Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/13 kr. 12-13
  • Indonesia Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Indonesia Nsrahwɛ
  • Nyan!—2013
Nyan!—2013
g 4/13 kr. 12-13

NSASE NE NNIPA

Indonesia Nsrahwɛ

NSUPƆW ahorow bɛyɛ sɛ 17,000 na ɛwɔ Indonesia. Wonim ɛhɔfo no sɛ wɔpɛ nnipa paa, wɔwɔ abotare,wobu ade, na wɔpɛ ahɔhoyɛ.

Indonesiafo pɛ ɛmo ne forɔe, na wɔpɛ nnuaba nso paa. Wɔ mmeae bi no, sɛ mmusua redidi a, wɔtena kɛtɛ so na wɔde wɔn nsa tĩ ɛmo no de bɔ forɔe a wɔayɛ no mu. Indonesiafo pii ka sɛ saa kwan a wɔfa so didi no ma aduan yɛ dɛ.

Durian aduaba a ɛte sɛ diibɔl no yɛ dɛ, na ɛmfa ho sɛ ɛbɔn no, nnipa pii ani gye ho

Indonesiafo ani gye mfoniniyɛ, asaw, ne nnwom ho. Wɔtaa de anklong na ɛbɔ dwom. Wɔde mpampuro durubɛn a wɔahyehyɛ wɔ dua so na ɛyɛ anklong sanku yi. Wɔahyehyɛ durubɛn no ma sɛ wɔwosow a, ɛma nnyigyei pɔtẽẽ bi. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ dwom bi a, ɛsɛ sɛ nnwontofo dodow bi kabom na wɔn mu biara wosow ne de wɔ bere a ɛfata mu.

Akaatia yɛ asoroboa a ɔso sen mmoa a wɔda nnua so nyinaa—wɔnyɛ na wɔ Sumatra ne Borneo kwaebirentuw no mu. Nea wanyin paa no mu duru betumi adu bɛyɛ kilogram 90.7, na sɛ wɔtwe wɔn nsam a, ne tenten bɛyɛ mita 2.4

Ɛde besi afeha 15 Y.B. no, na Hindusom, ne afei Buddhasom, na agye Indonesiafo ti. Ebeduu afeha 16 mu no, Nkramosom nso benyaa wɔn so nkɛntɛnso. Saa afeha no ara mu na Europafo a wɔkɔhwehwɛɛ nnuhuam wɔ hɔ no de Kristosom kɔɔ hɔ.

Efi afe 1931 reba no, Yehowa Adansefo ayɛ wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no wɔ Indonesia. Seesei, Yehowa Adansefo bɛboro 22,000 na wɔwɔ Indonesia. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no bi akyerɛ wɔn a wɔyɛ mum nso wɔ hɔ. Nnansa yi, nnipa bɛboro 500 na wɔkɔɔ mum kasa nhyiam bi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ hɔ de kaee Yesu Kristo wu no.

SƆ W’ADWENE HWƐ

Nneɛma yi mu nea ɛwɔ he na wususuw sɛ ɛwɔ Indonesia?

  1. afifide 20,000

  2. mmoa ahorow a ɛsen biara wɔ wiase

  3. nhwiren a ɛso sen biara wɔ wiase

  4. nhwiren a ɛware sen biara wɔ wiase

Answer: Mmuae: Nneɛma anan no nyinaa. Nhwiren a ɛso sen biara no kɛse yɛ sɛntimita 91, na nhwiren a ɛware paa no tenten yɛ mita 3.

ƐHO NOKWASƐM

  • Emu nnipa dodow: 237,600,000

  • Ahenkurow: Jakarta

  • Wim tebea: Osu tɔ na ɛhɔ yɛ hyew

  • Nneɛma a wɔtɔn wɔ amannɔne: Ngo kɔkɔɔ, rɔba, fango, gyabiriw

  • Kasa ahorow a wɔka: Bahasa Indonesia, ne kasa ahorow pii a mmusua ahorow ka

  • Ɔsom: Wɔn mu dodow no ara yɛ Nkramofo (ɔha mu nkyem 88)

Wotintim Nyan! wɔ kasa ahorow 98 mu, na Indonesia kasa (a wɔsan frɛ no Bahasa Indonesia) nso ka ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena