɛ, ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛma obi a onni nokware ahu ne kokoam nsɛm ne ne sikasɛm mu anaa. Mesan tĩĩ me gyinabea wɔ asɛm no ho no mu kyerɛɛ no, na meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ midi ho dwuma ma no a, ɔnsan mfrɛ me. Mante no nka bio.

“Sɛ mepenee so a, anka me nokwaredi ho bɛba asɛm, na mahwere obu a mewɔ sɛ Kristoni no nso. Anka mɛba abɛyɛ ɔbarima a wadaadaa me ma mede me ho ahyɛ sum ase nhyehyɛe mu no akoa.”—Don, U.S.A.

Ɛma Abotɔyam

Sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi kan no mu no, wɔmaa Danny sika pii sɛ onni atoro mfa adwumakuw a ebetumi de nneɛma abrɛ wɔn no ho. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

“Medaa adwuma sohwɛfo no ase sɛ wɔato nsa afrɛ me ma me ne no akodidi, na afei mede kotoku a sika no hyem no san maa no. Ɔkɔɔ so hyɛɛ me sɛ minnye sika no, na sɛ yɛn adwuma no pene so ma wɔde nneɛma brɛ yɛn a, ɔde sika no bi mpo bɛka ho. Mannye sika no.

“Sɛ migyee sika no a, anka mɛkɔ so asuro sɛ wobehu akyi. Akyiri yi, m’adwumawura tee ɛho asɛm. M’ani gyei yiye, na ɛyɛɛ me dɛ sɛ mangu me ho anim ase. Mmebusɛm 15:27 baa m’adwenem, ɛhɔ ka sɛ: ‘Nea ɔpɛ mfaso bɔne no de mmusu ba ne fie, na nea ɔtan adanmude no benyin akyɛ.’”—Danny, Hong Kong.

Abusua mu Anigye

“Misisi adan ma nkurɔfo. Metumi afa akwan pii so asisi wɔn a meyɛ adwuma ma wɔn no anaasɛ makwati towtua. Nanso me bo a masi sɛ mɛkɔ so adi nokware no ama me ne m’abusua anya mfaso pii.

“Ɛsɛ sɛ nokwaredi da adi wɔ yɛn asetena nyinaa mu, na ɛnyɛ bere a yɛwɔ adwumam anaa yɛredi gua nkutoo. Sɛ wunim sɛ wo kunu anaa wo yere remmu n’ani ngu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa nokwaredi ho no so a, ɛma ahotoso a abusua no wɔ mu yɛ den. Ɛma wo hokafo nya wo mu ahotoso bere a onim sɛ wudi nokware bere nyinaa no.

“Sɛ wo na adwumakuw a ɛso sen biara wɔ wiase yi mu yɛ wo de mpo a, kae sɛ ɛnyɛ sika na ɛbɛma w’abusua anya ahotɔ. Sɛ́ Yehowa Ɔdansefo no, mabehu sɛ sɛ mede Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛma m’asetena kari pɛ. Minya bere ne m’abusua bom yɛ ade, na wiase a sika ne adifudepɛ ahyɛ mu ma no nnya me so nkɛntɛnso biara.”—Durwin, U.S.A.

Wo ne Nyankopɔn Nya Abusuabɔ Pa

“M’adwuma ne sɛ mɛtotɔ nneɛma ama m’adwumakuw no. Ɛtɔ bere bi a, wɔn a metɔ nneɛma fi wɔn hɔ no ka kyerɛ me sɛ wɔbɛtew sika a woyi fi nneɛma a m’adwumakuw tɔ no so bi ama me. Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ mabɔ m’adwumakuw no korɔn.

“Akatua a minya nnɔɔso pii, enti anka metumi agye saa sika no aka ho. Nanso biribiara nni hɔ a metumi de atoto ahonim pa ne gyinabea pa a menya wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no ho. Enti wɔ adwuma biara a me ne obi bɛyɛ mu no, midi Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Hebrifo 13:18 no akyi: ‘Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.’”—Raquel, Philippines.—g12-E 01.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Nnyinasosɛm a Ɛma Wodi Nokware wɔ Adwuma Mu

Ɛsono mmara a wɔde di dwuma wɔ adwuma biara mu. Nanso, wobetumi agyina Bible nnyinasosɛm so asisi gyinae pa. Su asia a edidi so yi da adi wɔ adwuma a wodi nokware wom no ho:

Wɔka nokware

Nnyinasosɛm: “Munnnidi atoro nnkyerɛ mo ho.”—Kolosefo 3:9.

Wɔnnaadaa afoforo

Nnyinasosɛm: “Ɛno ara ne sɛ momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi.”—Mateo 5:37.

Wotumi de ho to so

Nnyinasosɛm: “Nyi obi ahintasɛm adi.”—Mmebusɛm 25:9.

Wodi nokware

Nnyinasosɛm: “Nnye adanmude, efisɛ nea ohu ade yiye mpo, adanmude tumi fura n’ani.”—Exodus 23:8.

Wonsisi afoforo

Nnyinasosɛm: “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

Wodi mmara so

Nnyinasosɛm: “Momfa nea ɛsɛ obiara mma no, tow mma nea tow sɛ no.”—Romafo 13:7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛnea Wobɛkɔ So Adi Nokware wɔ Adwuma Mu

● Si Nea Ehia Ho Gyinae. Sɛ nhwɛso no, so ahonyade a wubenya no ho hia wo sen sɛ wubenya Onyankopɔn anim dom?

● Di Kan Susuw Nea Wobɛyɛ Ho. Susuw tebea horow a ebetumi asɔ wo nokwaredi ahwɛ ho, na yɛ sɛnea wubedi ho dwuma ho nhyehyɛe to hɔ.

● Ma Wonhu Wo Gyinabea. Sɛ wo ne afoforo rebefi adwuma biara ase a, fa anifere kwan so ma wonhu wo gyinabea.

● Hwehwɛ Mmoa Fi Afoforo Hɔ. Sɛ worehyia sɔhwɛ anaa abrabɔ pa ho gyinaesi bi a, hwehwɛ mmoa fi obi a ɔne wo gyinapɛn ahorow hyia hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Sɛ wudi nokware a, wunya abotɔyam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena