Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 12/15 kr. 14
  • Nea ɛrekɔ so wɔ Europe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea ɛrekɔ so wɔ Europe
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akokoaa te ne Maame Nne a, Ɛboa no Sɛn?
  • Wopɛ Wo ho Dodo?
  • Wɔanyini Paa Nanso Wɔmpɛ sɛ Wɔwu
  • Tete Wo Ba Ma Onnwen Nnipa Ho Wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu
    Nyan!—2013
  • Awofo​—Munnu Mo Ba Komam Fi Ne Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Nea Mmofra Hia ne Nea Wɔpɛ
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 12/15 kr. 14
Maame bi regyegye ne ba agorɔ

WIASE NSƐM

Nea Ɛrekɔ So Wɔ Europe

Kane no, na nnipa a wɔwɔ Europe ani gye nyamesom ho paa, nanso nnansa yi deɛ wɔn mu dodo no ara mfa nyɛ hwee. Wei nyinaa akyi no, sɛ wote sɛnea nnipa a wɔwɔ Europe ka Bible ho asɛm nnansa yi a, ɛbɛyɛ wo nwonwa.

Akokoaa te ne Maame Nne a, Ɛboa no Sɛn?

Nyansahufo bi a wɔwɔ Italy kuro Milan kyerɛ sɛ, ɛyɛ a adɔkotafo de afidie bi bɔ mmofra a wɔn bere anso na wɔwoo wɔn no nsa bere a wɔwɔ ayaresabea no. Saa afidie no ma mmofra no tumi te wɔn maame nne, na ɛboa wɔn akwahosan paa. Afidie no ma mmofra no te wɔn maame nne te sɛ nea wɔda yafunu mu ara pɛ. Nyansahufo no wiee wɔn asɛm no sɛ, “Sɛ mmofra a wɔn bere anso na wɔwoo wɔn no te wɔn maame nne saa a, ɛboa wɔn paa.”

NEA BIBLE NO KA: “Madwodwo me kra, na ayɛ komm te sɛ abɔfra a afei na watwa nufoɔ a ɔda ne maame soɔ.”​—Dwom 131:2.

Wopɛ Wo ho Dodo?

Wɔbisabisaa mmofra 565 nsɛm wɔ Netherlands. Wɔhuu sɛ mmofra a wɔpɛ wɔn ho paa na wɔsusu sɛ “wɔkyɛn obiara no yɛ wɔn a wɔn awofo ama atɔ wɔn tirim sɛ wɔn so wɔ mfaso kyɛn wɔn mfɛfo” enti ɛnsɛ sɛ awofo no ma “biribiara hia wɔn.” Nea ɔkyerɛw saa asɛm no kaa sɛ, “Sɛ awofo ka kyerɛ wɔn mma sɛ wɔkyɛn afoforo a, mmofra no gye di. Sɛ mmofra yi de saa nyini a, ɛremmoa wɔne afoforo.”

NEA BIBLE NO KA: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ɔmmmu ne ho nntra deɛ ɛsɛ; na mmom ɔnnwene nnya anidahɔ adwene.’​—Romafoɔ 12:3.

Wɔanyini Paa Nanso Wɔmpɛ sɛ Wɔwu

Nhwehwɛmufo bi a wɔwɔ Heidelberg Suapɔn mu wɔ Germany bɔɔ amanneɛ sɛ, “Yareɛ ne honam mu mmerɛwyɛ nyinaa akyi no, nnipa a wɔadi mfe 100 ne akyi mpɛ sɛ wɔwu. Nnipa a wɔbisabisaa wɔn nsɛm no, woyi 4 biara a, emu 3 bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho so yie na ama wɔatena ase akyɛ. Wɔde nneɛma sisii wɔn ani so yɛɛ ho adwuma; wɔkyerɛɛ sɛ wɔwɔ anidaso na wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Afei nso wɔbɔ bra pa.

SUSU HO: Sɛnea Ɔsɛnkafoɔ 3:11 ka no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa no kyerɛ sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena