Bible No Adwene
Hena na Obetumi Asesa Wiase Yi?
“Nnipa a wɔwɔ wiase rehwehwɛ wɔn haw ahorow ano aduru afi wɔn akannifo hɔ. Wɔpɛ wɔn haw nyinaa ano aduru, ɛnyɛ ne fã bi, anaa anoyi biara.”—UNITED NATIONS SECRETARY-GENERAL BAN KI-MOON.
YƐTE bere a Bible frɛ no “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Akodi ho nsɛm a ɛyɛ hu, amumɔyɛsɛm, sikasɛm mu ahokyere, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛrebɛsɛe ho nsɛm nkutoo na yɛte.
So anidaso bi wɔ hɔ sɛ nneɛma bɛyɛ yiye? So nnipa nniso ahorow betumi adi wiase haw ahorow ho dwuma ama yɛn? Anaa ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi baabi foforo?
Nea Aman Pii Ka
Aman pii ka sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi. Sɛ nhwɛso no, wɔka wɔ Nsẽ a Wodi wɔ United States of America no mu sɛ, wɔyɛ “ɔman biako a ɛhyɛ Onyankopɔn ase,” na wɔakyerɛw wɔ sika a wodi wɔ ɔman no mu so sɛ “Onyankopɔn na Yɛde Yɛn Ho To No So.”
Nokwarem no, nnipa pii a wɔte United States no nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo—na saa ara na ɛte wɔ aman afoforo a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afã no mu. Wɔn a wogye Onyankopɔn di no mpo adwene nhyia wɔ sɛnea ɔde ne ho gye adesamma nsɛm mu kodu no ho.
● Ebinom ka sɛ Onyankopɔn atwe ne ho koraa, na adesamma nsɛm mfa ne ho.
● Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn nam nnipa nniso so na ɛyɛ adwuma, na obehyira wɔn mmɔdemmɔ so ma nneɛma asesa wɔ wiase.
Emu nea ɛwɔ he na ɛne nea wugye di no hyia?
Susuw ho hwɛ: Sɛ asɛm a edi kan no yɛ nokware a, ɛnde na asɛm ato yɛn. Sɛ asɛm a ɛto so abien no yɛ nokware a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So Onyankopɔn pɛ ɔman bi asɛm sen ɔfoforo? Sɛ aman abien kɔ ɔko na wɔn nyinaa bɔ mpae sɛ wonni nkonim a, hena afã na Onyankopɔn gyina?’ So ebetumi aba sɛ onnyina obiara afã?
Nea Bible Kyerɛkyerɛ
1. Wɔammɔ onipa sɛ onni n’ankasa ho so. Bible no ka sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Adesamma abakɔsɛm ma yehu saa asɛm no mu nokwasɛm. Nnipa nniso ntumi mmaa wiase yi nyɛɛ yiye, ɛmfa ho sɛ ebia na wɔwɔ nhyehyɛe pa anaa wokura adwempa no. Mmom no, “onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
2. Onyankopɔn dwen yɛn ho. Onim yɛn tebea na ɔte nka nso ma yɛn. Bio nso, ɔde ne ho begye nsɛm mu aboa yɛn. Ɔkwan bɛn so? Denam n’Ahenni a “wɔrensɛe no da” no so.—Daniel 2:44.
3. Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso ankasa. Ahenni koro no ara na nnipa komapafo ɔpepem pii bɔ ho mpae wɔ Yɛn Agya a Wowɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ mu no. Wɔ saa mpaebɔ no mu no, nkurɔfo srɛ Onyankopɔn sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ Ɔsoro nkutoo na Onyankopɔn Ahenni no bedi tumi; ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so nso.
4. Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bɛsesa wiase yi—na ɔbɛyɛ nso. Sɛ w’adwenem yɛ wo naa a, susuw nea Bible kyerɛkyerɛ no ho hwɛ.
● Onyankopɔn too nhyɛase pa maa adesamma abusua no wɔ tebea a na asomdwoe wom mu.—Genesis 1:27-31.
● Ɔhaw ahorow a yehyia nyinaa akyi no, Onyankopɔn nsesaa n’atirimpɔw ma asase yi.—Dwom 37:11, 29.
● Onyankopɔn afi ase reyɛ nnwuma a ɛbɛma yɛn asase yi ne adesamma abusua no asan akɔ tebea a na wɔwom fi mfiase no mu.—Yohane 3:16.
Wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Onyankopɔn Ahenni ne ɔkwan a ɛbɛfa so asesa wiase yi ho ade anaa? Yehowa Adansefo a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo. Dɛn nti na wo ne wɔn nsusuw nsɛm a edidi so yi ho bere foforo a wɔbɛba wo fie no?—g12-E 07.
● Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
● Nsakrae ahorow bɛn na ɛde bɛba?
● Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni de nsakrae ahorow no bɛba?
SO WOADWEN HO?
● Dɛn nti na nnipa nniso ahorow ntumi nni nnipa ahiade nyinaa ho dwuma?—Yeremia 10:23.
● Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn akyerɛ sɛ odwen yɛn ho?—Yohane 3:16.
● Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛma aba asase yi so, na dɛn na ɔbɛma wɔn a wɔbɛtena so no anya?—Dwom 37:11, 29.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
So nnipa nniso ahorow betumi adi wiase haw ahorow ho dwuma ama yɛn? Anaa ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi baabi foforo?