Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/15 kr. 3
  • Bible So Wɔ Mfasoɔ Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible So Wɔ Mfasoɔ Nnɛ?
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afotu a Ɛwɔ Bible Mu No, Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso Wɔ So Ankasa
    Nyan!—2013
  • Nnianim Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 2/15 kr. 3
Bible a wɔabue mu

ASƐM A ƐDA SO

Bible So Wɔ Mfasoɔ Nnɛ?

‘M’ani nnyee saa da wɔ m’asetenam.’

HILTON yɛ obi a na ɔpɛ akuturukubɔ paa. Berɛ a ɔdii mfie nson no, na akuturuku adane n’aduane; sɛ ɛnyɛ obi na ɔne no reko agye sika a, na obi na agyegye no ma ɔde ntɔkwa agengam no! Berɛ a ɔwɔ ntoasoɔ sukuu no, na ɔne ne nnamfo kyini kɔpɛ ntɔkwa, na sɛ wɔnya obi a, na wɔasibiri no. Wo deɛ, tie n’anom asɛm: “Ɛduu baabi no, sɛ ɛnyɛ obi adeɛ na merewia a, na kyakya na mereto; sɛ ɛnyɛ ponografi na merehwɛ a, na mmaa na meretaataa wɔn. Sɛ wohu sɛnea metwa bɔ m’awofoɔ a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ madu akyire. Ná m’awofoɔ susu sɛ magye nsam na biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi asesa me. Mewiee ntoasoɔ sukuu pɛ na metu firii fie.”

Berɛ a Hilton kɔhyɛɛ mu no, ɛdii mfie 12 ansa na ɔresan aba fie, na ɔbaeɛ no, na n’awofoɔ nnye nni sɛ ɛyɛ wɔn ba no a! Na wadwo sɛ nsuonwunu, na na obu adeɛ nso. Ɛdɛn koraa na ɛmaa Hilton sesaa saa? Berɛ a ɔde ne ti hwee mu no, ɔfirii aseɛ sɛ ɔredwendwene n’abrabɔ ho. Afei ɔyɛɛ sɛ ɔbɛsua Bible ahwɛ sɛ ɛbɛboa no ama wasesa anaa. Hilton kaa sɛ: “Mede nea mesua firii Bible mu no bɔɔ me bra. Nokwasɛm nie, mebɛhuu sɛ ɛsɛ sɛ meyi me suban dada no gu na medi m’awofoɔ ni sɛnea asɛm a ɛwɔ Efesofoɔ 6:2, 3 kyerɛ no. Afei deɛ, na metumi hu sɛ mewɔ anigyeɛ ankasa, na memaa me papa ne me maame nso akoma tɔɔ wɔn yam; wɔanni me ho awerɛhoɔ bio!”

Hilton asɛm yi ma yɛhu sɛ mfasoɔ wɔ Bible so na ɛtumi sesa nnipa koraa! (Hebrifoɔ 4:12) Ɛnneɛ, ɔkwan bɛn so na Bible bɛtumi aboa ma yɛadi nokorɛ wɔ yɛn asetena ne yɛn awareɛ mu, yɛanya ahosodie, na yɛada ɔdɔ adi? Yɛbɛhu wei wɔ nsɛm a ɛdidi so no mu.

WOHWƐ A BIBLE BERƐ ATWAM?

Kɔmputa dada ne ɛho nneɛma a ɛgu bɔɔla mu

Ebinom ka sɛ Bible berɛ atwam; ɛte sɛ kɔmputa dada bi ho nwoma. Nanso obi ka saa a, na ɔnnim nea ɔreka; na ɔretu mfuturo agu nkurɔfoɔ ani. Efisɛ kɔmputa ba nnɛ, ɔkyena na atwam, enti ɛho nwoma nso twam. Nanso nnipa awosu nsesa. Wo deɛ yɛnhwɛ, ɛfiri yɛn nananom pɛn so nyinaa nnipa hwehwɛ ɔdɔ, na wɔpɛ nokorɛdie ne ayamye, na wɔkyi ɔtan, atirimɔden, ne awaresɛeɛ. Enti sɛ yɛreka awosu paa a, “ade foforɔ biara nni owia ase.”​—Ɔsɛnkafoɔ 1:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena