Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 1 kr. 10-11
  • Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Asɛe Wo Ne Wo Nnamfo Ntam?
    Nyan!—2021
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?
    Nyan!—1996
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 1 kr. 10-11
Mmerante mmienu redi nkɔmmɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa

ƆHAW NO

Mmerante mmienu gyina ɛtwene bi ano

Abɛɛfo mfiri adaworoma, seesei yɛne nkurɔfo pii tumi di nkitaho a yɛmmrɛ koraa. Kan no na ɛnte saa. Nanso ebia woahyɛ no nso sɛ wɔn a wo ne wɔn di nkitaho no nhyɛ da nyɛ wo nnamfo paa. Eyi nti aberante bi kaa sɛ: “Mefa adamfo a, enni nna na agye agu. Nanso me papa wɔ nnamfo bi a ɔne wɔn bɔe akyɛ paa!”

Ɛrekame ayɛ sɛ nnansa yi ɛyɛ den sɛ wubenya nnamfo pa. Adɛn ntia?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Abɛɛfo mfiri nso ka ho bi. Text message ne Intanɛt so nkitaho ama no ayɛ sɛ wubetumi afa obi a ɔmmɛn wo adamfo ama no ayɛ yiye. Eyi ama ayɛ den sɛ wubenya obi ne no atena hɔ abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran. Nhoma bi a wɔato din Artificial Maturity kaa sɛ ɛnnɛ, “nkurɔfo ntaa nhyia mmɔ nkɔmmɔ. Sukuufo bebree nnya bere ne wɔn mfɛfo mmɔ. Nea wonim ara ne sɛ wɔbɛtena kɔmputa akyi anaa wobemiamia fon so.”

Ɛtɔ da a abɛɛfo mfiri betumi ama woahu obi sɛ w’adamfo paa, nanso na ɛnte saa. Aberante bi a ɔde Briana adi mfe 22. N’asɛm ne sɛ: “Nnansa yi, mibehuu sɛ me nko ara na mekyerɛw nsɛm mane me nnamfo. Enti meyɛɛ sɛ mɛgyae ahwɛ wɔn a wobebisa me nso m’ase. Asɛm no ne sɛ, wɔn mu kakraa bi pɛ na ɛyɛɛ saa. Eyi ama mahu sɛ wɔn mu pii nhu me sɛ wɔn adamfo sɛnea na misusuw no.”

Nea yɛreka yi kyerɛ sɛ Intanɛt anaa fon ntumi mmoa mma adamfo nsɔ anaa? Ebetumi aboa paa. Sɛ mutumi hyia di mo ho nkɔmmɔ a, ɛnde Intanɛt betumi ahyɛ adamfofa no mu den. Nanso, nokware a ɛwom ara ne sɛ saa mfiri yi nko ara ntumi mmoa mma yɛne nkurɔfo mmɔ papee.

NEA WUBETUMI AYƐ

Yɛka adamfo a, hu nea ɛkyerɛ. Bible ka adamfo ho asɛm sɛ obi a “ɔfam ho sen onua.” (Mmebusɛm 18:24) Saa adamfo no bi na wopɛ anaa? Wo nso ɛ? Woyɛ adamfo pa? Mpere wo ho nyi nsɛmmisa yi ano. Di kan kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a wopɛ sɛ wuhu no wo nnamfo ho. Afei, kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a ɛma wo nso woyɛ adamfo pa. Wuwie a, bisa wo ho sɛ: ‘Nnipa a me ne wɔn di nkitaho wɔ fon anaa Intanɛt so no, wɔn mu sɛn na wɔyɛ nea mepɛ? Me nso, ɛdɛn na ɛma wohu sɛ meyɛ adamfo pa?’​—Bible mu asɛm: Filipifo 2:4.

Di nneɛma a ɛho hia akyi. Wo ne obi redi nkitaho wɔ Intanɛt anaa fon so a, nneɛma a mo ani gye ho na motaa ka ho asɛm. Ebia mo nyinaa mo ani gye bɔɔl anaa agodi foforo bi ho. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia paa sen sɛ mo ani begye biribi ho kɛkɛ. Leanne yɛ ababaa a wadi mfe 21. Ɔkaa sɛ, “Minni nnamfo pii, nanso kakra a mewɔ no boa me ma minya suban pa.”​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 13:20.

Tutu wo nan kɔ wo nnamfo nkyɛn. Biribi foforo biara nni hɔ a ɛyɛ anigye sen sɛ nnamfo ahyia rebɔ nkɔmmɔ, na obiara ani tua ne yɔnko na ɔte ne nne na ohu ne yɛbea.​—Bible mu asɛm: 1 Tesalonikafo 2:17.

Kyerɛw krataa kɔma wo nnamfo. Ebia obi bɛka sɛ bere a na yɛkyerɛw krataa no atwam, nanso wokyerɛw krataa kɔma obi a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wudwen ne ho paa. Ɛnnɛ wiase a nnipa nnya wɔn ho twabere yi, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛfa pɛn akyerɛw krataa akɔma n’adamfo. Sherry Turkle kaa aberante bi suahu wɔ ne nhoma a wɔato din Alone Together mu. Aberante no kaa sɛ efi ne nkwadaaberem besi nnɛ, ɔnkae da a obi kyerɛw no krataa da. Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ, “Ɛwom sɛ bere a na nkurɔfo kyerɛw krataa mane nkurɔfo no na yɛnwoo me deɛ, nanso m’ani agyina saa bere no paa.” Adɛn nti na wonsɔ krataakyerɛw a ebinom bu no sɛ atwam no nhwɛ? Anka ɛbɛma woanya nnamfo paa.

Nea yɛreka akosi ara ne sɛ: Wo ne obi di nkitaho a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ w’adamfo. Nnamfo nya ɔdɔ, ayamhyehye, ne abotare ma wɔn ho na wɔde bɔne firi a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nnamfo paa. Eyi na ɛma adamfo gyina. Nanso wo ne obi di nkitaho wɔ Intanɛt anaa fon nko ara so a, mobɛyɛ dɛn ada saa su yi adi akyerɛ mo ho?

a Wɔasesa edin ahorow no.

KYERƐWSƐM ATITIRIW

  • “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filipifo 2:4.

  • “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”​—Mmebusɛm 13:20.

  • “Yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yebehu mo anim.”​—1 Tesalonikafo 2:17.

Alisabel

ALISABEL

“Yɛn nyinaa hia obi a sɛ yɛn abam bu a, ɔbɛhyɛ yɛn den. Adamfo pa ne nea ɔte wo ase, na onim nea wopɛ.”

Jordan

JORDAN

“Misua no, na menka me ho nkɔ nkurɔfo ho. Saa bere no na m’ani nnye koraa. Akyiri yi, migyaee saa suban no. Worennya sɛ wowɔ adamfo a wokɔ ahokyere mu a, ɔne wo ara, wowɔ anigye mu nso a, saa ara.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena