Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 2 kr. 16
  • Mmea ne Mmarima Ntam Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmea ne Mmarima Ntam Nsɛm
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • India
  • Denmark
  • United States
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Aware Pa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 2 kr. 16
Ɔbarima ne ɔbea bi anya akasakasa

WIASE NSƐM

Mmea Ne Mmarima Ntam Nsɛm

Sɛ wopɛ sɛ w’aware gyina a, wohwɛ a Bible betumi aboa wo, anaa entumi? Bible yɛ nhoma a akyɛ paa, nanso wode emu nsɛm toto nhwehwɛmu a animdefo ayɛ ho a, wo ho bedwiriw wo.

India

Mmerante ne mmabaa a wɔadi fi mfe 18 kosi 25 no mu pii susuw sɛ, sɛ ɔbea ne barima a wɔnwaree da a, “ɛnyɛ asɛm biara wɔ India” nnɛ. Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no 2014 na ɛde asɛm yi too gua. Dɔkota bi a ɔwɔ Mumbai de too Hindustan Times nsɛnkyerɛwfo anim sɛ “mmerante ne mmabaa tumi de wɔn ho hyehyɛ wɔn ho, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔware.” Ɔkaa sɛ ɔno deɛ, “sɛ ɔbarima ne ɔbea hyia dakoro anaa wɔtena hɔ sɛ mpenafo a, biribiara nkyekyere wɔn sɛ wɔnware.”

SUSUW HO: Wohwɛ a, bere bɛn paa na nkurɔfo taa nya nna mu yare anaa adwenemhaw? Bere a wɔaware anaa bere a wɔnwaree?—1 Korintofo 6:18.

Denmark

Nhomanimfo a wɔwɔ Copenhagen Suapɔn mu yɛɛ nhwehwɛmu bi, na ɛbɛtɔɔ gua sɛ sɛ obi ne n’abusuafo taa nya akasakasa a, ɛte ne nkwa so. Wɔde mfe 11 suaa nnipa bɛyɛ 10,000 ho nsɛm, na wohuu sɛ wɔn a wɔne wɔn abusuafo taa nya akasakasa no wu ntɛm sen wɔn a wɔn abusua mu dwo. Awuraa bi a ɔyɛɛ nhwehwɛmu no bi kaa sɛ, sɛ nsɛmnsɛm sɔre na wutumi siesie anaa wutumi dwudwo ano a, “ebetumi aboa ma woanyin akyɛ.”

NEA BIBLE KA: “Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ, na nhumufo honhom dwo.”—Mmebusɛm 17:27.

United States

Animdefo bi de nnipa 564 a wɔaware foforo yɛɛ nhwehwɛmu wɔ Louisiana, na wei buee nneɛma pii ani so. Wohui sɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima hyehyɛ aware na egye gu na wɔsan ka bom a, mpɛn pii no, sɛ wɔware a, akyɛ koraa mfe nnum na wɔatetew mu. Aware a ɛte saa mu nnwo; daa na egya da mu.

NEA BIBLE KA: “Nea Onyankopɔn aka abom [wɔ aware mu] no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mateo 19:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena