Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 1 kr. 12-13
  • Liechtenstein Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Liechtenstein Nsrahwɛ
  • Nyan!—2016
Nyan!—2016
g16 nɔma 1 kr. 12-13
Ɛtwene bi a wɔakuru so wɔ Liechtenstein

NSASE NE NNIPA

Liechtenstein Nsrahwɛ

Map bi a ɛkyerɛ sɛ Liechtenstein wɔ Switzerland ne Austria ntam

YƐKA aman nketewa a ɛwɔ wiase a, Liechtenstein ka ho bi. Ɛwɔ mmepɔw a ɛwɔ Switzerland ne Austria ntam. Mfe pii ni na Celtfo, Rhaetiafo, Romafo, ne Alemannifo atena ɔman yi mu. Ɛnnɛ, sɛ yɛkyɛ nnipa a ɛwɔ Liechtenstein man no mu mmiɛnsa a, emu mmienu yɛ Alemannifo. Wɔatena ɔman no mu bɛyɛ mfe 1,500 ni.

Kasa titiriw a wɔka no Liechtenstein man mu ne German kasa, nanso wokɔ mmeae ahorow a, ɛsono kasa a obiara ka. Wɔn aduan paa ne Tüarka-Rebel ne Käsknöpfle. Wɔde aburow na ɛyɛ Tüarka-Rebel, na Käsknöpfle nso, wɔde kyiisi ne taalia na ɛyɛ.

Aduan mmienu a Liechtensteinfo pɛ paa

Käsknöpfle

Maame bi ne abaayewa bi hyɛ Liechtensteinfo ntade fɛfɛ

Wɔn ntade

Nkurɔfo kɔ ɔman no mu kɔhwehwɛ mmepɔw a asukɔkyea atɔ agu so ama ayɛ fitafitaa, nsase a ɛyɛ fɛ, bobe nturo ne afifide ahorow. Afei nso nhwiren ahorow ahorow a ɛyɛ fɛ bɛyɛ 50 na ɛwɔ hɔ. Wɔwɔ baabi a wɔkora tete nneɛma so, adan akɛse a woyi sini wom ne mmeae a wɔyɛ bobesa. Eyi nti ahuhuru bere oo, awɔ bere oo, sɛ nkurɔfo redi hɔ akɔneaba ara ni.

Efi 1920 mu na Yehowa Adansefo ayɛ adwuma wɔ Liechtenstein man no mu. Seesei Yehowa Adansefo bɛyɛ 90 na ɛwɔ hɔ a wɔne nkurɔfo resua Bible.

Yehowa Adansefo ayɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bi wɔ German kasa mu. Ɛsan wɔ www.jw.org.

ƆMAN NO HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: 37,000

  • Ahenkurow: Vaduz

  • Kasa titiriw: German

  • Ɔsom: Wɔn mu dodow no ara yɛ Katolekfo

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Nsɛm yi mu nea ɛwɔ he na ɛfa Liechtenstein ho?

  1. A. Ɛka aman mmienu a enni po, na ɛsan hyɛ aman a enni po ntam no ho.

  2. B. Mmoa ahorow ahorow bɛboro 50 na ɛwɔ hɔ.

  3. D. Nnua ahorow bɛyɛ 1,600 na ɛwɔ hɔ.

  4. E. Ɛyɛ ɔman a asraafo nni mu.

Mmuae: Nneɛma nnan yi nyinaa yɛ nokware.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena