Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 4 kr. 12-13
  • Kyrgyzstan Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyrgyzstan Nsrahwɛ
  • Nyan!—2016
Nyan!—2016
g16 nɔma 4 kr. 12-13
Ntamadan a ɛwɔ Tash Rabat Bon mu wɔ Kyrgyzstan

Ntamadan a ɛwɔ Tash Rabat Bon mu

NSASE NE NNIPA

Kyrgyzstan Nsrahwɛ

Kyrgyzstan asase mfonini

KYRGYZSTAN yɛ kurow a mmepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi atwa ho ahyia. Ɛhyɛ Asia mfinimfini baabi. Aman a ɛne no bɔ hyeɛ ne Kazakhstan, Uzbekistan, Tajikistan, ne China. Ɔman no fã kɛse no ara yɛ mmepɔw. Tian Shan Mmepɔw a ɛtoatoam no fã a ɛware paa no wɔ Kyrgyzstan. Bepɔw no tenten yɛ anammɔn 24,406 (mita 7,439). Kwae nni ɔman no mu papa, nanso yɛka baabi a walnut nnua wɔ paa wɔ asase yi so a, Kyrgyzstan ka ho.

Yehowa Dansefo bi ne ɔbaa bi resua ade wɔ Kyrgyzstan

Yehowa Adansefo de Bible no rekyerɛkyerɛ nnipa mpempem pii wɔ Kyrgyzstan

Kyrgyzstanfo bu ade paa na wɔpɛ ahɔhoyɛ nso. Sɛ wokɔ ɔman no mu a, wuhu sɛ wodi mpanyimfo ni paa. Sɛ abofra te bɔs mu na ɔpanyin bɛforo a, ɔsɔre ma ɔtena ase. Saa ara nso na sɛ wɔte pon ho redidi a, wɔma mpanyimfo tena baabi a nidi wom paa.

Anyɛ yiye koraa no, awarefo a ɛwɔ hɔ taa wo mmiɛnsa anaa nea ɛsen saa. Sɛ kaakyire no nyin na ɔware mpo a, ɔno na ɔtaa tena fie hwɛ n’awofo wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu.

Sɛ ɔbaa yɛ abofra a, wɔkyerɛ no ofie nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ onyin na ɔkɔ aware a, ɔbɛyɛ ɔyere pa. Sɛ wonyin kakra a, wɔn ankasa tumi hwɛ fie. Sɛ ɔbaa nnya nyinii mpo a, na n’awofo afi ase retotɔ n’ayeforo ho nneɛma te sɛ ntama, kapɛt, mpasotam ne nea ɛkeka ho. Sɛ edu ayeforo da no a, ɔbarima no tua ti ade; ɛtaa yɛ sika ne ayɛmmoa.

Sɛ wɔreyɛ ayi anaa wɔrehyɛ fã bi a, wokum oguan anaa pɔnkɔ. Wogua nnam no, na wɔkyekyɛ ma nnipa pɔtee bi. Mfe a obi adi anaa nkɔso a wanya wɔ asetena mu no na ɛbɛkyerɛ nea obenya. Sɛ wɔrekyekyɛ nnam no saa a, wɔkyerɛ ampa sɛ wobu ade. Ɛno akyi no, wɔkyekyɛ wɔn aduan a wɔfrɛ no beshbarmak. Ɛyɛ aduan a wɔn ani gye ho paa; wɔde wɔn nsa na edi.

Aberante bi rebɔ sanku a wɔfrɛ no komuz

Komuz yɛ sanku a agye din paa wɔ hɔ

ƆMAN NO HO NSƐM

Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?

Yehowa Adansefo ayɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no wɔ Kirghiz kasa mu. Ɛsan wɔ www.jw.org/tw

  • Emu nnipa dodow: 5,776,000

  • Ahenkurow: Bishkek

  • Kasa titiriw: Kirghiz, Russia kasa

  • Nneɛma a wɔkɔtɔn wɔ amannɔne: Asaawa, nguan nhwi, sika kɔkɔɔ, mercury, uranium

  • Ɔsom: Wɔn mu dodow no ara yɛ Nkramofo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena