Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/15 kr. 12-13
  • Nicaragua Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nicaragua Nsrahwɛ
  • Nyan!—2015
Nyan!—2015
g 9/15 kr. 12-13
Ometepe yɛ supɔ a Lake Nicaragua atwa ho ahyia

Ade titiriw baako a ɛwɔ Lake Nicaragua so ne Ometepe supɔ no. Ɛyɛ asase fɛfɛ a ogya mmepɔ akɛse mmienu sisi so

NSASE NE NNIPA

Nicaragua Nsrahwɛ

Nicaragua map

NKURƆFO taa ka sɛ wopɛ baabi a tadeɛ ne ogya bepɔ dɔɔso a, kɔ Nicaragua. Ɛhɔ na tadeɛ a ɛso sen biara wɔ Central America wɔ. Wɔfrɛ no Lake Nicaragua. Ɛhɔfo frɛ no Cocibolca, a ɛkyerɛ “Ɛpo Dɛdɛ.” Nsupɔ pii wɔ tadeɛ yi so, na sɛ woyi ɛpo si nkyɛn a, tadeɛ yi nkutoo ne baabi a wobɛhu po mu nam te sɛ oboodede, yaa anofeaa, ne ahenemma-nni.

Sacuanjoche nhwiren yɛ Nicaragua man no ahyɛnsode

Nicaraguafo bu sacuanjoche (frangipani) nhwiren yi sɛ ɔman no ahyɛnsode

Mmeae a ate ne ho paa wɔ Central America no baako wɔ Nicaragua. Ɛno ne Mosquito Coast. Ɛyɛ asase teaa bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 65, na ne fã bi didi kɔ Honduras man mu. Miskitofo (anaa Mosquitofo) yɛ nkurɔfo a wɔn ase fi Nicaragua ankasa. Nokwasɛm ne sɛ na wɔwɔ hɔ ansa na Europa aborɔfo no reba ɔman no mu bɛyɛ mfe 500 ni.

Miskitofo ne wɔn ho wɔn ho ka paa, na wɔmfa wɔn amammerɛ nni agorɔ. Nhwɛso bi ni: Miskitofo nni abodin te sɛ “Mister” anaa “Miss” a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no. Sɛ wokɔ nkuraase a, abofra hu panin biara a, ɔfrɛ no “Papa” anaa “Maame”; sɛ ɔyɛ ne busuani oo, ɔnyɛ ne busuani oo, saa na ɔbɛfrɛ no. Miskitofo amanneɛ baako ne sɛ, sɛ ɔbaa hu n’adamfo anaa ne busuani na ɔrekyia no a, ɔde n’afono tare ne yɔnko no deɛ ho, na watwe mframa akɔ ne mu.

Nicaragua man mma

Kurommafoɔ

Nwoma a yɛde sua Bible wɔ Mayangna ne Miskito kasa mu

Nwoma a yɛde sua Bible a Yehowa Adansefo ayɛ wɔ Mayangna ne Miskito kasa mu

ƆMAN NO HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: 6,176,000

  • Kasa titiriw: Spanish. Nanso wɔka kasa ahorow te sɛ Miskito, Mayangna, Rama ne Creole Borɔfo

  • Aban: Dodow Amammu

  • Ahenkuro: Managua

  • Ewiem tebea: Nsuo tɔ na awia nso bɔ wɔ hɔ, na mmepɔ so yɛ nwunu

  • Asase: Asase no fã kɛse no ara yɛ mmepɔ mmepɔ, na ebi nso yɛ asasetamaa a ɛda mpoano

SƆ W’ADWENE HWƐ

Nsɛm a ɛdidi so yi fa Nicaragua ho. Bua sɛ ampa anaa atoro:

  1. Ɔhene bi tenaa ase tete a ɔde Nicarao, na ne din no mu na wɔnyaa Nicaragua.

  2. Nicaragua nkutoo ne ɔman a ɛwɔ Latin America a Spainfo ne Britainfo nyinaa dii wɔn so.

  3. Mfe bi a atwam no, na akorɔmfo de suhyɛn fi Caribbean bɛwia nkurɔfo a wɔtete Lake Nicaragua mpoano.

  4. Sɛ yɛhwɛ nnipa a wɔwɔ Nicaragua ne asase no kɛse a, yɛbɛtumi aka sɛ ɛno ne Central America man a nnipa nkyeree so kɛse.

Mmuaeɛ: Ne nyinaa yɛ ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena