Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wufi Ase Kyerɛkyerɛ Wo Ba?
● Ɔbarima bi a ɔwɔ Summerville, South Carolina, U.S.A., kyerɛwee sɛ, bere a ne yere nyinsɛn dii asram abiɛsa pɛ no, ofii ase sɛ ɔbɛda ne nkyɛn pɛɛ akenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a wɔde sua Bible no anadwo biara. Agya no ka sɛ, “Yɛwoo yɛn babea, Bethiah no, yɛkɔɔ so yɛɛ saa—yɛkenkan ti biako anadwo biara, kosii sɛ yɛkenkan nhoma no nyinaa wiei mprɛnsa.”
Ɔtoaa so sɛ: “Bere a Bethiah nnya mfii ase nkasae no, na otumi hu Bible mu nnipa ahorow wɔ nhoma no mu, na na ɔyɛ Bible mu nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ nhoma no mu no ho ɔyɛkyerɛ. Wasua nso sɛ ɔbɛka Bible mu nsɛm no bi afi ne tirim.”
Wɔde mfonini fɛfɛ ne nkyerɛwde akɛse na ayɛ Bible mu nsɛm 116 a ɛwɔ nhoma yi mu no. Wɔde bere a Bible mu nnipa ahorow no tenaa ase no na ahyehyɛ emu nsɛm no nnidiso nnidiso, na ɛma ɔkenkanfo no nya Bible mmerebu ho nimdeɛ. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma a ekura nkratafa 256 yi bi a, hyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na fa mena address a wɔakyerɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata.—g12-E 08.
□ Momfa nhoma a ɛwɔ ha yi bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.