Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/15 kr. 8-9
  • Mongolia Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mongolia Nsrahwɛ
  • Nyan!—2015
Nyan!—2015
g 7/15 kr. 8-9
Mongoliafo bi a wɔte wɔn dan anim

NSASE NE NNIPA

Mongolia Nsrahwɛ

Asase mfoni a ɛkyerɛ baabi a Mongolia wɔ

ƆSAHENE kokodurufo bi a ɔde Genghis Khan na ɔkyekyee Mongol Ahemman no wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe 1,200. Ná Mongol Ahemman no sõ, nanso ɛnnɛ ne fã bi pɛ na aka a wɔfrɛ no Mongolia, na ɛhyɛ Russia ne China ntam. Yɛreka aman a wɔn asase so na emu nnipa sua a, Mongolia ka ho.

Mongolia asase no fã bi yɛ ɛsrɛ a ɛda hɔ yantam. Baabi nso yɛ mmepɔwmmepɔw ne nsuo nsuo. Gobi Anhweatam no da ɔman no anafo fam. Ɛhɔ agye din paa, efisɛ nkurɔfo kɔ hɔ kɔhwɛ dinosaur nnompe. Mongoliafo frɛ wɔn man no “Owia Asase.” Edin yi fata no efisɛ anyɛ yie koraa no afe mu no nyinaa, owia tumi bɔ nnafua mmaako mmaako 250 ma ewim te nwann!

Ɔsebɔ

Ɔsebɔ

Mongolia yɛ baabi a sɛ owia sɔ mu sɛ ɛrebɔ a ɛnyɛ agorɔ, na awɔ nso ba a, ɛkyɛn frigye mu. Wokyɛ Mongoliafo mu mmiɛnsa a, emu baako yɛn mmoa, enti wɔtaa di atutena. Wɔsɔre anɔpa paa kɔkyĩ nnwan, nantwi, yoma, ne pɔnkɔ nufosuo. Nufosuo mpa Mongoliafo aduane mu. Ɛnam a wɔpɛ paa ne dwanam.

Aaruul a wɔahata

Nufusuo a akyen (aaruul); wɔahata wɔ awia mu

Mongoliafo pɛ ahɔhoyɛ paa. Daa na wɔabue wɔn apon ato hɔ, na sɛ ɔkɔm de ɔhɔhoɔ bi a, ɔtumi man fa hɔ kɔpɛ biribi di gye n’ahome. Wɔnya ɔhɔhoɔ a, wɔtaa yɛ tii de nkyene kakra tom ma no.

Wokɔ Mongolia a, Buddhasom agye ntini wɔ hɔ. Afei wobɛhu shamansom, Nkramosom, ne Kristo som nso wɔ hɔ. Nanso nnipa pii nkɔ asɔre biara. Yehowa Adansefo bɛboro 350 na wɔwɔ Mongolia, na wɔne nnipa bɛboro 770 sua Bible.

Yoma a wɔso nnesoa

Wɔtaa de yoma fa nneɛma wɔ awɔ bere mu mpo

ƆMAN NO HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: 2,713,000

  • Ahenkuro: Ulaanbaatar

  • Kasa titiriw: Mongolia kasa, Russia kasa, ne Turkic kasa

  • Nneɛma a wɔkɔtɔn wɔ amannɔne: Kɔbere, biriw (coal), sika kɔkɔɔ, ne nnwan nwi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena