-
Dɛn Nti na Yɛtotɔ Nneɛma?Nyan!—2013 | June
-
-
ASƐM A ƐDA SO: YƐRETOTƆ NNEƐMA DODO?
Dɛn Nti na Yɛtotɔ Nneɛma?
Bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2012 mu no, nnipa a wɔkyerɛɛ wɔn adwene no mu fã gye toom sɛ wɔtotɔɔ nneɛma a na wonhia ankasa. Wɔn mu dodow no ara kae sɛ nkurɔfo totɔ nneɛma dodo. Ebia ntease wɔ nea wɔkae no mu. Ɛka amene nnipa pii ma wonhu nea wɔnyɛ wɔn ho. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, sɛ́ anka nneɛma pii a yɛtotɔ no bɛma yɛn ani agye no, ebetumi mmom agyaw adwennwen ne awerɛhow wɔ yɛn so! Ɛnde, dɛn nti na yɛkɔ so totɔ nneɛma pii saa?
AGUADIFO de nneɛma puapua yɛn dodo. Dɛn ne wɔn botae? Sɛ́ wɔbɛma yɛatotɔ nneɛma a yenhia ankasa. Wonim sɛ nkurɔfo gyina wɔn nkate so na ɛtaa tɔ ade. Enti wɔbɔ nneɛma a wɔtɔn no ho dawuru wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma adetɔ ayɛ akɔnnɔ.
Nhoma Why People Buy Things They Don’t Need ka sɛ: “Sɛ obi pɛ ade foforo bi a, ɔkɔ so twa ho mfonini wɔ n’adwene mu araa ma ɛyɛ te sɛ nea ɔrenkyinkyin hwehwɛ, wakohu, na watɔ de abedu fie.” Animdefo bi susuw sɛ, sɛ nkurɔfo retotɔ nneɛma a, wɔn ani tumi gye araa ma wɔn ho wosowosow. Aguade ho dawurubɔfo ɔbenfo Jim Pooler, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi a ɔtɔn ade hu sɛ obi ani agye biribi ho a, obetumi afa ɔkwan bi so adɛfɛdɛfɛ no ma watɔ n’ade.”
Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi aguadifo a wɔn ani atew ho? Nni wo nkate akyi, mmom susuw nsɛm a aguadifo ka de hyɛ bɔ no ho hwɛ sɛ ebetumi abam anaa.
NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Ma W’asetena Ntu Mpɔn”
Obiara pɛ asetena pa. Aguade ho adawurubɔfo keka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ yɛn nyinaa. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ yɛba wɔn nkyɛn a, yebenya akwahosan pa, ahobammɔ, yɛn dadwen so bɛtew, na yebenya nnamfo pa.
SUSUW NNEƐMA HO YIYE:
Bere a yɛn ahode redɔɔso no, na yɛn ho nso rekyere yɛn. Sɛ yenya nneɛma pii a, ebegye bere ne sika pii ansa na yɛatumi ahwɛ so. Sɛ yɛn ho aka dɔɔso a, ɛma yɛn dadwen nso yɛ kɛse, na bere a yenya ma yɛn mmusua ne yɛn nnamfo no so tew.
Nnyinasosɛm: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”—Luka 12:15.
NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Wubegye Din na Woanya Anuonyam”
Nnipa kakraa bi na wobegye atom sɛ wɔtotɔ nneɛma de pɛ afoforo anim nyam. Nanso Jim Pooler ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo retotɔ nneɛma a, adwene a wɔde yɛ saa ara ne sɛ wobenya nneɛma a wɔn nnamfo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne abusuafo wɔ no bi.” Eyi nti, aguadifo taa de nneɛma a wɔkyerɛ sɛ asikafo ani gye ho na ɛbɔ dawuru. Adwene a wɔma yenya ne sɛ: “Wo nso wubetumi ayɛ sɛ osikani no!”
SUSUW NNEƐMA HO YIYE:
Sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho a, yɛn ani rensɔ nea yɛwɔ da. Sɛ yɛpere nya nea yɛpɛ wie ara pɛ a, na yɛasan de yɛn ani asi ade foforo so.
Nnyinasosɛm: “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no.”—Ɔsɛnkafo 5:10.
NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Ma Wonhu sɛ Wo Nso Wowɔ Hɔ”
Nhoma Shiny Objects kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛbɛma afoforo ahu onipa ko a yɛyɛ (anaa onipa ko a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no) gyina sɛnea yɛde nea yɛwɔ bɛyɛ yɛn ho anaa yɛde bɛkyerɛ afoforo so.” Aguadifo ahu eyi na wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyina so atoto nneɛma a wɔtɔn no din—titiriw nneɛma a ɛwɔ din a ne bo yɛ den—na wɔde bata dibea anaa abrabɔ ahorow bi ho.
Wuhu wo ho dɛn, na wopɛ sɛ afoforo hu wo dɛn? Sɛ obi a wohyehyɛ ntade a aba so? Anaa obi a wo ho yɛ den? Ɛmfa ho onipa ko wopɛ sɛ woyɛ no, aguadifo ma wote nka sɛ nea wobɛtɔ ayɛ wo ho no na ɛma wohu onipa ko a woyɛ.
SUSUW NNEƐMA HO YIYE:
Biribiara nni hɔ a yɛtɔ a, ebetumi asesa sɛnea yɛte anaasɛ ɛbɛma yɛanya su ahorow a ɛfata te sɛ ahosodi anaa anuonyam.
Nnyinasosɛm: “Mommma mo ahosiesie nnyɛ . . . sikahyɛ anaa ntadehyɛ, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw.”—1 Petro 3:3, 4.
-
-
Nea Ɛbɛboa Ma Woagyae AtotɔatotɔNyan!—2013 | June
-
-
Nea Ɛbɛboa Ma Woagyae Atotɔatotɔ
Nneɛma ho dawurubɔ a wɔde puapua yɛn akyi no, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn suban tumi ma yɛsɛe sika pii. Nyansahyɛ ahorow asia yi betumi aboa ma woagyae atotɔatotɔ.
Ntotɔ nneɛma kɛkɛ. So nea w’ani gye ho ne sɛ wobɛkɔ akɔto sɛ wɔatetew nneɛma so na woatɔ bi? Sɛ saa a, nneɛma atotɔatotɔ betumi ayɛ wo dɛ. Sɛ wopɛ sɛ wugyae saa su no a, gye bere susuw nsunsuanso a ebefi biribi a wopɛ sɛ wotɔ no mu aba, baabi a wode besi, ne sɛnea wobɛhwɛ so ma akyɛ no ho. Kae nneɛma bi a woansusuw ho na wotɔe na akyiri yi wunuu wo ho wɔ ho no. Gye bere “kakra” fa susuw nneɛma ho yiye ansa na woasi gyinae atɔ biribi.
Ntotɔ nneɛma mfa nkyekye wo werɛ. Nneɛma atotɔatotɔ betumi akyekye wo werɛ bere tiaa bi. Nanso sɛ wo werɛ san how a, ebia wobɛte nka paa sɛ ɛsɛ sɛ wosan kɔtotɔ nneɛma na ama wo ho atɔ wo. Sɛ́ anka wobɛtotɔ nneɛma de akyekye wo werɛ no, hwehwɛ nnamfo a wobetumi aboa wo, anaa tu mpase fa teɛteɛ w’apɔw mu.
Ntotɔ nneɛma mfa nnyigye w’ani. Aguadidan akɛse ama nneɛma totɔ abɛdan biribi a wɔyɛ de gyigye wɔn ani. Ebia wobɛkɔ aguadidan mu akɔnantenantew hɔ anaa wobɛkɔ Intanɛt so akɔhwɛ nneɛma wɔ so kɛkɛ. Nanso wɔahyɛ da ayɛ nneɛma a wuhu wɔ hɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtwetwe wo ma woatɔ. Sɛ wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛtɔ biribi a, bɔ mmɔden hyɛ wo ho so.
Hwɛ nnamfo a wopaw yiye. Wo nnamfo nkɔmmɔbɔ ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade betumi anya wo so nkɛntɛnso kɛse. Sɛ wosɛe sika pii na ama woatumi ne wo nnamfo abɔ a, ɛnde paw nnamfo a wɔmmfa wɔn adwene nsi sika ne honam fam nneɛma pii so.
Mfa credit card ntotɔ nneɛma basabasa. Sɛ wode credit card totɔ nneɛma a, ɛma wubu w’ani gu ɛka a wobɔ so. Bɔ mmɔden sɛ ɔsram biara, wubetua ɛka a woabɔ wɔ wo credit card so nyinaa. Hwɛ sika a wɔtetew wɔ credit card a wode totɔ nneɛma no so na fa toto credit card afoforo ho, na hwehwɛ nea ne bo ba fam. Yɛ ahwɛyiye wɔ credit card a wɔtetew sika akɛse wɔ so na wɔde nneɛma bi a enhia wo batabata ho no ho. Sɛ wopɛ sɛ wotɔ nneɛma pii a, boaboa sika ano fa kɔtɔ sen sɛ wubefiri.
Hu sɛnea wo sikasɛm te. Sɛ wunnim sika dodow a wowɔ a, ebetumi ama woadi aboro nea wowɔ so. Yɛ kyerɛwtohɔ pa, na hu sika a wowɔ bere biara. Hwɛ sika a ɔsram biara wunya, na gyina nea wudi ɔsram biara ne osuahu a woanya so yɛ wo sikasɛm ho nhyehyɛe. Bu sika a wudi no ho akontaa, na fa toto nhyehyɛe a woayɛ ho. Bisa w’adamfo a wugye no di ma ɔmmoa wo ma wonhu sikasɛm mu nneɛma a wonte ase yiye no mu.
-