Mmofra Bisa Sɛ
Dɛn na Metumi Ahwɛ Kwan Wɔ Aware Mu?—Ɔfã 1
“Sɛ ɔwɔ me nkyɛn a, m’ani gye mmoroso! Me yam a anka yɛaware!”
“Yɛn adwene nhyia wɔ biribiara mu. Yɛte dan koro mu, nanso yɛayɛ sɛ akorafo. Mayɛ ankonam paa!”
EBIA sɛnea wode w’adwene bui no, ababaa sigyani bi na ɔkaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no; na nea ɛwɔ benkum so no nso yɛ ɔwarefo bi asɛm. Nea ebia wunnim ne sɛ, onipa koro no ara na ɔkaa nsɛm abien no nyinaa.
Dɛn na ankɔ yiye? Sɛ worehwɛ kwan sɛ wobɛware da bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na anigye a wohwɛ kwan wɔ aware mu no ankɔdan asɛm foforo?
Asetenam nokwasɛm: Anigye a wubenya wɔ aware mu no dodow no ara gyina nea wobɛhwɛ kwan afi mu no so.
Asɛm yi—ne “Mmofra Bisa Sɛ” mu asɛm a ɛwɔ Nyan! a ɛbɛba ɔsram a edi hɔ no mu no—bɛboa wo ma wasusuw nneɛma ho yiye.
Dɛn na wubetumi ahwɛ kwan ankasa wɔ aware mu? Ne tiaa mu no, wubetumi:
(1) Ahwɛ mfaso horow kwan
(2) Ahwɛ ɔhaw ahorow kwan
(3) Ahwɛ nneɛma a wonhwɛ kwan sɛ ebetumi asi
Ma yɛnhwɛ sɛnea emu biara te ankasa.
HWƐ MFASO HOROW KWAN
Bible no ka aware ho asɛm pa. (Mmebusɛm 18:22) Nneɛma pa a wubetumi ahwɛ kwan no bi ni.
Ayɔnkofa. Bible no ka sɛ, wɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam, bere bi akyi no, Onyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena.” Na ɛno akyi no, Onyankopɔn bɔɔ Hawa maa Adam sɛ ne hokafo. (Genesis 2:18) Onyankopɔn maa wɔn mu biara su horow a ɛbɛma wada nsow, nanso na wobetumi ayɛ ade abom. Enti okunu ne ɔyere betumi ayɛ ayɔnkofo a wɔfata wɔn ho paa.—Mmebusɛm 5:18.
Mobɛyɛ nneɛma abom. Bible ka sɛ: “Baanu ye sen obiako, efisɛ wobetumi abom ayɛ adwuma yiye.” (Ɔsɛnkafo 4:9, Good News Translation) Eyi yɛ nokware turodoo wɔ aware mu. Ababaa bi a ɔwaree nnansa yi ara a wɔfrɛ no Brendaa ka sɛ, “Asɛm no nyinaa ne sɛ mobɛbom ayɛ ade, na moabrɛ mo ho ase, na ɛtɔ mmere bi a, moanya ɔpɛ sɛ mubegyae nsɛm mu.”
Abusuabɔ a emu yɛ den. Bible no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okunu ma ne yere nea ɛsɛ no wɔ nna mu, na ɛsɛ sɛ ɔyere nso yɛ saa ara ma ne kunu.” (1 Korintofo 7:3, Common English Bible) Sɛ moaware a, mubetumi anya nna mu kyɛfa a ɛrenhaw mo adwene anaa morennu mo ho sɛnea mpɛn pii no ɛtaa to wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna a edi aware anim mu no.—Mmebusɛm 7:22, 23; 1 Korintofo 7:8, 9.
Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Yakobo 1:17) Sɛ wode ne nnyinasosɛm di dwuma a, wubetumi ahwɛ kwan sɛ ɛde asetena a mfaso wɔ so kɛse bɛbrɛ wo.
Nea wubetumi asusuw ho: So aware ahorow bi a ɛnyɛ papa—ebia wɔ w’abusua mu—a woahu no ama woanya adwene a ɛnteɛ wɔ aware ho? Sɛ saa a, awarefo a wɔyɛ nhwɛso pa bɛn na wubetumi asuasua wɔn?
WUBETUMI AHYIA NSƐNNENNEN
Bible no ma yenya aware ho adwene a ɛfata. (1 Korintofo 7:28) Nsɛnnennen a wubetumi ahyia wɔ aware mu no bi ni.
Akasakasa. Nnipa baanu biara nni hɔ a wɔyɛ pɛ—wɔn nyinaa wɔ sintɔ ahorow. (Romafo 3:23) Enti ɛwom wom a, akasakasa betumi asɔre wɔn ntam ɛmfa ho sɛnea wɔte wɔn ho ase fa no. Ɛtɔ mmere bi a, wɔbɛkeka nsɛm a ɛyɛ yaw mpo akyerɛ wɔn ho ma akyiri yi wɔanu wɔn ho. Bible no ka sɛ: “Onipa a onni mfomso wɔ ne kasa mu no . . . na ɔyɛ pɛ.” (Yakobo 3:2, Holy Bible—Easy-to-Read Version) Sɛ́ anka awarefo a wɔwɔ anigye besusuw sɛ wobetumi asiw wontwiwontwi biara ano no, ɛsɛ sɛ wosua sɛ bere biara a wɔn adwene nhyia wɔ biribi ho no, wɔbɛhwɛ asiesie.
Huammɔdi. Abeawa bi a wɔfrɛ no Karen ka sɛ, “yehu wɔ sini ne TV so dwumadi pii a woyi kyerɛ yɛn no mu sɛ, mmabaa tumi hyia mmarima a ‘wɔfata’ wɔn ma wɔkɔ so tena anigye mu wɔn nkwa nna nyinaa.” Sɛ ebinom aware anyɛ te sɛ nea wohu wɔ sini mu ne TV so no a, wɔn abam tumi bu. Ɛwom, sɛ nnipa baanu ware wie a, ɔkwan biara so no wobehu sintɔ ne su afoforo a enye wɔ wɔn mu biara ho. Ade titiriw a ɛsɛ sɛ wɔkae ne sɛ, ɔdɔ kann ‘gyina biribiara ano’—a huammɔdi mpo ka ho.—1 Korintofo 13:4, 7.
Dadwen. Bible no ka sɛ awarefo ‘da dwen wiase nneɛma ho.’ (1 Korintofo 7:33, 34) Mfomso nni dadwen a ɛte saa ho, na mpɛn pii no, ɛfata. Sɛ nhwɛso no, sikasɛm ho betumi ayɛ den ama mo. Ebia ɛho behia sɛ mo baanu nyinaa yɛ adwuma na moanya sika de atotɔ nnuan, ntade ne nea mode betua mo dan ka. Nanso sɛ moyɛ nneɛma bom a, ebetumi asi mo yiye.—1 Timoteo 5:8.
Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Ɛsono nantew a edi aware anim, ɛnna ɛsono aware koraa. Egye ahokokwaw ne mmɔdemmɔ pii na woatumi adi aware mu nsɛnnennen ho dwuma—nanso ɛnyɛ hu.
Nea wubetumi asusuw ho: Mprempren sɛ asɛm bi sɔre wɔ wo ne w’awofo ne wo nuanom ntam a, ɔkwan bɛn na wofa so di ho dwuma? Sɛ obi di wo huammɔ a, wutumi hyɛ wo ho so? Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, ɔkwan bɛn na wofa so di ho dwuma?—g12-E 09.
NEA ƐBƐBA WƆ “MMOFRA BISA SƐ” A EDI HƆ NO MU . . . Ɔkwan bɛn na Bible nnyinasosɛm betumi aboa wo ma woagyina nea wonhwɛ kwan no ano?
Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” nsɛm a ɛba no pii wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
NEA W’ATIPƐNFO KA
Brittany—Misusuw sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobɛware esiane sɛ nkurɔfo taa haw w’adwene sɛ, “Dabɛn na wobɛware?” nti no. Anyɛ yiye koraa no, sɛ woware na ɔhaw bi sɔre a, wo ara na wubedi ho dwuma—ɛnyɛ wɔn a wɔrepiapia wo sɛ ware no.
Ciara—Sɛnea nkurɔfo te nka no mma wunsusuw nneɛma ho yiye. Ɛno nti na misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ w’awofo boa wo paa wɔ ɔhokafo a wobɛpaw no mu. Anyɛ yiye koraa no, wɔn na wonim wo yiye, enti wɔn na wobetumi aboa wo ma woanya nea ɔfata wo.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
WUSUSUW HO DƐN?
Josh ne Melanie nantewee bɛyɛ afe. Saa bere no mu no, anka wɔreyɛ atetew mu mpɛn abien. Wɔ bere a edi kan no mu no, Josh bɔɔ Melanie sobo sɛ ɔde ne ho hyehyɛ mmerante afoforo, enti ɔyɛe sɛ ɔne no begyae nantew. Bere foforo mu no, Melanie ka kyerɛɛ Josh sɛ, ɔpɛ sɛ wogyae nantew efisɛ na sobo no adɔɔso. Mpɛn abien no nyinaa mu no, Josh ne Melanie tumi siesiee wɔn ntam.
Wususuw ho dɛn? So wuhu asiane bi wɔ nnipa baanu a yɛaka wɔn ho asɛm no ayɔnkofa mu? Josh ne Melanie ntam a anka ɛresɛe bɛboro pɛnkoro no kyerɛ dɛn? Ɛnna wɔn ntam asɛm a wotumi siesiei no nso kyerɛ dɛn? Wususuw sɛ, dɛn na ɛsɛ sɛ Josh ne Melanie hwɛ kwan bere a wɔaware no?
[Adaka wɔ kratafa 23]
DƐN NTI NA WUMMISA W’AWOFO?
Wo ne w’awofo nsusuw nsɛm a ɛwɔ adaka “Wususuw Ho Dɛn?” no mu no ho. Hwɛ sɛ adwene a wɔwɔ wɔ Josh ne Melanie ho no ne wo de hyia anaa.