Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Abusua mu Ntɔkwa—Dɛn na Ɛde Ba?
    Nyan!—2015 | December
    • Awofo bi reko na ama wɔn mma ayɛ basaa

      ASƐM A ƐDA SO | MA ASOMDWOE NTENA WO FIE

      Abusua Mu Ntɔkwa​—Dɛn na Ɛde Ba?

      ƆBAA warefoɔ bi a ɔde Saraha wɔ Ghana; waware mfe 17 ni. Ɔkaa sɛ: “Me ne me kunu Jacob taa ko sika ho.” Ɔkyerɛɛ mu sɛ, “Meyɛ nneɛma pii de boa abusua no, nanso me kunu ne me mmɔ yɛn sikasɛm ho nkɔmmɔ, enti me bo taa fu no. Yɛtumi tena fie hɔ nna pii a obiara nkasa ne yɔnko ho.”

      Ne kunu Jacob nso kaa sɛ: “Ampa, ɛtɔ da a yɛn bo fu ma yɛtutu bi ma yɛn ho. Yɛntaa nte yɛn ho ase, na yɛntaa mmɔ nkɔmmɔ papa biara. Enti ɛreyɛ ara ni na yɛasɔ ntɔkwa mu. Ɛtɔ da nso a, nea ɛde ba ne sɛ yɛhaahaa yɛn ani wɔ nsɛm bi ho dodo.”

      Ɔbarima bi a ɔde Nathan nso wɔ India. Nnansa yi ara na ɔreware. Ɔkaa sɛ bere bi n’ase barima teateaam guu n’asebaa so maa maame no bu fuu paa ma enti ɔtu fii fie hɔ. “Mebisaa m’ase barima nea enti a ɔyɛɛ saa, nanso asɛm no anyɛ no dɛ. Ɔfaa no sɛ makasa atia no. Afei ɔde n’anibere soɛɛ yɛn a yɛaka wɔ fie hɔ nyinaa so.”

      Ebia wo nso, woahu sɛ, sɛ obi annya abotare na ɔka nsɛm a ɛyɛ ya a, ɛtumi de ntɔkwa ba abusua mu. Ɛtɔ da a, asɛm a wo ne obi reka no bɔkɔɔ no, wobɛhu ara na adane akasakasa wɔ mo ntam. Ɛwom, obiara ano tumi pa, enti ɛnyɛ den sɛ wobɛgye obi ano asi bɔne anaa wobɛdwene sɛ ɔwɔ wo ho adwemmɔne. Nanso wei nyinaa akyi, yɛbɛtumi atena ase asomdwoe ne baakoyɛ mu.

      Sɛ akasakasa sɔre wɔ w’abusua mu a, dɛn na wobɛyɛ? Nneɛma bɛn na wobɛyɛ ama asomdwoe asan aba abusua mu na obiara ho atɔ no? Dɛn na mmusua nyinaa bɛtumi ayɛ ama asomdwoe atena wɔn ntam? Yɛsrɛ wo, toa akenkan no so.

      a Yɛasesa din no bi.

  • Wobɛyɛ Dɛn Ama Abusua Mu Ntɔkwa Atwa?
    Nyan!—2015 | December
    • Awarefoɔ bi rekasa, na ɔbarima no ayɛ dinn retie ne yere

      ASƐM A ƐDA SO | MA ASOMDWOE NTENA WO FIE

      Wobɛyɛ Dɛn Ama Abusua Mu Ntɔkwa Atwa?

      SƐ W’ABUSUA mu nwo nso ɛ? Ebia nnansa yi motaa ko, na mosɔ ntɔkwa mu nso a, montwa so da. Sɛ yɛbisa nea ɛkɔfa baeɛ a, ebia worentumi nkyerɛ mpo. Ne nyinaa akyi, ɔdɔ a mowɔ ma mo ho nti obiara mpɛ sɛ ɔyɛ adeɛ ma ɛyɛ ne yɔnko ya.

      Ɛhia sɛ wokae sɛ sɛ mo adwene nhyia a, ɛnkyerɛ sɛ mo abusua no regyigya. Akasakasa deɛ, ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛba, nanso sɛ asomdwoe bɛtena fie a, ɛgyina sɛnea mobɛyɛ mo adeɛ so. Yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛbɛtumi ama ntɔkwa atwa wɔ fie.

      1. MFA BƆNE NTUA BƆNE SO KA.

      Ɛnyɛ ɔbaakofoɔ na ɛko, nanso sɛ abufuo ba na baako ansosɔ so a, ɛnkyɛ na abrɛ ase. Bɔ mmɔden sɛ obi yɛ wo biribi wɔ fie a, worenyɛ no bi ntua ka. Sɛ woanhyɛ wo ho so a, wobɛgu wo ho anim ase. Ma ɛntena w’adwene mu sɛ, asomdwoe wɔ fie a, ɛyɛ sen sɛ wobɛte nka sɛ wadi bem.

      “Sɛ nnyina nni hɔ a, egya dum, na sɛ dinsɛefoɔ nni hɔ a, ntɔkwa to twa.”​—Mmebusɛm 26:20.

      2. TE ONIPA NO ASE.

      Sɛ obi yɛ biribi ma no ha wo, na sɛ ɔrekyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa a, tie no, ɛntwa n’ano. Nnya adwene nso sɛ ɛyɛ no anidaho. Woyɛ saa a, ɛrenyɛ den sɛ mobɛsiesie mo ntam. Nnwene mma no, na mmom hu sɛ wanhyɛ da. Mfomsoɔ wɔ nnipa ho, enti sɛ obi fom wo a, kae sɛ ɔnyɛ pɛ. Ebia wannwene ho sɛ nea ɔyɛeɛ anaa nea ɔkaeɛ no bɛha wo.

      “Monhyɛ ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ.”​—Kolosefoɔ 3:12.

      3. ASƐM BA A NYA ABOTARE.

      Sɛ obi yɛ wo adeɛ ma wo bo fu a, ɛbɛyɛ papa sɛ worenkasa na mmom wobɛyɛ dinn afi hɔ kakra. Wobɛtumi akɔhyɛ dan foforo mu anaa woapue akɔ abɔnten ama wo bo adwo. Wei nkyerɛ sɛ wo ne onipa no bɛyɛ aka. Mmom, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɔ mpaeɛ saa bere yi na wosrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo abotare, nhumu ne ntease.

      “Ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.”​—Mmebusɛm 17:14.

      4. HWƐ W’ANO KASA YIE.

      Sɛ wotutu nsɛm bumbum a, ɛremmoa. Enti ka nsɛm a ɛyɛ dɛ, na ɛbɛma onipa a wo ne no anya asɛm no koma atɔ ne yam. Sɛ́ anka wobɛdwene ama no no, ma no kwan ma ɔnka sɛnea ɔte nka nkyerɛ wo.

      “Ɛwɔ deɛ ɔtu nsɛm bumbum sɛ nkrantɛ a ɛwowɔ, na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.”​—Mmebusɛm 12:18.

      5. MA WO NNE MMRA FAM NA KASA BƆKƆƆ.

      Sɛ wo kunu anaa wo yere annya nneɛma ho abotare a, ɛbɛtumi de abufuo aba. Sɛ asɛm no ha wo sɛ dɛn mpo a, bɔ mmɔden sɛ worennidi no atɛm. Nka nsɛm a ɛyɛ ya te sɛ “wonnwene me ho” anaa “nea mɛka biara wontie.” Mmom, to wo bo ase ma ɔnhu sɛ nea ɔyɛeɛ no aha wo. Wobɛtumi aka sɛ, “Woyɛ sɛɛ ne sɛɛ a, ɛha me paa.” Mpia no, mmɔ no, ntu wo nan nwɔ no, na ɛnyɛ biribiara mma no mpira. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ woka sɛ ɔyɛ ɔkwadwofo anaa otirimɔdenfo. Afei nso mpoopoo w’ani nkyerɛ no na nka nsɛm a ɛbɛma ne koma atu.

      “Momma wɔnyi menasepɔ nyinaa ne abufuo ne bobɔne ne nkekamu ne kasatia mfiri mo mu, ɛne adebɔne biara.”​—Efesofoɔ 4:31.

      6. PA KYƐW NTƐM NA KA NEA WOBƐYƐ DE ASIESIE ASƐM NO.

      Asomdwoe na worehwehwɛ, enti sɛ wo bo fu a, hwɛ na woanyɛ biribi a ɛbɛsɛe asɛm no. Kae sɛ sɛ moko a, mo nyinaa na mobrɛ. Sɛ mosiesie mo ntam a, mo nyinaa na mo ho tɔ mo. Ntɔkwa ba a, mmu wo ho bem. Sɛ w’adwene yɛ wo sɛ w’asɛm yɛ dɛ mpo a, wobɛtumi apa kyɛw sɛ wo bo fuiɛ anaa woyɛɛ biribi maa abufuo no baeɛ. Nnyɛ ahomaso, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ woma w’asɛm yɛ dɛ; ne nyinaa sɛe asomdwoe. Sɛ obi fom wo na ɔpa kyɛw a, nyɛ w’asɛm dendeenden; fa kyɛ no.

      “Kɔbrɛ wo ho ase, kɔ na kɔdwan wo yɔnko no ho.”​—Mmebusɛm 6:3.

      Sɛ akasakasa no twa a, dɛn na mobɛtumi ayɛ ama asomdwoe atena fie? Yɛbɛka ho asɛm wɔ asɛm a ɛdi hɔ no mu.

  • Nea Ɛbɛma Asomdwoe Atena Fie
    Nyan!—2015 | December
    • ASƐM A ƐDA SO | MA ASOMDWOE NTENA WO FIE

      Nea Ɛbɛma Asomdwoe Atena Fie

      WOHWƐ a, Bible bɛtumi aboa ama asomdwoe atena fie? Wodeɛ fa nea Bible aka no toto nea nkurɔfo aka sɛ aboa wɔn no ho. Hwɛ nsɛm a ɛwɔ ha yi na fa nea ɛbɛma ntɔkwa atwa wɔ w’abusua mu yɛ adwuma.

      BIBLE MU NSƐM A ƐMA ASOMDWOE

      ƐSƐ SƐ OBIARA NYA NE YƆNKO HO ADWEMPA.

      Abusua bi regye wɔn ani wɔ mpoano

      “Mommfa mansotwe anaa animuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom momfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo; na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara mo ho, na mmom monhwɛ deɛ ɛfa afoforɔ ho nso bi.”​—Filipifoɔ 2:3, 4.

      “Yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ wobu wo kunu anaa wo yere sen wo ho anaa obi foforo biara.”—C. P., waware mfe 19.

      SƐ OBI REKASA A, FA ADWEMPA TIE NO.

      “Kɔ so kae wɔn . . . wɔnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ; wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase, na wɔnnwo koraa mma nnipa nyinaa.”​—Tito 3:1, 2.

      “Sɛ woto wo bo ase ne wo kunu anaa wo yere kasa a, ɛbɛma abufuo to atwa. Sɛ ɔrekasa a tie no; nnya ne ho adwemmɔne. Ɔka biribi na wo ne no nyɛ adwene mpo a, wo deɛ tie.”​—P. P., waware mfe 20.

      NYA ABOTARE NA DA ƆDWOƆ ADI.

      “Ntoboaseɛ na wɔde dane ɔsahene ti, na ɔdwoɔ kɛtrɛma tumi bu dompe mu.”​—Mmebusɛm 25:15.

      “Ntɔkwa deɛ ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛba, nanso nea mobɛyɛ wɔ ho ne asɛm no. Ɛsɛ sɛ yɛnya abotare paa. Sɛ yɛnya abotare a, ɛboa ma asomdwoe ba.”​—G. A., waware mfe 27..

      ƐNSƐ SƐ MODIDI MO HO ATƐM ANAA OBI TENE NE NSA WƆ NE YƆNKO SO.

      “Monyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuo, nnebɔne, kasatia; na mommma kasafĩ mmfiri mo anom mmpue.”​—Kolosefoɔ 3:8.

      “Me kunu wɔ abotare paa, enti m’ani gye ne ho. Ɔnteatea me na ɔnni m’atɛm nso.”—B. D., waware mfe 20.

      ƐSƐ SƐ MOYƐ NTƐM DE BƆNE KYƐ NA MOSIESIE MO NTAM.

      “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora.”​—Kolosefoɔ 3:13.

      “Sɛ wo bo fu a ɛyɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so, na anhwɛ a wobɛka biribi ama aha wo hokafo. Ɛba saa a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wode bɔne bɛkyɛ. Sɛ awarefo ntumi mfa bɔne nkyɛ a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔn aware bɛsɔ.”​—A. B., waware mfe 34.

      ƐSƐ SƐ OBIARA YI NE YAM KYƐ NE YƆNKO ADEƐ.

      “Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo. . . . Na susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”​—Luka 6:38.

      “Me kunu nim nea mepɛ, na ɔtaa kyɛ me adeɛ paa. Enti me nso ɛyɛ a mepɛ sɛ meyɛ biribi ma n’ani gye. Efi bere a yɛwaree bɛsi nnɛ, yɛtaa sere paa.”​—H. K., waware mfe 44.

      YƐ WO FAM DEƐ; ƐMMA W’ABAM MMU

      Bible aboa nnipa bebree ama wɔanya suban pa, na ama asomdwoe aba wɔn fie.a Wɔn mu kakraa bi na Nyan! kyerɛwfo bisabisaa wɔn nsɛm. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ obi wɔ abusua mu na ɔtaa yɛ nneɛma a ɛsɛe abusua no asomdwoe mpo a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn fam deɛ, na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Bible ka sɛ: “Asomdwoeɛ ho afotufoɔ di ahurisie.”​—Mmebusɛm 12:20.

      a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no ti 14. Yehowa Adansefo na wɔtintimii. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw. Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena