So Wɔbɔe?
Kotokurodu Nyansa a Ɔde Yɛ ne Dontwo
● Wɔaka kotokurodu ahorow ho asɛm sɛ wɔaben wɔ nyansadwuma mu. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔka wɔn ho asɛm saa?
Susuw ho hwɛ: Kotokurodu ankasa tumi yɛ krataa soronko bi, na ɛno na ɔde yɛ ne dontwo no.a Akoekoeboa yi sesaw afifide ne nnua a awuwu ho nneɛma fi mmeae ahorow nyinaa—nnua a wɔatwa agu hɔ, nea wɔde agye ban, telefon nnua, ne nneɛma a wɔde sisi adan. Afei ɔwe afifide mu nneɛma pa yi, na ɔde ne ntasu a ahoɔdennuru wom no fra. Sɛ ɔde yɛ ne dontwo no a, ɛkyenkyen yɛ krataa hatahata a ɛyɛ twann na etumi kyɛ nso. Bio nso, nneɛma bi wɔ ntasu no mu a etumi ma dontwo no nya ɔhyew a ɛfata ma ne nkesua no wɔ awɔw bere mu.
Kotokurodu di akɔneaba de “n’ano sesaw” nneɛma bere a ɔreyɛ ne dontwo no. Sɛ owie a, ɛbɛyɛ ntokuru nketenkete a n’afã yɛ asia asia a aka abom te sɛ akatawia a wɔde krataa ayɛ a nsu ntumi nkɔ mu—afã asia asia a ɛbom no ma ɛyɛ den, na ɛma otumi yeyɛ pii wɔ beae ketewaa bi. Sɛ wɔwɔ mmeae a nsu pii wɔ a, wɔde wɔn ntasu a etumi siw nsu kwan no pii fra nneɛma a wɔde yɛ wɔn dontwo no mu. Eyi akyi no, wɔpaw baabi a sɛ wɔde wɔn dontwo no sɛn a, biribiara nka wɔn. Hama sa wɔn dontwo a anim kyerɛ fam yi so. Bio nso, ɔkwan a kotokurodu fa so yɛ ne dontwo no nsɛe nneɛma a atwa yɛn ahyia no mu biara sɛnea mfiri a yɛde yɛ nkrataa sɛe mframa, nsu ne asase no!
Enti ntease wom sɛ adansi ho animdefo ne nhwehwɛmufo resua akwan a kotokurodu fa so yɛ ne dontwo, na wɔatumi ayɛ nneɛma a wɔde sisi adan a eye sen biara a emu nyɛ duru, ɛyɛ den, na ɛyɛ twann a n’ankasa tumi porɔw.
Wudwen ho dɛn? So akoekoeboa a n’amemene kɛse nyinaa te sɛ mpoano anhwea nketenkete abien no betumi ahu sɛnea wɔyɛ krataa ne dontwo? Anaa so nnuru a ɛwɔ ne ntasu mu ne nyansa a ɔde yɛ ne dontwo no da no adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?—g12-E 02.
[Ase hɔ asɛm]
a Kotokurodu ahorow bi dontwo te sɛ krataa. Ntokuru nketenkete a ɛwom no na ɛyɛ mpia a wɔtow nkesua gu mu no, na nkesua no paapae bɛyɛ nsiammoaa.