Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/13 kr. 12-13
  • Panama Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Panama Nsrahwɛ
  • Nyan!—2013
Nyan!—2013
g 6/13 kr. 12-13

Nsase Ne Nnipa Ahorow

Panama Nsrahwɛ

NNIPA pii nim Panama esiane nsuka a ɛka Atlantic ne Pacific po no bom no nti. Na esiane sɛ ɛka Amerika Atifi fam ne Anafo fam bom nti, akwantufo pii fa hɔ. Nnipa ahorow nyinaa bi wɔ hɔ. Wɔn mu fã kɛse no ara fi ɔman no mu, ɛnna ebi nso yɛ Aborɔfo asefo.

SO NÁ WUNIM? Panamafo apɔtorɔ a ne ho yɛ akokɔsrade (Atelopus zeteki) no “wosow” ne nan de pɛ ne hokafo anaa ɔde pam ne yɔnko barima

Bere a Spania abɔrehufo duu Panama wɔ afe 1501 mu no, wɔkɔtoo kurow no mufo ankasa, na wɔn asefo da so ara wɔ hɔ. Wɔn mu bi ne Gunafo (kan no na wɔfrɛ wɔn Kunafo). Gunafo no mu pii tete nkuraase wɔ San Blas Nsupɔw no ho ne Caribbean Mpoano a ɛbɛn Panama ne Colombia ahye so no. Wɔn adwuma titiriw ne ahayɔ, mpataayi, ne kuayɛ.

Wɔ Gunafo mu no, sɛ ɔbarima bi ware a, ɔne ne nsenom kɔtena na ɔyɛ adwuma ma wɔn. Sɛ ɛwom ara na ne yere no wo ɔbabea a, obetumi atew ne ho afi ne nsenom ho na ɔne ne yere ne ne ba no akɔkyekyere wɔn ankasa abusua.

Yehowa Adansefo asafo bɛyɛ 300 na ɛwɔ Panama. Wɔ Spaniafo kasa akyi no, kasa afoforo a wɔde yɛ Kristofo nhyiam ne China kasa, Borɔfo, Gujarati, Guna, Haiti Creole, Ngabere, ne Panamafo Mum Kasa.

ƐHO NOKWASƐM

  • Emu nnipa dodow: 3,629,000

  • Ahenkurow: Panama City

  • Kasa titiriw a wɔka: Spania

  • Aban: Dodow amammu

  • Wim tebea: Osu tɔ na ɛhɔ yɛ hyew

  • Asase: Nnua wɔ ne mmepɔw a ɛso dwo no so, sare wɔ asase no so, na ne fã bi yɛ kwaebirentuw. Nsupɔw bɛboro 1,600 na ɛwowɔ ne mpoano hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena